Marko Twerɛtohɔ
12 Na ɔfirii aseɛ ne wɔn kasae, na ɔyɛɛ mfatoho yi sɛ: “Ɔbarima bi yɛɛ bobefuo*+ gyee ho ban, na ɔtuu amena a wɔkyĩ nsã wom wɔ afuo no mu, na ɔtoo abantenten.+ Afei ɔde gyaa akuafoɔ bi, na ɔtuu kwan.+ 2 Na berɛ* duruiɛ no, ɔsomaa akoa bi kɔɔ akuafoɔ no nkyɛn sɛ ɔnkɔgye bobefuo no mu aba no bi mfiri akuafoɔ no nkyɛn. 3 Nanso wɔkyee no hwee no, na wɔpamoo no a wɔamma no hwee. 4 Na ɔsan somaa akoa foforɔ kɔɔ wɔn nkyɛn, na ɔno nso, wɔde adeɛ bɔɔ ne tirim, na wɔguu n’anim ase.+ 5 Na ɔsomaa ɔfoforɔ, na ɔno deɛ wɔkuu no. Ɔsomaa afoforɔ pii nso, na wɔn nso, wɔhwee wɔn mu binom, na wɔkunkum ebinom. 6 Ná aka onipa baako, ne ba a ɔdɔ no.+ Ɔno ne deɛ ɔtwa toɔ a ɔsomaa no kɔɔ wɔn nkyɛn, na ɔkaa sɛ, ‘Wɔbɛfɛre me ba no.’ 7 Nanso akuafoɔ no keka kyerɛɛ wɔn ho sɛ, ‘Wei na ɔbɛdi adeɛ no.+ Mommra mma yɛnku no, na agyapadeɛ no bɛba abɛdi yɛn nsam.’ 8 Ɛnna wɔkyee no kum no, na wɔtwee no kɔtoo bobefuo no akyi.+ 9 Deɛn na bobefuo wura no bɛyɛ? Ɔbɛba abɛkunkum akuafoɔ no, na ɔde bobefuo no ama nnipa foforɔ.+ 10 Monkenkanee twerɛsɛm yi da sɛ, ‘Ɛboɔ a adansifoɔ poeɛ no, ɛno na abɛyɛ ntwea so boɔ titire?’*+ 11 Na monkenkanee sɛ, ‘Yehowa* hɔ na wei firi, na ɛyɛ nwanwa wɔ yɛn ani so’?”+
12 Ɛno nti, na wɔpɛ sɛ wɔkye no, ɛfiri sɛ wɔhuu sɛ wɔn nti na ɔyɛɛ mfatoho no. Nanso na wɔsuro nnipadɔm no. Enti wɔgyaa no hɔ kɔe.+
13 Afei wɔsomaa Farisifoɔ no bi ne Herode akyidifoɔ no bi kɔɔ ne nkyɛn, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛka asɛm bi ama wɔanya no.+ 14 Berɛ a wɔkɔduruiɛ no, wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛnim sɛ woka nokorɛ, na wonhwehwɛ obiara anim animuonyam, ɛfiri sɛ wonhwɛ nnipa anim, na deɛ wokyerɛkyerɛ fa Onyankopɔn ho no yɛ nokorɛ. Mmara ma kwan* sɛ wɔtua toɔ ma Kaesare anaasɛ ɛmma kwan?* 15 Yɛntua anaasɛ yɛnntua?” Berɛ a ɔhuu wɔn nyaatwom no, ɔbisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na moresɔ me ahwɛ? Momfa denare* no bi mmrɛ me mma menhwɛ.” 16 Wɔde baako bae, na ɔbisaa wɔn sɛ: “Hwan mfoni ne ne ntwerɛeɛ nie?” Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kaesare dea.” 17 Ɛnna Yesu kaa sɛ: “Montua Kaesare deɛ mma Kaesare,+ na montua Onyankopɔn deɛ mma Onyankopɔn.”+ Na ne ho yɛɛ wɔn nwanwa.
18 Afei Sadukifoɔ a wɔka sɛ owusɔreɛ nni hɔ+ no baa ne nkyɛn, na wɔbisaa no sɛ:+ 19 “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, Mose twerɛ maa yɛn sɛ, sɛ obi nuabarima wu gya ne yere na sɛ ɔnni ba a, ɛsɛ sɛ ɔware ne nua a wawuo no yere no, na ɔne no wo ma ne nua no.+ 20 Ná anuanom nson* bi wɔ hɔ. Deɛ ɔdi kan no waree, nanso berɛ a ɔwuiɛ no, wannya ba biara wɔ akyire. 21 Na deɛ ɔtɔ so mmienu no waree ɔbaa no, na ɔwuiɛ a wannya ɔba wɔ akyire, na deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no nso saa ara. 22 Na nnipa nson no biara annya ɔba wɔ akyire. Awieeɛ koraa no, ɔbaa no nso wuiɛ. 23 Owusɔreɛ mu no, wɔn mu hwan na ɔbaa no bɛyɛ ne yere? Ɛfiri sɛ nnipa nson no nyinaa waree no bi.” 24 Yesu buaa wɔn sɛ: “Moredi mfomsoɔ, ɛfiri sɛ monnim Twerɛnsɛm no anaa Onyankopɔn tumi.+ 25 Sɛ awufoɔ sɔre a, mmarima renware na wɔremfa mmaa nso mma awareɛ, na mmom wɔbɛyɛ sɛ abɔfoɔ a wɔwɔ soro.+ 26 Na ɛdefa awufoɔ a wɔbɛnyane wɔn ho no, monkenkanee Mose nwoma no mu asɛm a ɛfa nwura* ho no? Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ: ‘Mene Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn.’+ 27 Ɔnyɛ awufoɔ Nyankopɔn, na mmom ateasefoɔ deɛ. Modi mfomsoɔ pii.”+
28 Ɛnna atwerɛfoɔ no mu baako baa hɔ bɛtee sɛ wɔregye akyinnyeɛ, na ɔhuu sɛ Yesu abua wɔn nsɛm no yie. Enti ɔbisaa Yesu sɛ: “Mmara no mu deɛ ɛwɔ he na ɛdi kan?”*+ 29 Yesu buaa sɛ: “Deɛ ɛdi kan ne sɛ, ‘O Israel, tie, Yehowa* yɛn Nyankopɔn yɛ Yehowa* baako, 30 na fa w’akoma nyinaa ne wo kra* nyinaa ne w’adwene nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ Yehowa* wo Nyankopɔn.’+ 31 Deɛ ɛtɔ so mmienu ne sɛ, ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’+ Mmara biara nni hɔ a ɛyɛ kɛseɛ sene weinom.” 32 Ɔtwerɛfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, deɛ woaka no yɛ nokorɛ turodoo, ‘Ɔyɛ Baako, na obiara nni hɔ sɛ ɔno’;+ 33 na sɛ obi de n’akoma nyinaa ne n’adwene nyinaa ne n’ahoɔden nyinaa dɔ no, na ɔdɔ ne yɔnko sɛ ne ho a, ɛsom bo koraa sene ɔhyeɛ afɔreɛ ne afɔrebɔ nyinaa.”+ 34 Na Yesu huu sɛ wabua no nyansa mu, enti ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wo ne Onyankopɔn Ahennie ntam kwan nware.” Na obiara annya akokoɔduro ammisa no asɛm biara bio.+
35 Na Yesu toaa so kyerɛkyerɛɛ wɔ asɔrefie hɔ, na ɔbisaa sɛ: “Adɛn nti na atwerɛfoɔ no ka sɛ Kristo no yɛ Dawid ba?+ 36 Honhom kronkron+ maa Dawid ankasa kaa sɛ, ‘Yehowa* ka kyerɛɛ me Wura sɛ: “Tena me nsa nifa kɔsi sɛ mede w’atamfo bɛgu wo nan ase.”’+ 37 Dawid ankasa frɛɛ no Owura, enti ɛbɛyɛ dɛn na wayɛ ne ba?”+
Saa berɛ no, ná nnipadɔm kɛseɛ no de anigyeɛ retie no. 38 Berɛ a ɔgu so rekyerɛkyerɛ no, ɔkaa sɛ: “Monhwɛ yie wɔ atwerɛfoɔ no ho. Deɛ wɔpɛ ne sɛ wɔbɛhyɛ ntaadeɛ atenten de akyinkyini, na wɔagye nkyea wɔ dwa so.+ 39 Wɔpɛ nkonnwa a ɛwɔ animu* wɔ hyiadan mu ne mpanimfoɔ tenabea wɔ apontoɔ* ase.+ 40 Wɔn na wɔgye* akunafoɔ afie,* na wɔbɔ mpaeɛ atenten sɛdeɛ nnipa bɛhu wɔn.* Saa nkurɔfoɔ yi bɛnya atemmuo a emu yɛ den.”*
41 Ɔtenaa ase, na na n’ani tua sika nnaka*+ no. Na ɔfirii aseɛ hwɛɛ sɛdeɛ na nnipadɔm no de sika regu sika nnaka no mu. Ná asikafoɔ bebree de sika pii regu mu.+ 42 Ɛnna ɔbaa kunafoɔ hiani bi baeɛ, na ɔde nkaprɛ mma mmienu* a ɛnsom bo ahe biara bɛguu mu.+ 43 Enti ɔfrɛɛ n’asuafoɔ no baa ne nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, deɛ saa ɔbaa kunafoɔ hiani yi de agu mu no, ɛdɔɔso sene deɛ wɔn a aka no nyinaa de bɛguu mu no.+ 44 Ɛfiri sɛ wɔn nyinaa de deɛ wɔanya ama aboro so no bi na abɛgu mu. Na ɔbaa yi deɛ, ɔfiri ne hia mu de deɛ ɔwɔ nyinaa, deɛ ɔde bɛhwɛ ne ho nyinaa, na abɛgu mu.”+