Yesaia
26 Ɛda no, wɔbɛto dwom yi+ wɔ Yuda asaase so:+
“Yɛwɔ kuro a ɛyɛ den.+
Ɔde nkwagyeɛ ayɛ n’afasuo ne n’akoban.*+
3 Wɔn a wɔde wɔn ho to wo so koraa no,* wobɛbɔ wɔn ho ban;
Wobɛma wɔn asomdwoeɛ daa,+
Ɛfiri sɛ wo na wɔde wɔn ho to wo so.+
5 Wɔn a wɔte baabi a ɛwɔ soro, kuro a ɛkorɔn no mu no, wabrɛ wɔn ase.
Wama no ahwe ase,
Wama no ahwe fam,
Wama no ahwe mfuturo mu.
6 Ɛnan bɛtiatia so,
Abrɛfoɔ nan, ahiafoɔ anammɔn.”
Ɛsiane sɛ wotene nti,
Wobɛma ɔteneneeni kwan so ada so.
8 O Yehowa, berɛ a yɛnam w’atemmuo kwan so no,
Yɛn ani da wo so.
Yɛn* ani agyina wo din ne wo nkaeɛ.*
9 Ɛduru anadwo a, me nipadua* nyinaa ani gyina wo,
Na me honhom kɔ so hwehwɛ wo;+
Ɛfiri sɛ wobu asaase atɛn a,
Asaase sofoɔ sua adetenenee.+
11 O Yehowa, woama wo nsa so, nanso wɔnhunu.+
Wɔbɛhunu sɛdeɛ wode ahokeka di ma wo man, na wɔn ani bɛwu.
Aane, wo gya bɛhye w’atamfo.
13 O Yehowa yɛn Nyankopɔn, w’akyi no, atumfoɔ bi nso adi yɛn so,+
Nanso wo nko ara na yɛbɛbɔ wo din.+
14 Wɔawuwu, na wɔrentena ase.
Wɔyɛ awufoɔ a wɔnni tumi biara; wɔrensɔre.+
Ɛfiri sɛ wode w’ani asi wɔn so
Sɛ wobɛsɛe wɔn na wɔn din ayera.
Woatrɛ asaase no ahyeɛ nyinaa mu kɔ akyirikyiri.+
16 O Yehowa, berɛ a wɔhunuu amane no, wɔdane baa wo nkyɛn;
Berɛ a wotenee wɔn so no, wɔbɔɔ mpaeɛ besebesee wɔn ano.+
Yɛmfaa nkwagyeɛ mmaa asaase no so,
Na wɔnwoo obiara sɛ ɔntena asaase no so.
19 “W’awufoɔ bɛnya nkwa.
Monsɔre na mommɔ ose,
Mo a mote mfuturo mu!+
Momfa mo ho nsie kakra
Nkɔsi sɛ abufuhyeɛ no bɛtwam.+
21 Hwɛ! Yehowa firi ne tenabea reba
Abɛma asaase no sofoɔ abu wɔn bɔne ho akonta,
Na asaase no bɛma ne mogyahwieguo ada adi
Na ɛrenkata wɔn a wɔaku wɔn no so bio.”