Hesekiel
7 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Wo, onipa ba, deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka akyerɛ Israel asaase nie: ‘Awieeɛ! Awieeɛ no aduru ama asaase no afanan nyinaa. 3 Afei w’awieeɛ aduru, na mɛhwie m’abufuo agu wo so; mɛbu wo atɛn sɛdeɛ w’akwan teɛ na mama woabu w’akyiwadeɛ nyinaa ho akonta. 4 Merenhu wo mmɔbɔ na me yam renhyehye me mma wo;+ mɛma w’akwan adane aba wo so, na mɛma woatwa wo ara w’akyiwadeɛ so aba,+ na mobɛhu sɛ mene Yehowa.’+
5 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Hwɛ, mmusuo reba! Mmusuo soronko bi reba.+ 6 Awieeɛ bi nam kwan so; awieeɛ no bɛba; ɛbɛsɔre* aba wo so. Hwɛ, ɛreba. 7 Wo a wote asaase no so, aduru wo so.* Berɛ no reba, na da no abɛn.+ Ɛbɛyɛ gyegyeegye, na ɛrenyɛ mmepɔ so osebɔ.
8 “‘Ɛrenkyɛ koraa mɛma m’ani abere wo so,+ na mahwie m’abufuo nyinaa agu wo so;+ mɛbu wo atɛn sɛdeɛ w’akwan teɛ, na mama woabu w’akyiwadeɛ nyinaa ho akonta. 9 Merenhu wo mmɔbɔ, na me yam renhyehye me mma wo;+ mɛma w’akwan adane aba wo so na woatwa wo ara w’akyiwadeɛ so aba, na mobɛhu sɛ me Yehowa na mama me nsa so atia mo.+
10 “‘Hwɛ, ɛda no reba! Abɛn!+ Aduru wo so;* abaa no afefɛ na ahantan afifi. 11 Basabasayɛ anyini abɛyɛ amumuyɛ abaa.+ Wɔn ara oo, wɔn ahodeɛ oo, wɔn dɔm oo, wɔn animuonyam oo, emu biara renka. 12 Ɛberɛ no bɛso, na da no bɛduru. Mma deɛ ɔtɔ nnni ahurisie na deɛ ɔtɔn nso nnni awerɛhoɔ, ɛfiri sɛ abufuhyeɛ aba dɔm no nyinaa so.*+ 13 Sɛ deɛ ɔtɔn no nya ne tiri didi mu mpo a, ɔrentumi nsan nkɔ deɛ watɔn no ho, ɛfiri sɛ anisoadehunu no fa nnipa no nyinaa ho. Obiara rensan n’akyi, na wɔn bɔne nti obiara rentumi* nnye ne ho nkwa.
14 “‘Wɔahyɛn totorobɛnto+ na obiara asiesie ne ho, nanso obiara nni hɔ a ɔrekɔko, ɛfiri sɛ m’abufuhyeɛ aba nnipa no nyinaa so.+ 15 Afena* retwɛn wɔ abɔnten,+ na nsanyareɛ a ɛdi awuo ne ɛkɔm wɔ fie. Obiara a ɔwɔ afuo mu no, afena bɛku no, na wɔn a wɔwɔ kuro mu no, ɛkɔm ne nsanyareɛ a ɛdi awuo bɛmene wɔn.+ 16 Wɔn a wɔbɛnya wɔn tiri adidi mu no bɛdwane akɔ mmepɔ so, na wɔbɛyɛ sɛ abɔn mu mmuruburo, na obiara bɔne nti, ɔbɛsi apini.+ 17 Wɔn nsa nyinaa bɛdwodwo, na nsuo bɛtene afa wɔn nkotodwe ho.*+ 18 Wɔbɛfirafira awerɛhoɔ ntoma*+ na wɔn ho apopo.* Wɔn nyinaa ani bɛwu na wɔn nyinaa tiri so apa.*+
19 “‘Wɔbɛto wɔn dwetɛ agu mmɔnten so, na wɔn sika kɔkɔɔ bɛyɛ wɔn tan. Yehowa abufuo da no,+ wɔn dwetɛ anaa wɔn sika kɔkɔɔ rentumi nnye wɔn. Ɛremma wɔmmee* na wɔn yafunu renyɛ ma, ɛfiri sɛ ayɛ* suntidua a ɛma wɔyɛ bɔne. 20 Wɔn agudeɛ fɛfɛ no nti wɔayɛ ahantan, na wɔde ayɛ* akyiwadeɛ ahoni, kyerɛ sɛ, wɔn abosom fĩ no.+ Enti mɛma no adane atantanneɛ ama wɔn. 21 Mede bɛhyɛ* ahɔhoɔ nsa ama wɔafom, na mede ama asaase so nnebɔneyɛfoɔ ama wɔafa no sɛ nneɛma a wɔanya afiri ɛko mu, na wɔbɛgu ho fĩ.
22 “‘Mɛyi m’ani afiri wɔn so,+ na wɔbɛgu me hintabea* ho fĩ, na akorɔmfo-werɛmfoɔ bɛba abɛgu ho fĩ.+
23 “‘Yɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn* no,+ ɛfiri sɛ ntɛnkyea mogya ahyɛ asaase no so ma,+ na basabasayɛ nso ayɛ kuro no ma.+ 24 Mede aman no mu abɔnefoɔ bɛba+ ama wɔabɛfa wɔn afie;+ mɛma ahoɔdenfoɔ ahantan atu ayera na wɔn kronkronbea ho agu fĩ.+ 25 Sɛ wɔn ahoyera ba a, wɔbɛhwehwɛ asomdwoeɛ nanso wɔrennya.+ 26 Mmusuo bɛdi mmusuo akyi, amanneɛbɔ bɛdi amanneɛbɔ akyi, na nnipa bɛhwehwɛ anisoadehunu afiri odiyifoɔ hɔ,+ nanso mmara* bɛbɔ ɔsɔfoɔ, na afotuo* abɔ mpanimfoɔ.+ 27 Ɔhene bɛdi awerɛhoɔ,+ na ɔberempɔn bɛfira ahoyera* na ehu bɛma asaase no sofoɔ nsa awoso. Me ne wɔn bɛdi sɛdeɛ wɔn akwan teɛ, na sɛdeɛ wɔabu atɛn no, saa ara na mɛbu wɔn atɛn, na wɔbɛhu sɛ mene Yehowa.’”+