29 Onipa a wɔakasa akyerɛ no mprɛ pii a ɔsene ne kɔn no,+
Wɔbɛbubu no mpofirim, na ɔrennya ayaresa da.+
2 Ateneneefoɔ dɔɔso a, ɔman di ahurisie,
Na ɔbɔnefoɔ di tumi a, ɔmanfoɔ di yea.+
3 Onipa a n’ani gye nyansa ho no, ɔma ne papa di ahurisie,+
Na deɛ ɔne tuutuufoɔ bɔ deɛ, ɔsɛe n’ahonyadeɛ.+
4 Ɔhene de atɛntenenee na ɛma ɔman gyina,+
Na onipa a ɔpɛ adanmudeɛ deɛ, ɔbɔ man.
5 Ɔbarima a ɔdɛfɛdɛfɛ ne yɔnko no,
Ɔde asau sum ne nan fidie.+
6 Ɔbɔnefoɔ mmarato sum no fidie,+
Na ɔteneneeni deɛ, ɔteam di ahurisie, na n’ani gye.+
7 Ɔteneneeni dwene ohiani ahofadie ho,+
Na ɔbɔnefoɔ deɛ, ɛho asɛm nhia no.+
8 Nnipa a wɔdwa wɔn anom no, wɔma gya tɔ kuro mu,+
Na anyansafoɔ deɛ, wɔma abufuo to twa.+
9 Sɛ onyansafoɔ ne kwasea nya akasakasa a,
Ɛbɛyɛ abufuo ne fɛdie, na ɛrenyɛ ahotɔ.+
10 Awudifoɔ tan obiara a ne ho nni asɛm,+
Na wɔde si wɔn ani so sɛ wɔbɛgye ateneneefoɔ nkwa afiri wɔn nsam.
11 Kwasea yi n’abufuo nyinaa adi,+
Na onyansafoɔ deɛ, ɔyɛ dinn hyɛ ne ho so.+
12 Sɛ ɔhene tie atosɛm a,
Ne nkoa nyinaa bɛyɛ abɔnefoɔ.+
13 Ohiani ne obi a ɔhyɛ nnipa so wɔ adeɛ baako bi wɔ wɔn ho.
Ɛne sɛ, Yehowa ma wɔn nyinaa ani hunu hann.
14 Sɛ ɔhene bu atɛntenenee ma ohiani a,+
N’ahennwa bɛtim daa.+
15 Abaa ne kasakyerɛ ma nyansa,+
Na abɔfra a wɔgyaa no ma ɔyɛ deɛ ɔpɛ no, ɔhyɛ ne maame aniwuo.
16 Sɛ abɔnefoɔ dɔɔso a, mmarato dɔɔso,
Na ateneneefo bɛhunu wɔn ahweaseɛ.+
17 Tene wo ba so, na ɔbɛma woahome,
Na ɔbɛma woanya anigyeɛ bebree.+
18 Anisoadehunu nni hɔ a, ɔmanfoɔ yɛ deɛ wɔpɛ,+
Na wɔn a wɔdi mmara so deɛ, wɔn ani gye.+
19 Akoa rentie kasakyerɛ;
Ɛwom sɛ ɔte asɛm no ase, nanso ɔrentie.+
20 Woahunu onipa a ɔpere ne ho wɔ ne kasa mu?+
Anidasoɔ wɔ hɔ ma kwasea sene no.+
21 Sɛ wɔgyegye akoa so firi ne mmɔfraase a,
Akyire yi ɔbɛyɛ bonniayɛfoɔ.
22 Onipa a ne bo fu ntɛm no ma ntɔkwa ba;+
Obiara a ne koko ha no no, ne mmarato dɔɔso.+
23 Onipa ahantan bɛbrɛ no ase,+
Na obiara a ɔbrɛ ne ho ase wɔ honhom mu no, ɔbɛnya animuonyam.+
24 Deɛ ne yɔnko ne korɔmfoɔ no tan ne ho.
Ɔbɛte sɛ wɔrefrɛ no sɛ ɔmmɛdi adanseɛ, nanso ɔremmɛka hwee.+
25 Onipa ho suro yɛ fidie,+
Na deɛ ɔde ne ho to Yehowa so no, ɔbɛnya ahobammɔ.+
26 Nnipa pii pɛ sɛ wɔka wɔn asɛm kyerɛ ɔhene,
Nanso Yehowa hɔ na onipa nya atɛntenenee fire.+
27 Ɔteneneeni kyiri onipa a n’akwan akyea,+
Na ɔbɔnefoɔ deɛ, ɔkyiri onipa a n’akwan tene.+