Yesaia
40 “Monkyekye me man werɛ, monkyekye wɔn werɛ,” mo Nyankopɔn asɛm nie.+
2 “Monka asɛm mma no ntɔ Yerusalem akoma so,*
Na monka nkyerɛ no sɛ ne nkoadwuma aba awieeɛ.
Monka nkyerɛ no sɛ wɔatua ne bɔne ho ka awie.+
Wanya ne bɔne so akatua nyinaa* afiri Yehowa nsam.”+
3 Obi reteam wɔ serɛ so sɛ:
“Monsiesie Yehowa kwan!+
Mompae kwantempɔn a ɛda mu tee+ wɔ asaase pradadaa so mma yɛn Nyankopɔn.+
4 Momma abɔn nyinaa so,
Na mommrɛ mmepɔ ne nkokoɔ nyinaa ase.
Asaase a ɛso atutu no, momma ɛso nyɛ toromtorom,
Na asaase a ayɛ mmonkyimmɔnka no nyɛ asaasetraa.+
6 Tie! Obi se: “Team!”
Ɛnna obi foforɔ bisaa sɛ: “Menteam nka sɛn?”
“Ɔhonam nyinaa* te sɛ serɛ mono.
Ɔdɔ a ɛnni hwammɔ a wɔwɔ nyinaa te sɛ wuram nhwiren.+
Ampa ara ɔman no te sɛ serɛ mono.
Ma wo nne so dendeenden,
Ɔbaa a wode asɛmpa reba Yerusalem.
Ma so, nsuro.
Ka kyerɛ Yuda nkuro sɛ: “Mo Nyankopɔn nie.”+
Hwɛ! N’akatua ka ne ho,
Na deɛ ɔde tua ka di n’anim.+
11 Ɔbɛhwɛ ne nnwan sɛ odwanhwɛfoɔ.+
Ɔde ne basa bɛboaboa nnwan mma no ano,
Na waturu wɔn wɔ ne kokom.
Wɔn a wɔma nufoɔ no, ɔbɛka wɔn brɛoo.+
Hwan na ɔde susukuruwa asusu asaase so mfuturo,+
Anaa ɔde nsenia* akari mmepɔ,
Na ɔde nsenia akari nkokoɔ?
14 Hwan na ɔne no tuu agyina ansa na ɔrete biribi ase,
Anaa ɔkyerɛ no atɛntenenee kwan,
Anaa ɔkyerɛ no nimdeɛ,
Anaa ɔma no hunu nteaseɛ kwan ankasa?+
Hwɛ! Ɔma nsupɔ so sɛ mfuturo muhumuhu.
17 Aman nyinaa te sɛ biribi a ɛnni hɔ wɔ n’anim;+
Ɔbu wɔn sɛ adehunu bi, te sɛ biribi a mfasoɔ nni so.+
18 Hwan ho na mobɛtumi de Onyankopɔn atoto?+
Deɛn na mode no bɛtoto ho?+
19 Odwumfoɔ de dadeɛ a wɔanane yɛ ohoni,*
Ɔtomfoɔ de sika kɔkɔɔ fa ho,+
Na ɔyɛ dwetɛ kɔnmuadeɛ* toto wɔn kɔn mu.
Ɔhwehwɛ odwumfoɔ a ɔnim adwuma
Ma no sene ohoni a ɛnhinhim.+
21 Monnim?
Na montee?
Wɔnka nkyerɛɛ mo mfirii mfitiaseɛ?
Ɛfiri berɛ a wɔtoo asaase fapem no, montee aseɛ anaa?+
Ɔno na ɔretwe ɔsoro mu te sɛ ntoma nahanaha,
Na ɔtrɛ mu te sɛ ntomadan a wɔtena mu.+
23 Ɔbrɛ aberempɔn ase ma wɔba fam koraa a wɔnsɛ hwee,
Na ɔma asaase so atemmufoɔ* yɛ sɛ biribi a mfasoɔ nni so.
24 Sɛ wɔdua wɔn ara pɛ,
Na wɔtɛ wɔn ara pɛ,
Sɛ wɔnya nhini wɔ asaase mu ara pɛ a,
Mframa bɔ fa wɔn so ma wɔkusa,
Na mframa soa wɔn kɔ te sɛ ntɛtɛ.+
25 “Hwan ho na mode me bɛtoto ama ɔne me asɛ?” Ɔkronkronni no asɛm nie.
26 “Momma mo ani so nhwɛ soro, na monhwɛ.
Hwan na ɔbɔɔ weinom nyinaa?+
Ɔno ne Deɛ ɔdi wɔn anim de wɔn pue sɛ asraafoɔ; ɔkan wɔn nyinaa,
Na ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn.+
Ɛsiane n’ahoɔden pii ne ne tumi a ɛyɛ hu nti,+
Wɔn mu baako mpo nyera.
27 O Yakob, deɛn nti na wokasa; O Israel, deɛn nti na woka sɛ,
‘Me kwan ahinta Yehowa,
Na mennya atɛntenenee mfiri Nyankopɔn hɔ’?+
28 Wonnim? Na wontee?
Yehowa a ɔbɔɔ asaase firi tire kɔsi tire no yɛ daa Nyankopɔn.+
Ɔmmrɛ da na n’ahoɔden nsa da.+
Obiara rentumi nhwehwɛ ne nteaseɛ mu nwie.*+
30 Mmarimaa bɛbrɛ, na wɔn ahoɔden bɛsa,
Na mmeranteɛ bɛsunti na wɔahwe ase,
31 Nanso wɔn a wɔn ani da Yehowa so no bɛsan anya ahoɔden.
Wɔde ntaban bɛtu te sɛ akɔdeɛ.+
Wɔbɛtu mmirika, nso wɔn ahoɔden rensa;
Wɔbɛnante, nso wɔremmrɛ.”+