64 “Yehowa bɛbɔ wo ahwete aman nyinaa so afiri asaase ano akɔsi asaase ano,+ na ɛhɔ na wobɛsom anyame a wo ne w’agyanom nyinaa nnim wɔn,+ anyame a wɔde nnua ne aboɔ ayɛ.
9 Baabiara a mɛhwete wɔn akɔ no,+ mɛma wɔadane biribi a ɛyɛ hu ne abusudeɛ ama asaase so ahennie nyinaa,+ na mɛma wɔn anim agu ase, na wɔde wɔn bɛbu bɛ, na wɔahwɛ wɔn asere, na wɔayɛ nnome.+