-
Numeri 3:6-8Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
6 “Fa Lewi abusuakuo+ no bra, na fa wɔn bɛgyina ɔsɔfoɔ Aaron anim, na wɔmmɛboa no.+ 7 Wɔbɛyɛ ahyiaeɛ ntomadan no ho adwuma de aboa Aaron na wɔde asom asafo no nyinaa wɔ ɔsom ntomadan no anim. 8 Wɔnhwɛ ahyiaeɛ ntomadan no mu nneɛma nyinaa so,+ na wɔnyɛ ɔsom ntomadan no ho adwuma mfa nsom Israelfoɔ no.+
-
-
1 Berɛsosɛm 9:22, 23Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
22 Wɔn a wɔyii wɔn sɛ apono ano ahwɛfoɔ a wɔhwɛ abobow ano no nyinaa yɛ 212. Wɔtenatenaa wɔn nkuro mu sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.+ Weinom na Dawid ne ɔdehwɛfoɔ Samuel+ buu wɔn anokwafoɔ na wɔde wɔn totoo adwuma ano. 23 Apono ano ahwɛfoɔ adwuma a wɔyɛ wɔ Yehowa fie,+ ntomadan fie no, wɔne wɔn mma na na wɔhwɛ so.
-