20 Nsã yɛ fɛdifoɔ,+ nsã a ano yɛ den yɛ basabasa;+
Obiara a ɔdi akyire fom kwan no, ɔnnim nyansa.+
2 Ɔhene ho hu te sɛ gyata mmobɔmu;+
Obiara a ɔhyɛ no abufuo no, ɔde ɔno ara ne nkwa di agorɔ.+
3 Ɛyɛ animuonyam ma onipa sɛ ɔbɛtwe ne ho afiri akasakasa ho,+
Na obiara a ɔyɛ kwasea deɛ, ɔde ne ho gye mu.+
4 Ɔkwadwofoɔ mfuntum asaase awɔberɛ,
Enti sɛ ɛduru twaberɛ a ɔnni hwee a, ɔbɛsrɛsrɛ adeɛ.+
5 Onipa akomam nsusuiɛ te sɛ nsuo a emu dɔ,
Nanso onipa a ɔwɔ nhunumu bɛsa.
6 Nnipa pii bɔ wɔn dɔ a ɛnni hwammɔ ho dawuro,
Nanso onipa a ɔyɛ nokwafoɔ deɛ, ne ho yɛ na!
7 Ɔteneneeni abrabɔ di mu.+
Ne mma a wɔbɛba wɔ n’akyi no ani bɛgye.+
8 Sɛ ɔhene tena ahennwa so sɛ ɔrebu atɛn a,+
Ɔde n’ani huhu asɛm so yiyi bɔne nyinaa gu.+
9 Hwan na ɔbɛtumi aka sɛ: “Mate m’akomam;+
Me ho ate afiri me bɔne ho”?+
10 Asisie nkariboɔ ne asisie susudeɛ;
Ne nyinaa yɛ Yehowa akyiwadeɛ.+
11 Abɔfra mpo, wɔde ne nneyɛɛ na ɛhu no;
Ɛno na wɔde hunu sɛ ne suban ho te, na ɛyɛ.+
12 Aso a ɛte asɛm ne ani a ɛhunu adeɛ;
Yehowa na ɔyɛɛ mmienu no nyinaa.+
13 Mma nna nnyɛ wo dɛ, anyɛ saa a, wobɛdi hia.+
Bue w’ani, na aduane bɛmee wo.+
14 Deɛ ɔretɔ adeɛ ka sɛ: “Ɛnyɛ, ɛnyɛ!”
Afei ɔfiri hɔ kɔ, na ɔhoahoa ne ho.+
15 Sika kɔkɔɔ wɔ hɔ, na ɛpo mu abohene pii nso wɔ hɔ,
Nanso ano a ɛma nimdeɛ yɛ adeɛ a ɛsom bo.+
16 Sɛ ɔbarima di agyinamu ma ɔhɔhoɔ a, gye ne ntoma;+
Sɛ ɔdii agyinamu maa ɔbaa hɔhoɔ a, ɛnneɛ gye adeɛ a ɔde sii awowa no firi ne nsam.+
17 Aduane a wɔnam nnaadaa so nya no, ɛyɛ onipa dɛ,
Nanso akyire yi, mmoseaa bɛyɛ n’anom ma.+
18 Adwentoatoa na ɛma nhyehyɛeɛ gyina;+
Fa akwankyerɛ pa kɔ wo ko.+
19 Deɛ ɔsɛe nkurɔfoɔ din no, ɔnenam na ɔreyi kokoam nsɛm adi;+
Wo ne obi a ɔpɛ nsekuro mmmɔ.
20 Obiara a ɔdome ne papa ne ne maame no,
Sɛ esum ba a, ne kanea bɛdum.+
21 Agyapadeɛ a wɔde adufudepɛ nyaa mfitiaseɛ no,
N’awieeɛ renyɛ nhyira.+
22 Nka sɛ: “Mɛtua bɔne so ka!”+
Fa w’ani to Yehowa so,+ na ɔbɛgye wo.+
23 Asisie nkariboɔ yɛ Yehowa akyiwadeɛ,
Na nkontompo nsenia nyɛ.
24 Yehowa na ɔkyerɛ sɛdeɛ onipa bɛtutu n’anammɔn;+
Onipa deɛ, ɛbɛyɛ dɛn na wate ɔno ara ne kwan ase?
25 Ɛyɛ fidie ma onipa sɛ ɔbɛpere ne ho aka sɛ, “Ɛyɛ ade kronkron!”+
Ansa na akyire yi wasusu ne bɔhyɛ no ho.+
26 Ɔhene nyansafoɔ huhu so yi abɔnefoɔ gu,+
Na ɔde afidie a wɔde poro hwiit fa wɔn so.+
27 Onipa home te sɛ Yehowa kanea,
Ɛhwehwɛ deɛ ahinta biara wɔ onipa mu.
28 Ɔdɔ a ɛnni hwammɔ ne nokorɛ bɔ ɔhene ho ban;+
Ɔdɔ a ɛnni hwammɔ na ɛma n’ahennwa tim.+
29 Mmeranteɛ animuonyam ne wɔn ahoɔden,+
Na nkɔkoraa animuonyam ne wɔn tiri so dwene.+
30 Akuro ne opira yi bɔne;+
Na ɛhweɛ hohoro onipa mu tɔnn.