-
Exodus 12:22, 23Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
22 Afei momfa sommɛ* mmɔ ne mogya mu wɔ ɛsɛn mu na momfa mfa aponnwa no dua a ɛwɔ atifi ne mmienu a ɛwɔ nkyɛnkyɛn no ho. Mma obiara mmpue mmfiri ne fie kɔsi sɛ adeɛ bɛkye. 23 Ɛba saa na sɛ Yehowa bɛfa ɔman no mu kunkum Egyptfoɔ no a, ɔbɛhu mogya a ɛwɔ aponnwa no dua a ɛwɔ atifi ne mmienu a ɛwɔ nkyɛnkyɛn no ho no, na Yehowa bɛtwam wɔ saa pono no ho; ɔremma owuo* no mma mo afie mu.+
-