Dwom
Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ. Dawid dwom.
2 Ɔyii me firii amena a emu nsuo rebu fa so
Ne atɛkyɛ kyakaa mu.
Na ɔde me nan sii ɔbotan so;
Ɔmaa me nan timiiɛ.
Nnipa pii bɛhunu deɛ Onyankopɔn ayɛ na wɔasuro,
Na wɔde wɔn ho bɛto Yehowa so.
5 O Yehowa me Nyankopɔn,
Nneɛma a woayɛ ama yɛn dɔɔso;
W’anwanwadwuma ne adwene a woadwene wɔ yɛn ho.+
Woammisa ɔhyeɛ afɔreɛ ne bɔne ho afɔreɛ.+
7 Ɛnna mekaa sɛ: “Hwɛ, maba.
Wɔatwerɛ me ho asɛm wɔ nwoma mmobɔeɛ no mu.+
9 Meka tenenee ho asɛmpa wɔ asafo kɛseɛ mu.+
Hwɛ! Merentumi nka m’ano ntom,+
O Yehowa, wonim saa.
10 Menkata wo tenenee so wɔ m’akoma mu.
Meka wo nokorɛ ne wo nkwagyeɛ ho asɛm.
Wo dɔ a ɛnni hwammɔ ne wo nokorɛdie nso, memfa nhinta wɔ asafo kɛseɛ mu.”+
11 O Yehowa, mfa wo mmɔborɔhunu nkame me.
Ma wo dɔ a ɛnni hwammɔ ne wo nokorɛdie mmɔ me ho ban daa.+
12 Mmusuo a atwa me ho ahyia no dɔɔso ara ma mentumi nkan.+
13 O Yehowa, mesrɛ wo, bɛgye me.+
Yɛ ntɛm bɛboa me, O Yehowa.+
Ma wɔn a wɔpɛ me sɛeɛ no
Mfa aniwuo nnane wɔn ho nnwane.
15 Wɔn a wɔka kyerɛ me sɛ: “Ɔtwea! Ɔtwea!” no,
Ma wɔn ho nnwiri wɔn na wɔn ani nwu.
Da biara, ma wɔn a wɔn ani gye wo nkwagyeɛ nnwuma ho no nka sɛ:
“Monkamfo Yehowa.”+
17 Me deɛ, meyɛ mmɔborɔwa ne ohiani.
Ma Yehowa ntwa n’ani mmɛhwɛ me.