Yohane Twerɛtohɔ
2 Da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, ayeforɔhyia apontoɔ bi kɔɔ so wɔ Kana a ɛwɔ Galilea, na na Yesu maame wɔ hɔ bi. 2 Yesu ne n’asuafoɔ no nso, wɔtoo nsa frɛɛ wɔn baa ayeforɔhyia apontoɔ no ase.
3 Berɛ a nsã* no saeɛ no, Yesu maame ka kyerɛɛ no sɛ: “Wɔnni nsã.”* 4 Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔbaa, ɛno nso deɛ, ɛfa me ne wo ho sɛn?* Me berɛ nnya nsoe.” 5 Ɛnna ne maame ka kyerɛɛ asomfoɔ no sɛ: “Deɛ ɔbɛka akyerɛ mo biara, monyɛ.” 6 Saa berɛ no, na nsuhina nsia a wɔde aboɔ ayɛ sisi hɔ sɛdeɛ Yudafoɔ ahodwira ho mmara teɛ+ no, na na emu biara bɛtumi afa susuhina* mmienu anaa mmiɛnsa. 7 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momfa nsuo ngu nhina no mu mma ɛnyɛ ma.” Na wɔde nsuo guguu mu maa ne nyinaa yeyɛɛ ma tɛnn.* 8 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Afei monsa bi, na momfa nkɔma deɛ ɔhwɛ apontoɔ no so no.” Enti wɔde kɔe. 9 Ɛnna deɛ ɔhwɛ apontoɔ no so no kaa nsuo a adane nsã* no bi hwɛeɛ. Ná ɔnnim baabi a ɛfire (nanso asomfoɔ a wɔsaa nsuo no deɛ, na wɔnim). Enti deɛ ɔhwɛ apontoɔ no so no frɛɛ ayeforɔkunu no, 10 na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Obiara de nsã* pa na ɛbɛsisi hɔ kane, na sɛ nkurɔfoɔ bobo a, afei na ɔde deɛ ɛnyɛ no aba. Wo deɛ, wode nsã* pa no asie abɛsi sɛsɛɛ.” 11 Yesu yɛɛ wei wɔ Kana wɔ Galilea. Ɛno ne sɛnkyerɛnne a ɛdi kan a ɔyɛeɛ, na ɔmaa n’animuonyam daa adi,+ na n’asuafoɔ no gyee no dii.
12 Wei akyi no, ɔne ne maame ne ne nuanom+ ne n’asuafoɔ no kɔɔ Kapernaum,+ nanso wɔantena hɔ ankyɛ.*
13 Saa berɛ no, na Yudafoɔ Twam+ no abɛn, na Yesu foro kɔɔ Yerusalem. 14 Na ɔhuu sɛ ebinom tete asɔrefie hɔ a wɔretɔn anantwie ne nnwan ne mmuruburo,+ ɛnna ebinom nso resesa sika. 15 Enti ɔfaa nhoma, na ɔde yɛɛ abaa* pamoo wɔn a wɔde nnwan ne anantwie aba asɔrefie hɔ no nyinaa firii hɔ, na ɔhwiee wɔn a wɔsesa sika no sika gui, na ɔkaa wɔn apono butubutui.+ 16 Na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔtɔn mmuruburo no sɛ: “Momfa weinom mfiri ha nkɔ! Monnyae sɛ mode m’Agya fie ayɛ adwadie fie!”*+ 17 Ɛnna n’asuafoɔ no kaee sɛ, wɔatwerɛ sɛ: “Wo fie ho mmɔdemmɔ bɛmene me.”+
18 Na Yudafoɔ no bisaa no sɛ: “Sɛnkyerɛnne bɛn na wobɛtumi ayɛ de akyerɛ sɛ wowɔ tumi+ sɛ woyɛ weinom?” 19 Yesu buaa wɔn sɛ: “Monnwiri asɔrefie yi ngu, na mede nnansa bɛma so asi hɔ.”*+ 20 Ɛnna Yudafoɔ no kaa sɛ: “Asɔrefie a wɔde mfeɛ 46 siiɛ no, wode nnansa bɛma so asi hɔ?” 21 Nanso ɔno deɛ, berɛ a ɔkaa asɔrefie no, ne nipadua ho asɛm na na ɔreka.+ 22 Berɛ a ɔsɔre firii awufoɔ mu no, n’asuafoɔ no kaee sɛ na ɔtaa ka saa,+ na wɔgyee twerɛnsɛm no ne nsɛm a Yesu kaeɛ no dii.
23 Na berɛ a ɔwɔ Twam Afahyɛ no ase wɔ Yerusalem no, nnipa pii huu nsɛnkyerɛnne a ɔyɛeɛ no, na wɔgyee ne din dii. 24 Nanso Yesu deɛ, wamfa ne werɛ anhyɛ wɔn mu, ɛfiri sɛ na ɔnim wɔn nyinaa. 25 Afei nso, na ɛnhia no sɛ obiara di onipa ho adanseɛ, ɛfiri sɛ na ɔnim deɛ ɛwɔ onipa mu.+