-
Yeremia 49:1, 2Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
49 Deɛ Yehowa aka afa Ammonfoɔ ho nie:+
“Israel nni mma mmarima anaa?
Anaa ɔnni obi a ɔbɛdi n’adeɛ?
Na adɛn nti na ne nkurɔfoɔ akɔtenatena Israel nkuro mu yi?”
2 “‘Enti hwɛ! Nna bi reba,’ Yehowa asɛm nie,
‘Na mɛma wɔate ɛko totorobɛnto* nnyegyeeɛ a ɛtia Ammonfoɔ+ kuro Raba,+
Na ɛbɛdane aboɔ asum hɔ,
Na wɔde gya bɛto ɛho nkuro mu.’
‘Na Israel bɛgye ne nkuro afiri wɔn a wɔbɛfaa ne nkuro no nsam,’+ Yehowa na aka.
-