Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ Malaki Nwoma No Mu Nsɛntitire MALAKI EMU NSƐNTITIRE 1 Yehowa dɔ ne nkurɔfoɔ (1-5) Asɔfoɔ de nneɛma a ɛnni mu na ɛbɔ afɔreɛ (6-14) Onyankopɔn din bɛyɛ kɛseɛ wɔ aman nyinaa mu (11) 2 Asɔfoɔ no ankyerɛkyerɛ ɔmanfoɔ no (1-9) Ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ ano bɔ nimdeɛ ho ban (7) Nkurɔfoɔ no fa kwammɔne so gyaa awareɛ (10-17) ‘“Mekyiri awaregyaeɛ,” Yehowa asɛm nie’ (16) 3 Awurade nokwafoɔ no bɛba abɛte n’asɔrefie hɔ (1-5) Apam no somafoɔ no (1) Wɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnsan mmra Yehowa nkyɛn (6-12) Yehowa nsakra (6) “Monsan mmra me nkyɛn, na me nso mɛsan aba mo nkyɛn” (7) ‘Momfa ntotosoɔ du du no nyinaa mmra, na Yehowa bɛhwie nhyira agu mo so’ (10) Ateneneefoɔ ne abɔnefoɔ (13-18) Wɔtwerɛɛ nkaeɛ nwoma bi wɔ Onyankopɔn anim (16) Nsonsonoeɛ a ɛda onipa tenenee ne onipabɔnefoɔ ntam (18) 4 Elia bɛba ansa na Yehowa da no aba (1-6) ‘Tenenee awia bɛhyerɛn’ (2)