Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Atemmufoɔ 13
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Atemmufoɔ Nwoma No Mu Nsɛntitire

      • Ɔbɔfoɔ bi kɔɔ Manoa ne ne yere nkyɛn (1-23)

      • Wɔwoo Samson (24, 25)

Atemmufoɔ 13:1

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 2:11, 19; 10:6
  • +Yos 13:1-3; Ate 10:7

Atemmufoɔ 13:2

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ɔbaa a ɔnwo.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yos 15:20, 33; 19:41, 48
  • +Ge 49:16
  • +Ate 16:31
  • +Ge 30:22, 23

Atemmufoɔ 13:3

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 18:10; 1Sa 1:20; Lu 1:11, 13

Atemmufoɔ 13:4

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 6:2, 3; Lu 1:15
  • +Le 11:26, 27

Atemmufoɔ 13:5

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “yiwan ka ne ti.”

  • *

    Nt., “sɛ abɔfra no pue firi awotwaa mu.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 6:2, 5
  • +Ate 2:16; 13:1; Ne 9:27

Atemmufoɔ 13:6

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 13:17, 18

Atemmufoɔ 13:7

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “sɛ abɔfra no pue firi awotwaa mu.”

Atemmufoɔ 13:10

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 13:3

Atemmufoɔ 13:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 13:8

Atemmufoɔ 13:13

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 13:4

Atemmufoɔ 13:14

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 6:2, 3
  • +Le 11:26, 27

Atemmufoɔ 13:15

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 18:5, 7; Ate 6:18, 19; Heb 13:2

Atemmufoɔ 13:17

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 32:29; Ate 13:6

Atemmufoɔ 13:19

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ Onyankopɔn.

Atemmufoɔ 13:21

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 6:22, 23

Atemmufoɔ 13:22

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 33:20; Yoh 1:18

Atemmufoɔ 13:23

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 13:16

Atemmufoɔ 13:24

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Heb 11:32

Atemmufoɔ 13:25

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 3:9, 10; 6:34; 11:29; 1Sa 11:6
  • +Ate 18:11, 12
  • +Yos 15:20, 33

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Atem. 13:1Ate 2:11, 19; 10:6
Atem. 13:1Yos 13:1-3; Ate 10:7
Atem. 13:2Yos 15:20, 33; 19:41, 48
Atem. 13:2Ge 49:16
Atem. 13:2Ate 16:31
Atem. 13:2Ge 30:22, 23
Atem. 13:3Ge 18:10; 1Sa 1:20; Lu 1:11, 13
Atem. 13:4Nu 6:2, 3; Lu 1:15
Atem. 13:4Le 11:26, 27
Atem. 13:5Nu 6:2, 5
Atem. 13:5Ate 2:16; 13:1; Ne 9:27
Atem. 13:6Ate 13:17, 18
Atem. 13:10Ate 13:3
Atem. 13:12Ate 13:8
Atem. 13:13Ate 13:4
Atem. 13:14Nu 6:2, 3
Atem. 13:14Le 11:26, 27
Atem. 13:15Ge 18:5, 7; Ate 6:18, 19; Heb 13:2
Atem. 13:17Ge 32:29; Ate 13:6
Atem. 13:21Ate 6:22, 23
Atem. 13:22Ex 33:20; Yoh 1:18
Atem. 13:23Ate 13:16
Atem. 13:24Heb 11:32
Atem. 13:25Ate 3:9, 10; 6:34; 11:29; 1Sa 11:6
Atem. 13:25Ate 18:11, 12
Atem. 13:25Yos 15:20, 33
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Atemmufoɔ 13:1-25

Atemmufoɔ

13 Na Israelfoɔ no san yɛɛ bɔne wɔ Yehowa ani so bio,+ na Yehowa de wɔn hyɛɛ Filistifoɔ+ nsa mfeɛ 40.

2 Saa berɛ no, na ɔbarima bi wɔ Sora+ a ɔfiri Dan abusuakuo+ mu, na na ne din de Manoa.+ Ná ne yere yɛ bonini* a ɔnni ba.+ 3 Da bi, Yehowa bɔfoɔ baa ɔbaa no nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ, woyɛ bonini, na wonni ba. Nanso wobɛnyinsɛn na woawo ɔbabarima.+ 4 Mmom hwɛ na woannom bobesa anaa nsã a ɛborɔ biara,+ na nni biribiara a ɛho nteɛ.+ 5 Hwɛ! Wobɛnyinsɛn na woawo ɔbabarima, na ɛnsɛ sɛ ɔyi ne ti,*+ ɛfiri sɛ sɛ wonya wo abɔfra no* pɛ, ɔbɛyɛ Nasirini ama Onyankopɔn. Na ɔno na ɔbɛdi animu agye Israel afiri Filistifoɔ nsam.”+

6 Ɛnna ɔbaa no kɔka kyerɛɛ ne kunu sɛ: “Nokorɛ Nyankopɔn no nipa bi baa me nkyɛn. Wohwɛ no a, ɔte sɛ nokorɛ Nyankopɔn no bɔfoɔ, na ne ho yɛ hu paa. Mammisa no baabi a ɔfiri, na ɔno nso ammɔ ne din ankyerɛ me.+ 7 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: ‘Hwɛ! Wobɛnyinsɛn na woawo ɔbabarima. Mmom hwɛ na woannom bobesa anaa nsã a ɛborɔ biara, na nni biribiara a ɛho nteɛ, ɛfiri sɛ sɛ wonya wo abɔfra no* pɛ, ɔbɛyɛ Nasirini ama Onyankopɔn akɔsi da a ɔbɛwuo.’”

8 Ɛnna Manoa bɔɔ Yehowa mpaeɛ sɛ: “Yehowa, mepa wo kyɛw. Mesrɛ wo, ma nokorɛ Nyankopɔn no nipa a wosomaa no seesei ara no nsan mmra, na ɔmmɛkyerɛ yɛn deɛ yɛnyɛ abɔfra a yɛbɛwo no no.” 9 Na nokorɛ Nyankopɔn no tiee Manoa, na nokorɛ Nyankopɔn no bɔfoɔ no san baa ɔbaa no nkyɛn bio. Saa berɛ no, na ɔbaa no te baabi wɔ wuram, na na ne kunu Manoa nni ne nkyɛn. 10 Na ɔbaa no yɛɛ ntɛm tuu mmirika kɔka kyerɛɛ ne kunu sɛ: “Hwɛ! Ɔbarima a ɔbaa me nkyɛn nnaano no asan aba bio!”+

11 Ɛnna Manoa sɔreeɛ, na ɔne ne yere kɔe. Na ɔkɔɔ ɔbarima no nkyɛn kɔbisaa no sɛ: “Wone ɔbarima a wo ne me yere kasaeɛ no?” Na ɔkaa sɛ: “Aane, ɛyɛ me a.” 12 Ɛnna Manoa kaa sɛ: “Deɛ woaka no, ɛmmra mu! Abɔfra no bɛbɔ ne bra sɛn, na adwuma bɛn na ɔbɛyɛ?”+ 13 Na Yehowa bɔfoɔ no ka kyerɛɛ Manoa sɛ: “Biribiara a maka akyerɛ wo yere sɛ ɔntwe ne ho mfiri ho no, ɔnni so.+ 14 Ɛnsɛ sɛ ɔdi biribiara a ɛfiri bobe mu. Ɛnsɛ sɛ ɔnom bobesa anaa nsã a ɛborɔ biara,+ na ɛnsɛ sɛ ɔdi biribiara a ɛho nteɛ.+ Deɛ maka akyerɛ no nyinaa, ma no nni so.”

15 Afei Manoa ka kyerɛɛ Yehowa bɔfoɔ no sɛ: “Yɛpa wo kyɛw, twɛn ma yɛmpɛ apɔnkye ba bi nyɛ aduane mma wo.”+ 16 Nanso Yehowa bɔfoɔ no ka kyerɛɛ Manoa sɛ: “Sɛ metwɛn mpo a, merenni w’aduane no. Nanso sɛ wopɛ sɛ wobɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ma Yehowa a, wobɛtumi abɔ.” Ná Manoa nnim sɛ ɔyɛ Yehowa bɔfoɔ. 17 Afei Manoa bisaa Yehowa bɔfoɔ no sɛ: “Wo din de sɛn,+ na sɛ deɛ woaka yi ba mu a, yɛahyɛ wo animuonyam?” 18 Na Yehowa bɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Adɛn nti na wopɛ sɛ wohunu me din? Me din yɛ nwanwa.”

19 Enti Manoa faa apɔnkye ba no ne aduane a ɔde rekɔbɔ afɔreɛ no, na ɔde bɔɔ afɔreɛ wɔ ɔbotan no so maa Yehowa. Na Ɔyɛɛ* anwanwadeɛ; ɔreyɛ nyinaa, na Manoa ne ne yere rehwɛ. 20 Berɛ a egyaframa firi afɔrebukyia no so rekɔ soro no, Yehowa bɔfoɔ no faa gyaframa no mu kɔɔ soro. Saa berɛ no nyinaa na Manoa ne ne yere rehwɛ deɛ ɛrekɔ so no. Ɛhɔ ara na wɔde wɔn anim butubutuu fam. 21 Yehowa bɔfoɔ no ansan amma Manoa ne ne yere nkyɛn bio. Ɛnna Manoa huu sɛ ɔbarima no yɛ Yehowa bɔfoɔ.+ 22 Na Manoa ka kyerɛɛ ne yere sɛ: “Owuo na yɛbɛwuo, ɛfiri sɛ Onyankopɔn na yɛde yɛn ani ahu no yi.”+ 23 Nanso ne yere ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ Yehowa pɛ sɛ ɔku yɛn a, anka ɔrennye ɔhyeɛ afɔreɛ+ ne aduane afɔreɛ mfiri yɛn nsam, anka ɔremma yɛnhunu weinom nyinaa, na anka ɔrenka weinom mu biara nso nkyerɛ yɛn.”

24 Akyire yi, ɔbaa no woo ɔbabarima na ɔtoo ne din Samson.+ Berɛ a abɔfra no renyini no, Yehowa kɔɔ so hyiraa no. 25 Berɛ bi akyi no, Yehowa honhom firii aseɛ pusuu no.+ Saa berɛ no, na ɔwɔ Mahane-Dan+ wɔ Sora ne Estaol+ ntam.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane