Dwom
Dawid dwom. Maskil.*
32 Anigyeɛ ne onipa a wɔde ne mmarato akyɛ no na wɔakata ne bɔne so.*+
3 Berɛ a memuaa m’ano no, ɛmaa mesii apini daa nyinaa, na me nnompe mu gogoeɛ.+
4 Wo nsa* yɛɛ duru wɔ me so adekyeeɛ ne adesaeɛ.+
Me mu nsuo nyinaa twee sɛdeɛ ɛhyew ma nsuo we wɔ ɔpɛ berɛ mu no. (Sela)
Mekaa sɛ: “Mɛka me mmarato akyerɛ Yehowa.”+
Na wo nso wode me bɔne ne me mfomsoɔ kyɛɛ me.+ (Sela)
Na nsuo yiri mpo a, ɛrenka no da.
Na wode ahurisie na ɛbɛtwa me ho ahyia ɛfiri sɛ mahunu nkwagyeɛ.+ (Sela)
8 Wokaa sɛ: “Mɛma woanya nhunumu na makyerɛ wo ɛkwan a fa so.+
M’ani bɛba wo so, na matu wo fo.+
9 Monnyɛ mo ho sɛ apɔnkɔ anaa mfunumupɔnkɔ a wɔnnim nyansa;+
Nnareka anaa ahoma na wɔde twe wɔn
Ansa na wɔabrɛ wɔn ho ase aba mo nkyɛn.”
11 Ateneneefoɔ, monni ahurisie wɔ Yehowa mu, na momma mo ani nnye;
Akomam teefoɔ nyinaa, monto ahurisi dwom.