-
2 Ahemfo 24:15, 16Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
15 Enti ɔde Yehoiakin+ kɔɔ Babilon,+ na ɔhene maame, ɔhene yerenom, ne n’ahemfie mpanimfoɔ ne asaase no so atitire nso, ɔde wɔn nyinaa firii Yerusalem kɔɔ Babilon. 16 Afei nso, Babilon hene de akatakyie no nyinaa, nnipa 7,000, ne adwumfoɔ ne atomfoɔ* 1,000 kɔɔ Babilon; ná wɔn nyinaa yɛ mmarima akantinka a wɔkɔ ɛko.
-
-
Yeremia 29:1, 2Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
29 Odiyifoɔ Yeremia krataa no mu nsɛm nie. Ɔsoma maa wɔde firii Yerusalem kɔmaa wɔn a wɔtuu wɔn ase kɔeɛ no mpanimfoɔ a aka, ne asɔfoɔ, ne adiyifoɔ, ne ɔmanfoɔ a na Nebukadnesar atu wɔn afiri Yerusalem kɔ Babilon no nyinaa. 2 Ɔde krataa no kɔe berɛ a Ɔhene Yekonia,+ ne ɔhemmaa,*+ ne ahemfie mpanimfoɔ, ne Yuda ne Yerusalem mpanimfoɔ, ne adwumfoɔ ne atomfoɔ* no firi Yerusalem kɔeɛ no.+
-