-
Hesekiel 1:3, 4Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
3 Saa berɛ no na Yehowa de n’asɛm maa ɔsɔfoɔ Busi ba Hesekiel* wɔ Kaldeafoɔ+ asaase so wɔ Asubɔnten Kebar ho; ɛhɔ na Yehowa honhom* baa ne so.+
4 Merehwɛ no, mehuu ahum kɛseɛ+ bi sɛ ɛfiri atifi fam reba. Ná mununkum kɛseɛ ne egya*+ nso repa yerɛyerɛ. Ná hann a ano yɛ den atwa ne nyinaa ho ahyia, na na biribi te sɛ sika kɔkɔɔ ne dwetɛ a adi afra+ nso wɔ gya no mu.
-