Yohane Twerɛtohɔ
4 Na Awurade bɛhuu sɛ Farisifoɔ no ate sɛ Yesu renya asuafoɔ bebree, na ɔrebɔ nnipa pii asu+ sene Yohane. 2 Deɛ ɛwom ne sɛ, Yesu ankasa ammɔ nkurɔfoɔ asu. Mmom, n’asuafoɔ no na wɔbɔɔ nkurɔfoɔ asu. 3 Berɛ a Yesu huu sɛ Farisifoɔ no ate no, ɔfirii Yudea, na ɔde n’ani kyerɛɛ Galilea bio. 4 Nanso na ɛsɛ sɛ ɔfa Samaria. 5 Enti ɔkɔduruu Samaria kuro bi so; wɔfrɛ hɔ Sikar, na na ɛbɛn asaase a Yakob de maa ne ba Yosef no.+ 6 Ɛhɔ nso na na Yakob abura no wɔ.+ Ná akwantuo no ama Yesu abrɛ, enti ɔtenaa abura no ho. Saa berɛ no, na ɛbɛyɛ dɔn a ɛtɔ so nsia.*
7 Ɔbaa bi a ɔfiri Samaria baa hɔ sɛ ɔrebɛsa nsuo. Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ma me bi nnom.” 8 (Ná n’asuafoɔ no kɔ kurom rekɔtɔ aduane.) 9 Ɛnna Samariani baa no bisaa no sɛ: “Adɛn na wo a woyɛ Yudani rebisa me a meyɛ Samariani baa hɔ nsuo anom?” (Ná Yudafoɔ ne Samariafoɔ nni hwee yɛ.*)+ 10 Yesu buaa no sɛ: “Sɛ wonim akyɛdeɛ a Onyankopɔn de ma kwa,+ ne onipa a ɔreka akyerɛ wo sɛ, ‘Ma me bi nnom’ no a, anka wobɛbisa no, na wama wo nkwa nsuo.”+ 11 Ɛnna ɔbaa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Owura, wonni adeɛ a wɔde sa nsuo* mpo, na abura no nso, emu dɔ. Enti ɛhe na wonya saa nkwa nsuo yi firi? 12 Yɛn agya Yakob a ɔde abura yi maa yɛn, a ɔno ara ne ne mma ne ne mmoa nom bi no, woyɛ kɛseɛ sene no anaa?” 13 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Obiara a ɔnom saa nsuo yi bi no, sukɔm bɛde no bio. 14 Nanso obiara a ɔbɛnom nsuo a mede bɛma no no, sukɔm renne no da.+ Mmom, nsuo a mede bɛma no no bɛyɛ asutire wɔ ne mu, na ɛbɛpu ama wanya daa nkwa.”+ 15 Ɔbaa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Owura, ma me nsuo yi bi, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a sukɔm renne me, na mankɔ so amma ha ammɛsa* nsuo.”
16 Na ɔka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: “Kɔ na kɔfrɛ wo kunu na mommra ha.” 17 Ɛnna ɔbaa no kaa sɛ: “Menni kunu.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Woaka no yie sɛ wose, ‘Menni kunu.’ 18 Ɛfiri sɛ woaware kununom nnum, na ɔbarima a wo ne no wɔ hɔ seesei no, ɔnyɛ wo kunu. Enti woaka nokorɛ.” 19 Ɛnna ɔbaa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Owura, mahunu sɛ woyɛ odiyifoɔ.+ 20 Yɛn agyanom somee wɔ bepɔ yi so, nanso mo deɛ, mose Yerusalem ne baabi a ɛsɛ sɛ nkurɔfoɔ som.”+ 21 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔbaa, gye me di, berɛ bi reba a, ɛnyɛ bepɔ yi so anaa Yerusalem na mobɛsom Agya no. 22 Mosom deɛ monnim;+ yɛn deɛ, yɛsom deɛ yɛnim, ɛfiri sɛ nkwagyeɛ firi Yudafoɔ mu.*+ 23 Nanso berɛ bi reba, na aduru, sɛ nokorɛ asomfoɔ bɛsom Agya no honhom ne nokorɛ mu, na nnipa a wɔte saa nso na Agya no rehwehwɛ ama wɔasom no.+ 24 Onyankopɔn yɛ Honhom,+ na wɔn a wɔsom no no, ɛsɛ sɛ wɔsom no honhom ne nokorɛ mu.”+ 25 Ɔbaa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Menim sɛ Mesia reba, deɛ wɔfrɛ no Kristo no. Na sɛ ɔnya ba a, ɔbɛka nneɛma nyinaa akyerɛ yɛn pefee.” 26 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Me a me ne wo rekasa yi, mene no.”+
27 Saa berɛ no ara na n’asuafoɔ no baeɛ, na ɛyɛɛ wɔn nwanwa sɛ ɔne ɔbaa rekasa. Nanso obiara ammisa sɛ: “Deɛn na worehwehwɛ?” anaa “Adɛn na wo ne ɔbaa no rekasa?” 28 Na ɔbaa no gyaa n’ahina hɔ, na ɔkɔɔ kuro no mu kɔka kyerɛɛ nkurɔfoɔ sɛ: 29 “Mommra mmɛhwɛ ɔbarima bi a waka deɛ mayɛ nyinaa akyerɛ me. Gyama wei ne Kristo no anaa?” 30 Wɔfirii kuro no mu, na wɔfirii aseɛ baa ne nkyɛn.
31 Saa berɛ no nyinaa, na n’asuafoɔ no reka kyerɛ no sɛ: “Rabi,+ didi.” 32 Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mewɔ aduane bi di a monnim.” 33 Enti asuafoɔ no bisabisaa wɔn ho sɛ: “Obi abrɛ no biribi adi anaa?” 34 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “M’aduane ne sɛ mɛyɛ deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ,+ na mawie n’adwuma.+ 35 Ɛyɛ a moka sɛ aka abosome nnan ansa na twaberɛ aduru, ɛnte saa? Hwɛ! Mereka akyerɛ mo sɛ: Momma mo ani so nhwɛ mfuo no, na mobɛhunu sɛ nnɔbaeɛ no awo* sɛ wɔtwa.+ Seesei, 36 deɛ ɔtwa no regye akatua, na ɔreboaboa aba ano ama daa nkwa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a deɛ ɔgu ne deɛ ɔtwa nyinaa ani bɛgye.+ 37 Wei ma asɛm no yɛ nokorɛ sɛ: Ɔbaako yɛ ogufoɔ, na ɔbaako nso yɛ ɔtwafoɔ. 38 Mesomaa mo sɛ monkɔtwa deɛ monyɛɛ ho adwuma. Ebinom ayɛ adwuma, na mo na moanya wɔn adwuma no so mfasoɔ.”
39 Na asɛm a ɔbaa no ka de dii adanseɛ sɛ, “Waka deɛ mayɛ nyinaa akyerɛ me”+ no nti, Samariafoɔ a wɔfiri saa kuro no mu pii gyee Yesu dii. 40 Enti berɛ a Samariafoɔ no baa ne nkyɛn no, wɔsrɛɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn, na ɔtenaa hɔ nnanu. 41 Wei nti, afoforɔ pii gyee no dii, ɛfiri sɛ wɔtiee ne nsɛm. 42 Na wɔka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: “Afei deɛ, ɛnyɛ deɛ wokaeɛ no nko ara nti na yɛgye die; ɛfiri sɛ yɛn ara yɛate, na yɛahunu sɛ ampa, onipa yi ne wiase agyenkwa+ no.”
43 Nnanu no akyi no, ɔfirii hɔ kɔɔ Galilea. 44 Nanso Yesu ankasa dii adanseɛ sɛ, odiyifoɔ nni anidie wɔ ɔno ara ne kurom.+ 45 Enti berɛ a ɔduruu Galilea no, Galileafoɔ no gyee no, ɛfiri sɛ wɔkɔɔ afahyɛ a wɔdii wɔ Yerusalem no bi,+ na wɔhunuu nneɛma a ɔyɛɛ wɔ afahyɛ+ no ase no nyinaa.
46 Na ɔsan baa Kana a ɛwɔ Galilea, baabi a ɔdanee nsuo nsã*+ no. Ná ahemfie panin bi wɔ hɔ a ne babarima yare wɔ Kapernaum. 47 Berɛ a ɔbarima yi tee sɛ Yesu afiri Yudea aba Galilea no, ɔkɔɔ ne nkyɛn. Na ɔkɔsrɛɛ no sɛ ɔmmra,* na ɔmmɛsa ne ba no yareɛ, ɛfiri sɛ na ɔreyɛ awu. 48 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Mo deɛ, sɛ moanhunu sɛnkyerɛnne+ ne anwanwadeɛ a, monnye nni da.” 49 Ahemfie panin no ka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, bra na me ba ketewa no anwu.” 50 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Sim kɔ; wo ba no te ase.”+ Ɔbarima no gyee asɛm a Yesu kae no dii, na ɔkɔeɛ. 51 Na berɛ a ɔnam kwan so rekɔ no, ne nkoa bɛhyiaa no ka kyerɛɛ no sɛ, ne ba no te nkwa mu.* 52 Enti ɔbisaa wɔn berɛ a ne ho tɔɔ no. Ɛnna wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnnora, dɔn a ɛtɔ so nson* na atiridii no gyaeeɛ.” 53 Ɛhɔ na papa no hunuu sɛ saa berɛ no ara na Yesu kaa sɛ: “Wo ba no te ase.”+ Enti ɔne ne fiefoɔ nyinaa gye dii. 54 Wei ne sɛnkyerɛnne+ a ɛtɔ so mmienu a Yesu yɛeɛ berɛ a ɔfiri Yudea baa Galilea no.