Yesaia
52 O Sion,+ nyane! Nyane! Fa ahoɔden hyɛ!+
O Yerusalem, kuro kronkron, hyɛ w’ataadeɛ
fɛfɛɛfɛ no!+
Ɛfiri sɛ deɛ wɔntwaa no twetia* ne deɛ ne ho nteɛ biara renwura wo mu bio.+
2 O Yerusalem, poroporo wo ho mfuturo, sɔre na tena ase.
O Sion babaa a wɔakye wo, sane nhoma a ɛkyekyere wo kɔn no.+
3 Na deɛ Yehowa aka nie:
4 Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie:
“Me man dii kan siane kɔɔ Egypt kɔtenaa hɔ sɛ ahɔhoɔ;+
Na Asiria nso hyɛɛ wɔn so kwa.”
5 “Enti afei, deɛn na menyɛ wɔ ha?” Yehowa asɛm nie.
“Ɛfiri sɛ wɔfaa me man kwa.
Wɔn a wɔdi wɔn so no kɔ so hoahoa wɔn ho,”+ Yehowa asɛm nie.
“Na da biara da, da mũ nyinaa, wɔbu me din animtia.+
Hwɛ, ɛyɛ me a!”
7 Deɛ ɔde asɛmpa nam mmepɔ so reba no, ne nan ase yɛ fɛ dodo!+
Deɛ ɔka asomdwoeɛ asɛm,+
Deɛ ɔka adepa ho asɛmpa,
Deɛ ɔka nkwagyeɛ asɛm,
Deɛ ɔka kyerɛ Sion sɛ: “Wo Nyankopɔn abɛyɛ Ɔhene!”+
8 Tie! W’awɛmfoɔ ama wɔn nne so.
Wɔn nyinaa abom rebɔ ose,
Ɛfiri sɛ Yehowa boaboa Sion ano ba a, wɔbɛhu no pefee.*
11 Montwe mo ho, montwe mo ho, momfiri hɔ,+ mommfa mo nsa nnka biribiara a ɛho nteɛ!+
12 Na ɛnyɛ ahopopoɔ na mode bɛfiri hɔ,
Na morennwane nso.
Ɛfiri sɛ Yehowa bɛdi mo anim akɔ,+
Na Israel Nyankopɔn bɛdi mo akyi abɔ mo ho ban.+
13 Hwɛ! M’akoa+ de nteaseɛ* bɛyɛ adeɛ.
Wɔbɛma no diberɛ a ɛwɔ soro,
Wɔbɛma no gyinabea a ɛkorɔn, na wɔbɛma ne so papaapa.+
14 Nnipa pii a wɔhuu no no ho dwirii wɔn,
Ɛfiri sɛ wɔsɛee n’anim senee onipa biara deɛ,
Na wɔsɛee ne nipaban senee onipa deɛ;