Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Mmebusɛm 23
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Mmebusɛm Nwoma No Mu Nsɛntitire

    • SOLOMON MMEBUSƐM (10:1–24:34)

Mmebusɛm 23:2

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ɔkra a ne kɔn dɔ biribi.”

  • *

    Anaa “hyɛ wo ho so.”

Mmebusɛm 23:3

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “n’ahennuane.”

Mmebusɛm 23:4

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Mfa wo ho nto wo nteaseɛ so.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 28:20; Yoh 6:27; 1Ti 6:9, 10

Mmebusɛm 23:5

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Yo 2:16, 17
  • +Mme 27:24

Mmebusɛm 23:6

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “obi a ɔwɔ ani bɔne.”

  • *

    Anaa “n’ahennuane.”

Mmebusɛm 23:7

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ɔbu ho akonta wɔ ne kra mu.”

  • *

    Nt., “n’akoma nni wo ho.”

Mmebusɛm 23:9

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 9:7; 26:4
  • +Mt 7:6

Mmebusɛm 23:10

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 19:14; Mme 22:28

Mmebusɛm 23:11

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “Gyefoɔ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 22:22, 23; Dw 10:14

Mmebusɛm 23:13

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “abarimaa; ɔbabunu.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 13:24; 19:18; Efe 6:4

Mmebusɛm 23:14

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ne kra.”

  • *

    Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Mmebusɛm 23:15

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 27:11; 3Yo 4

Mmebusɛm 23:16

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “m’asaabo mu.”

Mmebusɛm 23:17

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 37:1
  • +Dw 111:10; 2Ko 7:1

Mmebusɛm 23:18

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 37:37; Mme 24:14

Mmebusɛm 23:20

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “bobesa.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 20:1; Yes 5:11; Ro 13:13; 1Pe 4:3
  • +Mme 28:7; 1Ko 10:31

Mmebusɛm 23:21

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “wɔn a wɔdidi boro so.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 21:20, 21; Mme 21:17

Mmebusɛm 23:22

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 20:12; 21:17; Mt 15:5, 6; Efe 6:1

Mmebusɛm 23:23

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “Nya.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Flp 3:7, 8
  • +Mme 4:5; 16:16

Mmebusɛm 23:26

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 107:43

Mmebusɛm 23:27

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “ɔbaa hɔhoɔ.” Hwɛ Mme 2:16.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 22:14

Mmebusɛm 23:28

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 7:10, 12; Ɔsɛ 7:26

Mmebusɛm 23:30

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “bobesa.”

  • *

    Anaa “bobesa.”

  • *

    Anaa “Wɔn a wɔhyia ka nsã a wɔafrafra hwɛ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 20:1; Efe 5:18

Mmebusɛm 23:31

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “bobesa.”

Mmebusɛm 23:32

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Ɔwɔ bi a n’ano wɔ borɔ paa.

Mmebusɛm 23:33

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ho 4:11

Mmebusɛm 23:35

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “anka me; ante me.”

  • *

    Anaa “Monsi me so.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 19:33

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Mmeb. 23:4Mme 28:20; Yoh 6:27; 1Ti 6:9, 10
Mmeb. 23:51Yo 2:16, 17
Mmeb. 23:5Mme 27:24
Mmeb. 23:9Mme 9:7; 26:4
Mmeb. 23:9Mt 7:6
Mmeb. 23:10De 19:14; Mme 22:28
Mmeb. 23:11Ex 22:22, 23; Dw 10:14
Mmeb. 23:13Mme 13:24; 19:18; Efe 6:4
Mmeb. 23:15Mme 27:11; 3Yo 4
Mmeb. 23:17Dw 37:1
Mmeb. 23:17Dw 111:10; 2Ko 7:1
Mmeb. 23:18Dw 37:37; Mme 24:14
Mmeb. 23:20Mme 20:1; Yes 5:11; Ro 13:13; 1Pe 4:3
Mmeb. 23:20Mme 28:7; 1Ko 10:31
Mmeb. 23:21De 21:20, 21; Mme 21:17
Mmeb. 23:22Ex 20:12; 21:17; Mt 15:5, 6; Efe 6:1
Mmeb. 23:23Flp 3:7, 8
Mmeb. 23:23Mme 4:5; 16:16
Mmeb. 23:26Dw 107:43
Mmeb. 23:27Mme 22:14
Mmeb. 23:28Mme 7:10, 12; Ɔsɛ 7:26
Mmeb. 23:30Mme 20:1; Efe 5:18
Mmeb. 23:33Ho 4:11
Mmeb. 23:35Ge 19:33
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
  • 29
  • 30
  • 31
  • 32
  • 33
  • 34
  • 35
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Mmebusɛm 23:1-35

Mmebusɛm

23 Sɛ wotena ase sɛ wo ne ɔhene rebɛdidi a,

Susu deɛ ɛsi w’anim no ho yie;

 2 Sɛ woyɛ obi a wopɛ aduane paa* a,

Ɛnneɛ fa sekan to wo mene mu.*

3 Mma wo kɔn nnnɔ n’aduane sɔkyee* no,

Ɛfiri sɛ ɛyɛ nnaadaa aduane.

 4 Mmiri wo mogya ani mpɛ ahonyadeɛ.+

Gyae, na da nteaseɛ adi.*

 5 Sɛ woto w’ani hwɛ ahonyadeɛ no a, worenhu,+

Ɛfiri sɛ sɛdeɛ ɛteɛ biara, ɛbɛfu ntaban te sɛ ɔkɔdeɛ na atu akɔ wiem.+

 6 Nni obi a ɔyɛ pɛpɛɛ* aduane,

Na mma wo kɔn nnnɔ n’aduane sɔkyee* no,

 7 Ɛfiri sɛ ɔte sɛ obi a deɛ wodie biara ɔbu ho akonta.*

Ɔbɛka akyerɛ wo sɛ: “Didi na nom,” nanso ɛnyɛ ne yam a.*

 8 Deɛ woadie no, wobɛfe aba,

Na kamfo a wokamfoo no nyinaa bɛyɛ kwa.

9 Nkasa ngu kwasea asom,+

Na ɔbɛbu wo nsɛm a nyansa wom no animtia.+

10 Mpiapia ɛhyeɛ a ɛwɔ hɔ firi tete no,+

Na nnidi nkɔ agyanka afuo mu.

11 Ɛfiri sɛ wɔn Kamafoɔ* no ho yɛ den;

Ɔbɛko ama wɔn na wadi atia wo.+

12 Fa w’akoma gye ntenesoɔ tom,

Na fa w’aso tie nsɛm a ɛma nimdeɛ.

13 Mfa ntenesoɔ nkame abɔfra.*+

Sɛ wode abaa hwe no a, ɔrenwu.

14 Fa abaa hwe no,

Na woagye no* afiri Adamena* mu.

15 Me ba, sɛ w’akoma hunu nyansa a,

Ɛnneɛ me ara m’akoma bɛdi ahurisie.+

16 Sɛ w’ano ka nsɛm a ɛtene a,

M’ani bɛgye wɔ me mu.*

17 Mma w’akoma ani mmmere abɔnefoɔ,+

Mmom suro Yehowa daa nyinaa.+

18 Woyɛ saa a, ɛbɛsi wo yie daakye,+

Na wɔrentwa w’anidasoɔ ntwene.

19 Me ba, tie na yɛ nyansafoɔ,

Na ma w’akoma mfa kwantenenee so.

20 Nkɔka wɔn a wɔnom nsã* pii+

Ne wɔn a wɔdi nam fuu no ho.+

21 Ɛfiri sɛ ɛbɛhia asabofoɔ ne adidifoɔ,*+

Na deɛ ɔtɔ nko no, ntomago na ɔbɛfira.

22 Tie wo papa a ɔwoo wo no,

Na mmu wo maame animtia ɛsiane sɛ wabɔ aberewa nti.+

23 Tɔ* nokorɛ, na ntɔn da,+

Tɔ nyansa ne ntenesoɔ ne nteaseɛ nso.+

24 Anigyeɛ na ɔteneneeni papa bɛnya;

Ɔba nyansafoɔ papa bɛdi ne ho ahurisie.

25 Wo papa ne wo maame bɛdi ahurisie,

Na wo maame a ɔwoo wo ani agye.

26 Me ba, fa w’akoma ma me,

Na ma w’ani nnye m’akwan ho.+

27 Na tuutuuni yɛ amena a emu dɔ,

Na ɔbaa a ne bra asɛe* yɛ abura a emu kwan sua.+

28 Ɔtetɛ te sɛ korɔmfo-werɛmfoɔ;+

Na ɔma mmarima a wɔnka nokorɛ dɔɔso.

29 Hwan na ɔwɔ amanehunu mu? Hwan na ɔwɔ ahoyera mu?

Hwan na ntɔkwa ahyɛ no ma? Hwan na ɔredi abooboo?

Hwan na wapirapira pira hunu? Hwan na n’ani ayɛ sann?

30 Ɛyɛ wɔn a wɔtena nsã* ho kyɛ;+

Wɔn a wɔkɔhwehwɛ nsã* a wɔafrafra.*

31 Nhwɛ nsã* a ani yɛ kɔɔ

Berɛ a ɛretwa ahuro wɔ kuruwa mu, na ɛkɔ yɔɔ no.

32 Ɛfiri sɛ ɛbɛwie aseɛ no, ɛbɛka te sɛ ɔwɔ,

Na ɛbɛpu borɔ te sɛ ahuritia.*

33 Wobɛhunu nneɛma wɔ w’ani so,

Na w’akoma bɛkeka nsɛnhunu.+

34 Wobɛyɛ sɛ obi a ɔda ɛpo mfimfini,

Na wobɛyɛ sɛ obi a ɔda po so hyɛn dua so.

35 Wobɛka sɛ: “Wɔbɔɔ me, nanso mante.*

Wɔhwee me, nanso manhunu.

Berɛ bɛn na mɛsɔre?+

Menyaa bio a, anka mɛnom.”*

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane