Malaki
3 “Hwɛ! Meresoma me somafoɔ, na ɔbɛdi m’anim asiesie kwan mu.*+ Na mpofirim ara na nokorɛ Awurade a morehwehwɛ no no bɛba n’asɔrefie hɔ,+ na apam no somafoɔ a mo ani agyina no no bɛba. Hwɛ! Sɛdeɛ ɛteɛ biara ɔbɛba,” asafo Yehowa asɛm nie.
2 “Nanso da a ɔbɛba no, hwan na ɔbɛtumi atintim? Na sɛ ɔyi ne ti a, hwan na ɔbɛtumi agyina? Ɛfiri sɛ ɔbɛyɛ te sɛ egya a wɔde nane dadeɛ yiyi mu fĩ, na ɔbɛyɛ sɛ samina* a wɔde si nneɛma.+ 3 Na ɔbɛtena ase te sɛ obi a ɔnane dwetɛ yiyi mu fĩ,+ na ɔbɛyiyi Lewifoɔ mu fĩ. Ɔbɛte wɔn ho te sɛ sika kɔkɔɔ ne dwetɛ, na wɔbɛba abɛyɛ nnipa a wɔde akyɛdeɛ afɔreɛ brɛ Yehowa wɔ tenenee mu. 4 Afei Yehowa ani bɛgye Yuda ne Yerusalem akyɛdeɛ afɔreɛ ho te sɛ tete mmerɛ no, te sɛ mfeɛ a atwam no.+
5 “Mɛba mo nkyɛn abɛbu atɛn, na mede ahoɔherɛ bɛdi adanseɛ atia asumanfoɔ,+ ne awaresɛefoɔ, ne wɔn a wɔka ntam hunu,+ ne wɔn a wɔbɔ apaafoɔ apoo,+ ne wɔn a wɔsisi akunafoɔ ne nnyanka,+ na mɛdi adanseɛ atia wɔn a wɔmmoa ahɔhoɔ.*+ Saa nkurɔfoɔ no nsuro me,” asafo Yehowa asɛm nie.
6 “Ɛfiri sɛ mene Yehowa; mensakra.*+ Na mone Yakob mma; monnya nsae. 7 Ɛfiri mo agyanom berɛ so na momane firii m’ahyɛdeɛ ho, na moanni so.+ Monsan mmra me nkyɛn, na me nso mɛsan aba mo nkyɛn,”+ asafo Yehowa asɛm nie.
Nanso mobisa sɛ: “Ɛkwan bɛn so na yɛnsan mmra?”
8 “Mohwɛ a, onipa dasani bɛtumi abɔ Onyankopɔn korɔno? Nanso mobɔ me korɔno.”
Na mobisa sɛ: “Ɛdeɛn na yɛayɛ de abɔ wo korɔno?”
“Mobɔ me korɔno wɔ ntotosoɔ du du* ne afɔrebɔdeɛ mu. 9 Wɔadome mo,* ɛfiri sɛ mobɔ me korɔno. Aane, ɔman mu no nyinaa bɔ me korɔno. 10 Momfa ntotosoɔ du du* no nyinaa mmra adekoradan mu,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a aduane bɛwɔ me fie.+ Mepa mo kyɛw, momfa wei nsɔ me nhwɛ, sɛ meremmue ɔsoro mpomma mma mo,+ na merenhwie nhyira ngu mo so mma ɛmmu mo so anaa,”+ asafo Yehowa anom asɛm nie.
11 “Na mɛtwi ɔsɛefoɔ* no anim ama mo, na ɔrensɛe mo asaase so aba, na aba rensa wɔ bobe a ɛwɔ mo afuo mu no so,”+ asafo Yehowa asɛm nie.
12 “Na aman nyinaa bɛka sɛ mowɔ anigyeɛ,+ ɛfiri sɛ mobɛyɛ anigyeɛ asaase,” asafo Yehowa asɛm nie.
13 Yehowa se: “Moakasa atia me yayaaya.”
Na mobisa sɛ: “Ɛdeɛn na yɛayɛ a ɛkyerɛ sɛ yɛakasa atia wo?”+
14 “Moka sɛ, ‘Mfasoɔ biara nni so sɛ yɛbɛsom Onyankopɔn.+ Berɛ a yɛnantee mmɔbɔmmɔbɔ wɔ asafo Yehowa anim na yɛdii n’ahyɛdeɛ so yi, mfasoɔ bɛn na yɛanya? 15 Ɛfiri saa berɛ yi rekɔ yi, yɛbɛka sɛ ahantanfoɔ na wɔn ani gye. Afei nso, wɔn a wɔdi bɔne no na ɛsi wɔn yie.+ Wɔsi wɔn bo sɔ Onyankopɔn hwɛ, nanso wɔfa wɔn ho di.’”
16 Saa berɛ no, wɔn a wɔsuro Yehowa no ne wɔn ho kasae; obiara ne ne yɔnko kasae, na Yehowa yɛɛ aso, na ɔtiee deɛ wɔkaeɛ no. Na wɔtwerɛɛ nkaeɛ nwoma bi wɔ n’anim.+ Ɛfa wɔn a wɔsuro Yehowa ne wɔn a wɔdwendwene ne din ho* no ho.+
17 Asafo Yehowa asɛm nie: “Ɛda a mede wɔn bɛyɛ agyapadeɛ titire*+ no, wɔbɛyɛ me dea.+ Na me yam bɛhyehye me ama wɔn, sɛdeɛ agya yam hyehye no ma ne babarima a ɔsom no no.+ 18 Afei mobɛsan ahunu nsonsonoeɛ a ɛda onipa tenenee ne onipabɔnefoɔ ntam,+ ne deɛ ɔsom Onyankopɔn ne deɛ ɔnsom no no ntam.”