YOSUA
1 Yehowa akoa Mose wuo akyi no, Yehowa ka kyerɛɛ Nun ba Yosua*+ a na ɔyɛ Mose somfoɔ+ no sɛ: 2 “M’akoa Mose awu.+ Afei sɔre na wo ne nnipa yi nyinaa ntwa Asubɔnten Yordan yi nkɔ asaase a mede rema Israelfoɔ no so.+ 3 Baabiara a mo nan bɛsi no, mede bɛma mo sɛdeɛ mehyɛɛ Mose bɔ no.+ 4 Ɛfiri serɛ no so hɔ kɔsi Lebanon kɔfa asubɔnten kɛseɛ Eufrate ho, kyerɛ sɛ, Hitifoɔ+ asaase nyinaa, de kɔfa Ɛpo Kɛseɛ* no atɔeɛ fam* nyinaa bɛyɛ mo asaase.+ 5 Wo nkwa nna nyinaa, obiara rentumi nni wo so nkonim.+ Sɛdeɛ medii Mose akyi no, saa ara na mɛdi w’akyi.+ Merempo wo, na merennya wo.+ 6 Nya akokoɔduro na ma wo ho nyɛ den,+ ɛfiri sɛ wo na wode ɔman yi bɛkɔ ama wɔakɔfa asaase a mekaa wɔn agyanom ntam sɛ mede bɛma wɔn no.+
7 “Deɛ ɛhia ara ne sɛ wobɛnya akokoɔduro na woama wo ho ayɛ den paa, na woahwɛ adi Mmara a m’akoa Mose de maa wo no nyinaa so pɛpɛɛpɛ. Mmane mfiri ho nkɔ nifa anaa benkum;+ ɛno bɛma woayɛ w’adeɛ nyansam baabi a wobɛkɔ biara.+ 8 Mma Mmara nwoma yi mmfiri w’anom,+ na mmom kenkan na dwendwene ho* awia ne anadwo na woadi deɛ wɔatwerɛ wom nyinaa so pɛpɛɛpɛ.+ Woyɛ saa a, ɛbɛsi wo yie na woayɛ w’adeɛ nyansam.+ 9 Menka nkyerɛɛ wo sɛ nya akokoɔduro na ma wo ho nyɛ den anaa? Nsuro, na mmɔ hu, ɛfiri sɛ baabi a wobɛkɔ biara, Yehowa wo Nyankopɔn ka wo ho.”+
10 Afei Yosua ka kyerɛɛ ɔman no mpanimfoɔ sɛ: 11 “Momfa nkurɔfoɔ no mu wɔ asoɛeɛ hɔ, na monka nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Aka nnansa, mobɛtwa Asubɔnten Yordan yi akɔfa asaase a Yehowa mo Nyankopɔn de ama mo no.+ Enti, monhwehwɛ aduane a mobɛdi wɔ kwan so.’”
12 Na Yosua ka kyerɛɛ Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fã no sɛ: 13 “Monkae asɛm a Yehowa akoa Mose ka kyerɛɛ mo yi,+ ‘Yehowa mo Nyankopɔn ama moanya asomdwoeɛ, na ɔde asaase yi ama mo. 14 Mo yerenom, mo mma, ne mo nyɛmmoa bɛka Yordan agya ha,* asaase a Mose de ama mo yi so.+ Mmarima a monim ko yie nyinaa deɛ,+ momfa mo akodeɛ na monni mo nuanom anim ntwa Yordan.+ Ɛsɛ sɛ moboa wɔn 15 kɔsi sɛ Yehowa bɛma mo nuanom asomdwoeɛ sɛdeɛ wama mo asomdwoeɛ no, na wɔafa asaase a Yehowa mo Nyankopɔn de rema wɔn no. Mowie a, na moasan mo akyi abɛfa asaase a wɔde ama mo sɛ montena so no, asaase a Yehowa akoa Mose de ama mo wɔ Yordan agya wɔ apueeɛ fam no.’”+
16 Ɛnna wɔka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Deɛ woaka akyerɛ yɛn nyinaa yɛbɛyɛ, na baabiara a wobɛsoma yɛn no, yɛbɛkɔ.+ 17 Sɛdeɛ yɛtiee Mose wɔ biribiara mu no, saa ara na yɛbɛtie wo. Deɛ yɛresrɛ ara ne sɛ, Yehowa wo Nyankopɔn nni w’akyi sɛdeɛ ɔdii Mose akyi no.+ 18 Obiara a ɔbɛsɔre atia w’ahyɛdeɛ na wantie asɛm biara a wobɛka akyerɛ no no, wɔnku no.+ Enti nya akokoɔduro na ma wo ho nyɛ den.”+
2 Afei Nun ba Yosua somaa mmarima mmienu kodɛɛ firii Sitim+ sɛ akwansrafoɔ.* Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ nkɔhwɛ sɛdeɛ asaase no teɛ, ɛnkanka Yeriko kuro no.” Enti wɔsiim kɔe, na wɔkɔduruu tuutuuni bi a ne din de Rahab+ fie, na wɔsoɛɛ hɔ. 2 Na nkurɔfoɔ kɔka kyerɛɛ Yeriko hene sɛ: “Hwɛ! Israelfoɔ mmarima bi awia wɔn ho aba ha anadwo yi rebɛhwɛ sɛdeɛ yɛn asaase yi teɛ.” 3 Ɛnna Yeriko hene soma kɔka kyerɛɛ Rahab sɛ: “Yi mmarima a wɔabɛsoɛ wo fie ha no bra, na wɔawia wɔn ho aba ha sɛ wɔrebɛhwɛ sɛdeɛ yɛn asaase no nyinaa teɛ.”
4 Nanso ɔbaa no de mmarima mmienu no sieeɛ. Ɛnna ɔkaa sɛ: “Ampa, mmarima no baa me nkyɛn, nanso mennim baabi a wɔfiri. 5 Esum duruiɛ a wɔrebɛto kuro no pono mu no, mmarima no pue kɔe, nanso mennim baabi a wɔfaeɛ. Monyɛ ntɛm nni wɔn akyi, na mobɛto wɔn.” 6 (Nso na ɔde wɔn kɔ ɛdan no atifi de wɔn akɔsie asaawa nnua bi a wɔahyehyɛ wɔ atifi hɔ no mu.) 7 Enti ɔhene nkurɔfoɔ no de wɔn ani kyerɛɛ baabi a wɔtwa Yordan no,+ na wɔdii wɔn akyi. Berɛ a ɔhene nkurɔfoɔ no pue kɔeɛ ara pɛ na wɔtoo kuro no pono mu.
8 Ansa na mmarima a wɔwɔ ɛdan no atifi bɛda no, ɔbaa no foro kɔɔ wɔn nkyɛn. 9 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Menim sɛ Yehowa de asaase yi bɛma mo,+ na mo ho hu atɔ yɛn so.+ Mo nti, asaase yi sofoɔ nyinaa abɔ hu,+ 10 ɛfiri sɛ yɛate sɛdeɛ Yehowa maa Ɛpo Kɔkɔɔ no wee wɔ mo anim berɛ a mofiri Egypt reba no,+ ne deɛ mode yɛɛ Amorifoɔ ahemfo mmienu, Sihon+ ne Og+ a mosɛee wɔn wɔ Yordan agya* no. 11 Berɛ a yɛteeɛ no, yɛn akoma tui,* na mo nti obiara abɔ hu, ɛfiri sɛ Yehowa mo Nyankopɔn yɛ ɔsoro a ɛwɔ soro ne asaase a ɛwɔ fam yi Nyankopɔn.+ 12 Afei mesrɛ mo, monka me ntam Yehowa din mu sɛ, ɔdɔ a ɛnni hwammɔ a mada no adi akyerɛ mo nti, mo nso mobɛda ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi akyerɛ me papa fiefoɔ. Na momma me adanseɛ* a ɛkyerɛ sɛ mobɛdi mo asɛm so. 13 Monnye me papa ne me maame ne me nua mmarima ne me nua mmaa ne wɔn fiefoɔ nyinaa. Monnye yɛn na yɛanwuwu.”*+
14 Ɛnna mmarima no ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ́ mobɛwu deɛ, anka yɛde yɛn nkwa* bɛtwa so! Sɛ moamma obiara anhunu deɛ enti a yɛbaa ha, na Yehowa de asaase yi ma yɛn a, yɛn nso yɛbɛda ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi akyerɛ mo na yɛadi mo nokorɛ.” 15 Afei ɔbaa no maa wɔn ahoma maa wɔde faa mpomma mu sii fam, ɛfiri sɛ na ne dan si kuro no fasuo so. Ɔfasuo no so na na ɔteɛ.+ 16 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ bepɔ so na momfa mo ho nsie nnansa, na wɔn a wɔrehwehwɛ mo no anhu mo. Sɛ wɔn a wɔrehwehwɛ mo no san ba a, na moakɔ mo kwan.”
17 Ɛnna mmarima no nso ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ ntam a woama yɛaka yi bɛyɛ adwuma a,+ 18 yɛba asaase yi so a, gye sɛ yɛhunu sɛ wode ahoma kɔkɔɔ yi asɛn mpomma a worema yɛafa mu yi ho. Ma wo papa ne wo maame ne wo nuanom ne wo papa fiefoɔ nyinaa mmɛka wo ho wɔ fie ha.+ 19 Obiara a ɔbɛfiri wo fie yi mu akɔ abɔnten no, sɛ ɔwu a, ɔno ara na ayɛ,* na yɛrenni fɔ. Na obiara a ɔbɛtena wo nkyɛn wɔ fie ha deɛ, sɛ bɔne bi to no a,* ɛnneɛ yɛbɛdi fɔ.* 20 Na sɛ woma obi hunu deɛ enti a yɛbaa ha a,+ ɛnneɛ yɛrenni fɔ wɔ ntam a woama yɛaka yi ho.” 21 Ɛnna ɔbaa no kaa sɛ: “Deɛ moaka yi, ɛmmra mu saa.”
Afei ɔgyaa wɔn kwan maa wɔkɔe. Na ɔde ahoma kɔkɔɔ no sɛn mpomma no ho. 22 Enti wɔfirii hɔ kɔɔ bepɔ so, na wɔtenaa hɔ nnansa kɔsii sɛ wɔn a wɔrehwehwɛ wɔn no san baeɛ. Wɔhwehwɛɛ akwan no nyinaa so, nanso wɔanhu wɔn. 23 Afei mmarima mmienu no siane firii bepɔ no so, na wɔtwaa nsuo no baa Nun ba Yosua nkyɛn, na wɔbɛkaa deɛ ɛtoo wɔn no nyinaa kyerɛɛ no. 24 Na wɔka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Yehowa de asaase no nyinaa ahyɛ yɛn nsa.+ Na yɛn nti, asaase no sofoɔ nyinaa abɔ hu.”+
3 Ɛnna Yosua sɔree anɔpatutuutu, na ɔne Israelfoɔ* nyinaa tu firii Sitim+ kɔɔ Yordan ano. Wɔdaa hɔ maa adeɛ kyee ansa na wɔretwa.
2 Nnansa akyi no, mpanimfoɔ no+ faa nkurɔfoɔ no mu wɔ asoɛeɛ hɔ nyinaa, 3 na wɔka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Sɛ mohunu sɛ Lewifoɔ asɔfoɔ no so Yehowa mo Nyankopɔn apam adaka no a,+ ɛhɔ ara, momfiri baabi a mowɔ no na monni akyire. 4 Nanso momma kwan bɛyɛ basafa 2,000* nna mo ne apam adaka no ntam; mommmɛn ho, na ɛbɛma moahunu ɛkwan a mobɛfa so, ɛfiri sɛ momfaa ɛkwan no so da.”
5 Afei Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Monte mo ho,*+ ɛfiri sɛ ɔkyena, Yehowa bɛyɛ anwanwadeɛ wɔ mo mu.”+
6 Ɛnna Yosua ka kyerɛɛ asɔfoɔ no sɛ: “Momfa apam adaka no,+ na monni ɔman no anim.” Enti wɔfaa apam adaka no dii ɔman no anim.
7 Na Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Ɛnnɛ da yi, mɛfiri aseɛ ayɛ wo kɛseɛ wɔ Israelfoɔ nyinaa anim,+ na wɔahunu sɛ sɛdeɛ medii Mose akyi no,+ saa ara na mɛdi w’akyi.+ 8 Fa ahyɛdeɛ yi ma asɔfoɔ a wɔso apam adaka no sɛ: ‘Sɛ moduru Yordan nsuo no ano a, monnyina Yordan no mu dinn.’”+
9 Ɛnna Yosua ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ: “Mommra ha na mommɛtie Yehowa mo Nyankopɔn asɛm.” 10 Na Yosua kaa sɛ: “Wei na mode bɛhunu sɛ Onyankopɔn teasefoɔ bi wɔ mo mu.+ Ɔbɛpamo Kaananfoɔ ne Hitifoɔ ne Hiwifoɔ ne Perisifoɔ ne Girgasifoɔ ne Amorifoɔ ne Yebusifoɔ afiri mo anim.+ 11 Hwɛ! Asaase nyinaa Wura no apam adaka redi mo anim akɔ Yordan mu. 12 Afei monyi mmarima 12 mfiri Israel mmusuakuo no mu, abusuakuo biara mu ɔbarima baako,+ 13 na sɛ asɔfoɔ a wɔso asaase nyinaa Wura, Yehowa, Adaka no de wɔn nan si Yordan nsuo no mu ara pɛ, nsuo a ɛtene firi atifi no bɛtwa, na agyina faako te sɛ ɔfasuo.”+
14 Enti berɛ a ɔman no tu firii wɔn ntomadan mu a wɔrekɔtwa Yordan no, asɔfoɔ a wɔso apam adaka+ no dii ɔman no anim. 15 (Ɛduru berɛ a wɔtwa hwiit a, saa berɛ no nyinaa Yordan yiri ma ɛbu fa ne kɔn so.)+ Na berɛ a asɔfoɔ a wɔso Adaka no duruu Yordan nsuo no ano a wɔde wɔn nan sii nsuo no mu ara pɛ, 16 nsuo a ɛtene firi atifi no nyinaa bɛgyinaa faako. Ɛkɔɔ soro te sɛ ɔfasuo wɔ akyirikyiri, wɔ Adam, kuro bi a ɛbɛn Saretan. Ɛnna deɛ ɛtene kɔ Araba Po a ɛno ara ne Nkyene Po* no mu no nso twaeɛ. Ɛtwae koraa maa ɔman no faa baabi a ɛne Yeriko di nhwɛanimu no twae. 17 Na asɔfoɔ a wɔso Yehowa apam adaka no kɔɔ so gyinaa hɔ dinn wɔ asaase a ɛso awo so+ wɔ Yordan mfimfini kɔsii sɛ Israel man no nyinaa faa asaase a ɛso awo so+ twaa Yordan wieeɛ.
4 Berɛ a ɔman no nyinaa twaa Yordan wieeɛ no, Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: 2 “Yi mmarima 12 firi ɔman no mu, abusuakuo biara mu ɔbarima baako,+ 3 na ka kyerɛ wɔn sɛ: ‘Momfa aboɔ 12 mfiri Yordan mfimfini, baabi a na asɔfoɔ no nan sisi no,+ na momfa ntwa nkɔgu baabi a mobɛsoɛ anadwo yi.’”+
4 Enti Yosua frɛɛ mmarima 12 a ɔyii wɔn firii Israelfoɔ mu no, abusuakuo biara mu ɔbarima baako, 5 na Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monsene nkɔdi Yehowa mo Nyankopɔn Adaka no anim nkɔ Yordan mfimfini, na obiara mfa boɔ baako nto n’abati, sɛdeɛ Israel mmusuakuo dodoɔ teɛ, 6 na ɛnyɛ adanseɛ mma mo. Na sɛ akyire yi mo mma bisa mo sɛ, ‘Mode aboɔ yi reyɛ dɛn?’ a,+ 7 monka nkyerɛ wɔn sɛ: ‘Yordan nsuo no twae wɔ Yehowa apam adaka no anim.+ Berɛ a adaka no twaa Yordan no, Yordan nsuo no twae. Na aboɔ yi bɛma Israelfoɔ akae saa asɛm yi daa.’”*+
8 Enti Israelfoɔ no yɛɛ deɛ Yosua kaeɛ no pɛpɛɛpɛ, na wɔsesaa aboɔ 12 firii Yordan mfimfini, sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Yosua no. Aboɔ no dodoɔ ne Israel mmusuakuo no dodoɔ yɛ pɛ. Wɔde twa kɔɔ baabi a wɔbɛsoɛ anadwo no, na wɔde kɔguu hɔ.
9 Afei nso, Yosua hyehyɛɛ aboɔ 12 wɔ Yordan mfimfini, baabi a asɔfoɔ a na wɔso apam adaka no de wɔn nan sisiiɛ no.+ Na aboɔ no wɔ hɔ de bɛsi nnɛ.
10 Asɔfoɔ a wɔso Adaka no kɔɔ so gyinaa Yordan mfimfini kɔsii sɛ wɔwiee deɛ Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ ɔnka nkyerɛ ɔman no sɛ wɔnyɛ no nyinaa; wɔyɛɛ deɛ na Mose aka akyerɛ Yosua no nyinaa. Saa berɛ no nyinaa, na ɔman no retwa Yordan no ntɛmntɛm. 11 Berɛ a ɔman no nyinaa twa wiee pɛ, asɔfoɔ no nso de Yehowa Adaka no twae wɔ ɔman no anim.+ 12 Na Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fã no de wɔn akodeɛ twa kɔdii Israelfoɔ a aka no anim,+ sɛdeɛ Mose ka kyerɛɛ wɔn no.+ 13 Asraafoɔ bɛyɛ 40,000 a wɔkurakura akodeɛ rekɔ ɛko na wɔtwae wɔ Yehowa anim kɔɔ Yeriko serɛ so.
14 Saa da no, Yehowa yɛɛ Yosua kɛseɛ wɔ Israelfoɔ nyinaa anim,+ na wɔbuu no paa* ne nkwa nna nyinaa sɛdeɛ na wɔbu Mose paa no.+
15 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: 16 “Ka kyerɛ asɔfoɔ a wɔso Adanseɛ Adaka+ no sɛ wɔmfiri Yordan mu.” 17 Enti Yosua ka kyerɛɛ asɔfoɔ no sɛ: “Momfiri Yordan mu mmra.” 18 Berɛ a asɔfoɔ a wɔso Yehowa apam adaka no+ firii Yordan mfimfini baeɛ a wɔn nan kaa asaase a ɛso awo no, Yordan nsuo no san bae, na ɛyiri bu faa ne kɔn so+ sɛdeɛ na ɛteɛ kane no.
19 Bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so du na ɔman no firii Yordan mu, na wɔbɛsoɛɛ Gilgal+ wɔ Yeriko apueeɛ fam hyeɛ so.
20 Aboɔ 12 a wɔfa firii Yordan mu no, Yosua de bɛsisii Gilgal.+ 21 Ɛnna ɔka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ: “Sɛ ɔkyena bi mo mma bisa wɔn papanom sɛ, ‘Aboɔ yi nso kyerɛ sɛn?’ a,+ 22 monka nkyerɛ mo mma no sɛ, ‘Israelfoɔ faa asaase a ɛso awo so na ɛtwaa Yordan.+ 23 Yehowa mo Nyankopɔn maa Yordan nsuo no we kɔsii sɛ wɔn nyinaa twaeɛ, sɛdeɛ Yehowa mo Nyankopɔn maa Ɛpo Kɔkɔɔ no wee wɔ yɛn anim kɔsii sɛ yɛtwaeɛ no.+ 24 Ɔyɛɛ saa na ama asaase so aman nyinaa ahunu sɛ Yehowa tumi sõ,+ na ama mo nso moasuro Yehowa mo Nyankopɔn daa.’”
5 Amorifoɔ+ ahemfo a wɔwɔ Yordan agya wɔ atɔeɛ fam* no nyinaa, ne Kaanan+ ahemfo a wɔtete po ho no nyinaa tee sɛ Yehowa maa Yordan nsuo no wee wɔ Israelfoɔ no anim kɔsii sɛ wɔn nyinaa twaeɛ. Wɔtee ara pɛ na wɔn akoma tuiɛ,*+ na Israelfoɔ no nti wɔbɔɔ hu paa.*+
2 Saa berɛ no, Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Fa aboɔ a ano yɛ nnam yɛ nsekan na twa Israel mmarima twetia*+ bio, deɛ ɛtɔ so mmienu.” 3 Enti Yosua de aboɔ yɛɛ nsekan de twaa Israel mmarima no twetia wɔ Gibeat-Haaralot.*+ 4 Deɛ enti a Yosua twaa wɔn twetia ne sɛ: Ɔman a wɔfiri Egypt baeɛ no mu mmarima nyinaa, mmarima a wɔbɛtumi akɔ ɛko* no nyinaa wuwuu ɛkwan so wɔ serɛ no so berɛ a wɔfirii Egypt no.+ 5 Wɔn a wɔfiri Egypt baeɛ no nyinaa deɛ, na wɔatwa wɔn twetia dada. Nanso berɛ a wɔfirii Egypt no, wɔn a wɔwoo wɔn kwan so wɔ serɛ so no nyinaa deɛ, na wɔntwaa wɔn twetia. 6 Israelfoɔ no nantee serɛ no so mfeɛ 40+ kɔsii sɛ ɔman no nyinaa, kyerɛ sɛ, mmarima a wɔbɛtumi akɔ ɛko a wɔfiri Egypt baeɛ a wɔantie Yehowa no nyinaa ase hyeeɛ.+ Yehowa kaa wɔn ntam sɛ ɔremma wɔnhunu asaase a Yehowa kaa wɔn agyanom ntam sɛ ɔde bɛma yɛn no da,+ asaase a nufosuo ne ɛwoɔ abu so wɔ so no.+ 7 Enti ɔmaa wɔn mma bɛsii wɔn anan.+ Weinom na Yosua twaa wɔn twetia. Ná wɔntwaa twetia ɛfiri sɛ wɔantwa wɔn twetia wɔ kwan so.
8 Berɛ a wɔtwaa ɔman no nyinaa twetia wieeɛ no, wɔtenaa wɔn asoɛeɛ hɔ kɔsii sɛ wɔn ho tɔɔ wɔn.
9 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Ɛnnɛ mapia Egypt animguaseɛ nyinaa afiri mo so.” Enti wɔtoo hɔ din Gilgal,*+ na wɔfrɛ hɔ saa de bɛsi nnɛ.
10 Israelfoɔ no kɔɔ so tenaa Gilgal, na bosome no da a ɛtɔ so 14 anwummerɛ no, wɔdii Twam no+ wɔ Yeriko serɛ no so. 11 Berɛ a wɔdii Twam no a adeɛ kyeeɛ no, saa da no ara na wɔfirii aseɛ dii asaase no so nnɔbaeɛ, paanoo a mmɔka* nnim+ ne nkyeweɛ. 12 Na da a wɔdii asaase no so nnɔbaeɛ no bi no, adeɛ kyeeɛ ara na mana no gyaee tɔ, na Israelfoɔ annya mana bio.+ Saa afe no, wɔfirii aseɛ dii Kaanan asaase no so nnɔbaeɛ no bi.+
13 Berɛ a Yosua wɔ Yeriko mpɔtamu hɔ baabi no, ɔmaa n’ani so hunuu sɛ ɔbarima bi+ atwe sekan gyina n’anim.+ Ɛnna Yosua kɔɔ ne nkyɛn kɔbisaa no sɛ: “Wowɔ yɛn afã anaa yɛn atamfo afã?” 14 Ɔbarima no buaa sɛ: “Daabi, mmom maba sɛ Yehowa safohene.”*+ Ɛnna Yosua bɔɔ ne mu ase de n’anim butuu fam bisaa no sɛ: “Asɛm bɛn na me wura wɔ ma n’akoa?” 15 Na Yehowa safohene no ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Yi wo nan ase mpaboa, ɛfiri sɛ baabi a wogyina no yɛ kronkron.” Ntɛm ara na Yosua yɛɛ saa.+
6 Yeriko deɛ, Israelfoɔ no nti, na wɔato kuro no mu abram akyire; obi nkɔ, na obi mma.+
2 Na Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Hwɛ, mede Yeriko ne ne hene ne ne mmarima a wɔnim ko yie no ahyɛ wo nsa.+ 3 Enti mmarima a mokɔ ɛko no nyinaa, monnante* ntwa kuro no ho nhyia; montwa kuro no ho nhyia pɛnkoro. Monyɛ saa ara nnansia. 4 Ma asɔfoɔ nson mfa nnwan mmɛn nson nni Adaka no anim. Na da a ɛtɔ so nson no, montwa kuro no ho nhyia mprɛ nson, na asɔfoɔ no nhyɛn mmɛn no.+ 5 Sɛ wɔbɔ abɛn* no na mote abɛn no nnyegyeeɛ* pɛ, ɔman no nyinaa nteam dendeenden, na kuro no fasuo nyinaa bɛdwiri agu.+ Ɛba saa a, ɔman no mmɔ nwura kuro no mu; obiara nkɔ n’anim tee.”
6 Enti Nun ba Yosua frɛfrɛɛ asɔfoɔ no bɛhyiae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momfa apam adaka no, na asɔfoɔ nson mfa nnwan mmɛn nson nni Yehowa Adaka no anim.”+ 7 Afei ɔka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Monkɔ nkɔnante* ntwa kuro no ho nhyia, na asraafoɔ+ a wɔkurakura akodeɛ no nni Yehowa Adaka no anim.” 8 Sɛdeɛ Yosua ka kyerɛɛ ɔman no, asɔfoɔ nson a wɔkurakura nnwan mmɛn nson wɔ Yehowa anim no bɛdii animu hyɛn mmɛn no, na Yehowa apam adaka no dii wɔn akyi. 9 Asraafoɔ a wɔkurakura akodeɛ no dii asɔfoɔ a wɔrehyɛn mmɛn no anim, na asraafoɔ a wɔbɔ kyidɔm* no nso dii Adaka no akyi berɛ a asɔfoɔ no gu so rehyɛn mmɛn no.
10 Ná Yosua aka akyerɛ ɔman no sɛ: “Monnteam na mommma obi nnte mo nne. Mommmue mo ano nnka biribiara kɔsi da a mɛka akyerɛ mo sɛ, ‘Monteam!’ ansa na moateam.” 11 Na ɔmaa wɔde Yehowa Adaka no twaa kuro no ho hyiae. Wɔtwaa ho hyiaa pɛnkoro, na wɔsan kɔɔ wɔn asoɛeɛ kɔdae.
12 Adeɛ kyeeɛ no, Yosua sɔree anɔpatutuutu, na asɔfoɔ no faa Yehowa Adaka no.+ 13 Ɛnna asɔfoɔ nson a wɔkurakura nnwan mmɛn nson no hyɛn mmɛn no dii Yehowa Adaka no anim; berɛ a wɔrekɔ nyinaa na wɔrehyɛn. Asraafoɔ a wɔkurakura akodeɛ no nso dii wɔn anim. Afei asraafoɔ a wɔdi akyire no dii Yehowa Adaka no akyi berɛ a asɔfoɔ no gu so rehyɛn mmɛn no. 14 Da a ɛtɔ so mmienu no, wɔnante* twaa kuro no ho hyiaa pɛnkoro, na wɔsan kɔɔ wɔn asoɛeɛ. Wɔyɛɛ saa ara nnansia.+
15 Da a ɛtɔ so nson no, anɔpatutuutu a animu retete no ara na wɔsɔreeɛ, na wɔnante* twaa kuro no ho hyiaa saa ara mprɛ nson. Saa da no nko ara na wɔnante twaa kuro no ho hyiaa mprɛ nson.+ 16 Ɛduruu deɛ ɛtɔ so nson so no, asɔfoɔ no hyɛn mmɛn no, na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Monteam,+ ɛfiri sɛ Yehowa de kuro no ama mo! 17 Ɛsɛ sɛ mosɛe kuro no ne biribiara a ɛwom;+ ne nyinaa yɛ Yehowa dea. Tuutuuni Rahab+ nko ara na ɛnsɛ sɛ mode mo nsa ka no, ɔno ne wɔn a wɔka ne ho wɔ efie hɔ nyinaa, ɛfiri sɛ ɔde nnipa a yɛsomaa wɔn no sieeɛ.+ 18 Montwe mo ho mfiri biribiara a ɛsɛ sɛ mosɛe no ho,+ na mo kɔn annɔ, na moamfa nneɛma a ɛsɛ sɛ mosɛe no no bi,+ na Israel asoɛeɛ no ammɛyɛ biribi a ɛfata sɛ wɔsɛe no, na ankɔfa ɔhaw* biara amma so.+ 19 Dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ne nneɛma a wɔde kɔbere ne dadeɛ ayɛ nyinaa deɛ, ɛyɛ kronkron ma Yehowa.+ Ɛsɛ sɛ ne nyinaa kɔ Yehowa adekoradan mu.”+
20 Afei wɔhyɛn mmɛn no, na ɔman no teaam.+ Berɛ a ɔman no tee abɛn no a wɔteaam dendeenden pɛ, ɔfasuo no nyinaa dwiri guu fam.+ Afei wɔbɔ wuraa kuro no mu; obiara kɔɔ n’anim tee, na wɔfaa kuro no. 21 Wɔde sekan sɛee biribiara a ɛwɔ kuro no mu, mmaa ne mmarima, mpanin ne mmɔfra, anantwie ne nnwan ne mfunumu.+
22 Na Yosua ka kyerɛɛ mmarima mmienu a wɔkɔhwɛɛ asaase no sɛ: “Monkɔ tuutuuni baa no fie nkɔfa ɔno ne wɔn a wɔka ne ho nyinaa mfiri hɔ, sɛdeɛ mokaa no ntam no.”+ 23 Enti mmeranteɛ a wɔkɔhwɛɛ kuro no kɔfaa Rahab ne ne papa ne ne maame ne ne nua mmarima ne wɔn a wɔka ne ho nyinaa firii hɔ, kyerɛ sɛ, wɔde n’abusuafoɔ nyinaa firii hɔ.+ Wɔde wɔn baa Israelfoɔ asoɛeɛ no akyi dwoodwoo.
24 Afei wɔde egya hyee kuro no ne emu nneɛma nyinaa. Nanso dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ne nneɛma a wɔde kɔbere ne dadeɛ ayɛ no deɛ, wɔde kɔɔ Yehowa fie adekoradan mu.+ 25 Tuutuuni Rahab ne ne papa fiefoɔ ne wɔn a wɔwɔ ne nkyɛn no nko ara na Yosua anku wɔn,+ na ɔte Israelfoɔ mu bɛsi nnɛ,+ ɛfiri sɛ ɔde nnipa a Yosua somaa wɔn maa wɔkɔhwɛɛ Yeriko no sieeɛ.+
26 Saa berɛ no, Yosua kaa ntam sɛ:* “Obiara a ɔbɛkyekyere Yeriko kuro yi, nnome nka no wɔ Yehowa anim. Sɛ ɔto kuro no fapem a, ne ba panin bɛwu, na ɔsisi n’apono a, ne ba kumaa bɛwu.”+
27 Enti Yehowa gyinaa Yosua akyi,+ na Yosua din* trɛɛ wɔ asaase nyinaa so.+
7 Nanso Israelfoɔ no anni nokorɛ wɔ nneɛma a wɔkaa sɛ wɔnsɛe no no ho, ɛfiri sɛ Sera ba Sabdi ba Karmi ba Akan+ a ɔfiri Yuda abusuakuo mu no faa nneɛma a wɔkaa sɛ wɔnsɛe no no bi.+ Enti Yehowa bo fuu Israelfoɔ no dendeenden.+
2 Na Yosua somaa mmarima firii Yeriko sɛ wɔnkɔ Ai+ a ɛbɛn Bet-Awen wɔ Betel+ apueeɛ fam, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monwia mo ho mforo nkɔhwɛ sɛdeɛ asaase no teɛ.” Enti mmarima no wiaa wɔn ho foro kɔhwɛɛ sɛdeɛ Ai teɛ. 3 Berɛ a wɔsan baa Yosua nkyɛn no, wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnhia sɛ ɔman no nyinaa foro kɔ hɔ. Mmarima bɛyɛ 2,000 anaa 3,000 bɛtumi adi Ai so nkonim. Nha ɔman no nyinaa sɛ wɔnkɔ hɔ, ɛfiri sɛ nkurɔfoɔ a wɔwɔ hɔ no nnɔɔso.”
4 Enti mmarima bɛyɛ 3,000 foro kɔɔ hɔ, nanso wɔdwane firii Ai mmarima no anim.+ 5 Ai mmarima no kunkum wɔn mu 36, na wɔtaa wɔn firii kuro no pono ano kɔsii Sebarim,* na berɛ a wɔresiane nyinaa, na wɔrekunkum wɔn. Wei maa nnipa no bɔɔ hu yie.*
6 Ɛnna Yosua suan n’ataadeɛ mu, na ɔde n’anim butuu fam wɔ Yehowa Adaka no anim kɔsii anwummerɛ, ɔne Israel mpanimfoɔ no, na wɔde dɔteɛ guu wɔn tirim mprɛ pii. 7 Afei Yosua kaa sɛ: “Ao Awurade Tumfoɔ Yehowa, adɛn nti na wode ɔman yi atwa Yordan aba ha sɛ wode yɛn rebɛhyɛ Amorifoɔ nsa ama wɔasɛe yɛn? Yɛnim a, anka yɛtenaa yɛn baabi wɔ Yordan agya hɔ!* 8 Yehowa, mepa wo kyɛw o, Israel na adwane afiri n’atamfo anim* yi. Seesei deɛn bio na menka? 9 Sɛ Kaananfoɔ ne asaase no so nnipa nyinaa te a, wɔbɛba abɛtwa yɛn ho ahyia, na wɔapepa yɛn din afiri asaase so koraa. Deɛn na wobɛyɛ wɔ wo din kɛseɛ no ho?”+
10 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Sɔre! Adɛn nti na wode w’anim abutu fam? 11 Israel ayɛ bɔne. Apam a me ne wɔn yɛeɛ a meka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnni so no, wɔabu so.+ Nneɛma a ɛsɛ sɛ wɔsɛe no no, wɔafa bi;+ wɔawia,+ na wɔayɛ kodɛɛ de akɔka wɔn nneɛma ho.+ 12 Enti Israelfoɔ rentumi nnyina wɔn atamfo anim. Wɔabɛyɛ biribi a ɛfata sɛ wɔsɛe wɔn. Ɛno nti, wɔbɛdane wɔn akyi akyerɛ wɔn atamfo na wɔadwane afiri wɔn anim. Merenni mo akyi bio, gye sɛ mosɛe adeɛ a ɛsɛ sɛ mosɛe no no firi mo mu.+ 13 Sɔre na te ɔman no ho!+ Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Monte mo ho mma ɔkyena, na deɛ Israel Nyankopɔn Yehowa aka nie: “O Israel, biribi wɔ mo mu a ɛsɛ sɛ mosɛe no. Sɛ moanyi adeɛ a ɛsɛ sɛ mosɛe no no amfiri mo mu a, morentumi nnyina mo atamfo anim. 14 Ɔkyena anɔpa, mmusuakuo no mmra mmaako mmaako. Abusuakuo a Yehowa bɛyi no,+ wɔbɛgyinagyina mmusua mmusua. Afei abusua a Yehowa bɛyi no, wɔbɛgyinagyina afie afie. Efie a Yehowa bɛyi no, emu mmarima nso bɛba mmaako mmaako. 15 Na deɛ wɔbɛkye no sɛ adeɛ a ɛsɛ sɛ wɔsɛe no no wɔ ne nkyɛn no, wɔmfa egya nhye no,+ ɔno ne deɛ ɔwɔ nyinaa, ɛfiri sɛ wabu Yehowa apam so,+ na wayɛ aniwudeɛ wɔ Israel.”’”
16 Adeɛ kyeeɛ no, Yosua sɔree anɔpatutuutu frɛɛ Israel mmusuakuo no baa mmaako mmaako, na wɔyii Yuda abusuakuo no. 17 Afei ɔmaa Yuda mmusua no baa mmaako mmaako, na wɔyii Sera abusua no.+ Na ɔmaa Sera abusua no mu mmarima baa mmaako mmaako, na wɔyii Sabdi. 18 Awieeɛ koraa no, ɔmaa Sabdi fie mmarima baa mmaako mmaako, na wɔyii Sera ba Sabdi ba Karmi ba Akan a ɔfiri Yuda abusuakuo mu no.+ 19 Afei Yosua ka kyerɛɛ Akan sɛ: “Me ba, mesrɛ wo, hyɛ Israel Nyankopɔn Yehowa animuonyam na ka wo bɔne kyerɛ no. Mesrɛ wo, ka deɛ woayɛ kyerɛ me. Mfa nsie me.”
20 Ɛnna Akan ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Nokwasɛm nie, me na mayɛ bɔne atia Israel Nyankopɔn Yehowa, na deɛ meyɛeɛ nie: 21 Mehunuu ataadeɛ fɛfɛɛfɛ bi a ɛfiri Sinar+ ne dwetɛ nnwetɛbena* 200 ne sika kɔkɔɔ a emu duro yɛ nnwetɛbena 50 wɔ nneɛma no mu, na na m’ani gye ho, enti mefae. Mede asie fam wɔ me ntomadan mu, na sika no hyɛ aseɛ.”
22 Ntɛm ara na Yosua somaa nnipa, na wɔde mmirika kɔɔ ntomadan no mu. Ampa ara, na ɔde ataadeɛ no asie ne ntomadan mu, na na sika no hyɛ aseɛ. 23 Enti wɔyiyii nneɛma no firii ntomadan no mu de brɛɛ Yosua ne Israelfoɔ no nyinaa, na wɔde guu Yehowa anim. 24 Afei Yosua ne Israelfoɔ nyinaa de Sera ba Akan+ ne dwetɛ ne ataadeɛ ne sika kɔkɔɔ+ no ne ne mma mmarima ne ne mma mmaa ne n’anantwie ne ne mfunumu ne ne nnwan ne ne ntomadan ne biribiara a ɔwɔ kɔɔ Akor Bɔn mu.*+ 25 Ɛnna Yosua kaa sɛ: “Adɛn nti na wode mmusuo* aba yɛn so yi?+ Yehowa de mmusuo bɛba wo so nnɛ.” Ɔkaa saa no, Israelfoɔ nyinaa sii no aboɔ,+ na wɔwieeɛ no, wɔde egya hyee wɔn.+ Enti wɔsii wɔn nyinaa aboɔ. 26 Na wɔsoaa aboɔ guu ne so maa ɛyɛɛ esie kɛseɛ, na ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ. Afei Yehowa bo dwoe.+ Ɛno nti na wɔtoo hɔ din Akor* Bɔn, na wɔfrɛ hɔ saa de bɛsi nnɛ.
8 Na Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Nsuro, na mmɔ hu.+ Fa asraafoɔ no nyinaa ka wo ho na momforo nkɔ Ai so. Hwɛ, mede Ai hene ne ne man ne ne kuro ne n’asaase ahyɛ wo nsa.+ 2 Yɛ Ai ne ne hene sɛdeɛ woyɛɛ Yeriko ne ne hene no.+ Nanso kuro yi mu nneɛma ne emu nyɛmmoa deɛ, mobɛtumi afa. Ma nnipa bi nkɔtetɛ kuro no akyi.”
3 Enti Yosua ne asraafoɔ no nyinaa foro kɔɔ Ai so. Yosua yii mmarima a wɔnim ko yie 30,000, na ɔgyaa wɔn kwan anadwo. 4 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Hwɛ, monkɔtetɛ kuro no akyi. Monhwɛ na mo ne kuro no ntam antwe pii, na obiara nyɛ krado. 5 Me nso, me ne nnipa a wɔka me ho no nyinaa bɛtwe abɛn kuro no. Na sɛ wɔpue ba yɛn so sɛdeɛ wɔyɛɛ kane no a,+ yɛbɛdwane afiri wɔn anim. 6 Sɛ wɔpue bɛdi yɛn akyi a, yɛbɛma wɔadi yɛn akyi akɔsi sɛ yɛbɛtwe wɔn afiri kuro no ho, ɛfiri sɛ wɔbɛka sɛ, ‘Wɔredwane sɛdeɛ wɔyɛɛ kane no.’+ Na yɛbɛdwane afiri wɔn anim. 7 Ɛba saa a, momfiri baabi a mokɔtetɛeɛ no nkɔfa kuro no; Yehowa mo Nyankopɔn de bɛhyɛ mo nsa. 8 Sɛ mofa kuro no pɛ, momfa egya ntom.+ Monyɛ no sɛdeɛ Yehowa aka no. Wei ne akwankyerɛ a mepɛ sɛ modi so.”
9 Ɛnna Yosua gyaa wɔn kwan, na wɔnante kɔɔ beaeɛ a wɔrekɔtetɛ no. Wɔtenaa Betel ne Ai ntam wɔ Ai atɔeɛ fam, na Yosua daa nnipa a aka no nkyɛn anadwo no.
10 Na Yosua sɔree anɔpatutuutu boaboaa asraafoɔ no ano, na ɔne Israel mpanimfoɔ dii wɔn anim kɔɔ Ai. 11 Asraafoɔ a wɔka ne ho nyinaa+ foro kɔe, na wɔkɔe ara kɔduruu kuro no anim. Wɔsoɛɛ Ai atifi fam, na na ɛbɔn da wɔne Ai ntam. 12 Saa berɛ yi nyinaa, na wayi mmarima bɛyɛ 5,000 sɛ wɔnkɔtetɛ+ Betel+ ne Ai ntam, wɔ kuro no atɔeɛ fam. 13 Enti asraafoɔ no mu fã kɛseɛ kɔsoɛɛ kuro no atifi fam,+ na asraafoɔ a wɔbɔ kyidɔm* no kɔtetɛɛ atɔeɛ fam,+ na Yosua kɔɔ ɛbɔn no mu* anadwo no.
14 Berɛ a Ai hene huu saa pɛ, ɔne kuro no mu mmarima sɔree anɔpatutuutu, na wɔyɛɛ ntɛm sɛ wɔne Israelfoɔ no rekɔko wɔ baabi a ɛne asaase pradadaa no di nhwɛanimu no. Nanso na ɔnnim sɛ ebinom akɔtetɛ no wɔ kuro no akyi. 15 Berɛ a Ai mmarima baa wɔn so no, Yosua ne Israelfoɔ no nyinaa dwane faa kwan a ɛkɔ serɛ so no so.+ 16 Ɛnna Ai mmarima frɛfrɛɛ nnipa a wɔwɔ kuro no mu nyinaa maa wɔkɔtaa wɔn so. Berɛ a wɔretaa Yosua so nyinaa, na wɔretwe wɔn firi kuro no ho. 17 Ɔbarima biara anka Ai ne Betel a wankɔdi Israelfoɔ no akyi. Wɔgyaa kuro no ano too hɔ kakraa, na wɔkɔtaa Israelfoɔ no so.
18 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Fa pea a wokura no kyerɛ Ai so,+ na mede bɛhyɛ wo nsa.”+ Enti Yosua de pea a ɔkura no kyerɛɛ kuro no so. 19 Berɛ a ɔtenee ne nsa ara pɛ na wɔn a wɔakɔtetɛ no firii baabi a wɔhyɛ no de mmirika bɔ wuraa kuro no mu kɔdii so nkonim. Ntɛm ara na wɔde egya too kuro no mu.+
20 Berɛ a Ai mmarima no danee wɔn ho no, wɔhunuu sɛ wisie firi kuro no mu reforo kɔ soro, na na wɔntumi nnwane nkɔ benkum anaa nifa. Afei wɔn a wɔredwane kɔ serɛ so no dane baa wɔn a wɔretaa wɔn so no so. 21 Berɛ a Yosua ne Israelfoɔ no nyinaa huu sɛ wɔn a wɔkɔtetɛeɛ no akɔfa kuro no, na wɔhuu sɛ kuro no mu wisie reforo kɔ soro no, wɔsan wɔn akyi bɛto hyɛɛ Ai mmarima no so. 22 Na wɔn a wɔwɔ kuro no mu no nso bɛhyiaa wɔn. Enti na Ai mmarima no aka mfimfini; Israelfoɔ binom wɔ wɔn anim, ɛnna ebinom nso wɔ wɔn akyi. Afei wɔkunkum wɔn nyinaa. Onipa baako mpo anka, na obiara nso antumi annwane.+ 23 Na Ai hene deɛ,+ wɔanku no, mmom, wɔkyee no de no baa Yosua anim.
24 Enti Israelfoɔ kunkum Aifoɔ a wɔdii wɔn akyi kɔɔ serɛ so no nyinaa wɔ serɛ no so hɔ. Wɔde sekan kunkum wɔn maa wɔsae. Wɔwieeɛ no, Israelfoɔ nyinaa san kɔɔ Ai kuro no mu de sekan kɔkunkum wɔn. 25 Saa da no, mmarima ne mmaa a wɔwuwuiɛ nyinaa yɛ 12,000, Aifoɔ nyinaa. 26 Yosua amfa ne nsa a na ɛkura pea no mu no anto hɔ+ kɔsii sɛ ɔsɛee Aifoɔ nyinaa pasaa.+ 27 Nanso kuro no mu nyɛmmoa ne emu nneɛma deɛ, Israelfoɔ no fae, sɛdeɛ ahyɛdeɛ a Yehowa de maa Yosua no teɛ no.+
28 Na Yosua hyee Ai, na ɛdanee aboɔ sum hɔ;+ ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ. 29 Na ɔde Ai hene no sɛn dua so kɔsii anwummerɛ, na berɛ a awia rekɔtɔ no, Yosua kaa sɛ wɔnyi ne funu mfiri dua no so.+ Wɔde kɔtoo kuro no pono ano, na wɔsoaa aboɔ pii guu ne so maa ɛyɛɛ esie kɛseɛ, na ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ.
30 Saa berɛ no, Yosua sii afɔrebukyia wɔ Ebal Bepɔ so+ maa Israel Nyankopɔn Yehowa 31 sɛdeɛ Yehowa akoa Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ no. Wɔatwerɛ ho asɛm wɔ Mose Mmara nwoma no+ mu sɛ: “Momfa aboɔ muamua a wɔmfaa dadeɛ nkaeɛ nsi afɔrebukyia no.”+ Na wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ne asomdwoeɛ afɔreɛ wɔ so maa Yehowa.+
32 Afei Mmara a Mose twerɛɛ no wɔ Israelfoɔ anim no,+ Yosua hwɛɛ so twerɛɛ bi guu aboɔ no so.+ 33 Na Israelfoɔ nyinaa, wɔn mpanimfoɔ, wɔn atitire, ne wɔn atemmufoɔ bɛgyinagyinaa Lewifoɔ asɔfoɔ a wɔso Yehowa apam adaka no anim wɔ Adaka no benkum ne ne nifa so. Ahɔhoɔ ne kuromafoɔ nyinaa bɛgyinagyinaa hɔ bi.+ Nnipa no fã gyinaa Gerisim Bepɔ anim, ɛnna fã nso gyinaa Ebal Bepɔ+ anim sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛhyira Israelfoɔ (sɛdeɛ na Yehowa akoa Mose ahyɛ dada no).+ 34 Ɛno akyi no, ɔkenkan Mmara no mu nsɛm nyinaa den,+ nhyira+ ne nnome,+ sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Mmara nwoma no mu no. 35 Deɛ Mose kaeɛ nyinaa, Yosua gyinaa Israel asafo no ne mmaa ne mmɔfra ne ahɔhoɔ a wɔwɔ wɔn mu* no nyinaa anim kenkan no den; wannya asɛm baako mpo.+
9 Berɛ a ahemfo a wɔwɔ Yordan atɔeɛ fam+ no nyinaa tee deɛ asi no, wɔn a wɔwɔ bepɔ so, ne Sefela, ne Ɛpo Kɛseɛ* no ano nyinaa+ ne Lebanon anim—Hitifoɔ, Amorifoɔ, Kaananfoɔ, Perisifoɔ, Hiwifoɔ ne Yebusifoɔ+— 2 kaa wɔn ho boom sɛ wɔne Yosua ne Israelfoɔ no rebɛko.+
3 Gibeonfoɔ+ nso tee deɛ Yosua de yɛɛ Yeriko+ ne Ai+ no. 4 Enti wɔyɛɛ wɔn adeɛ nyansam. Wɔfaa aduane a wɔbɛdi no kwan so guu nkotokuo dada mu, na wɔde nsã nkotokuo dada a apaapae a wɔapempam kaa ho de soasoaa wɔn mfunumu. 5 Afei nso, wɔhyehyɛɛ mpaboa dada a wɔapempam ne ntaadeɛ a ago. Paanoo a wɔfaeɛ nyinaa nso, na akyenkyene, na na ɛfurofuro. 6 Na wɔkɔɔ Yosua nkyɛn wɔ asoɛeɛ hɔ wɔ Gilgal,+ na wɔka kyerɛɛ ɔne Israel mmarima no sɛ: “Yɛfiri akyirikyiri na yɛaba. Yɛsrɛ mo, mo ne yɛn nyɛ apam.” 7 Ɛnna Israel mmarima no ka kyerɛɛ Hiwifoɔ*+ no sɛ: “Ebia yɛn nkyɛn ha yi ara na moteɛ. Enti ɛbɛyɛ dɛn na yɛne mo ayɛ apam?”+ 8 Na wɔka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Yɛyɛ wo nkoa.”
Ɛnna Yosua bisaa wɔn sɛ: “Moyɛ hwannom, na mofiri he?” 9 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yehowa wo Nyankopɔn din nti na wo nkoa firi akyirikyiri asaase bi so+ aba, ɛfiri sɛ yɛate ne nka ne deɛ ɔyɛɛ wɔ Egypt nyinaa,+ 10 ne deɛ ɔde yɛɛ Amorifoɔ ahemfo mmienu a na wɔte Yordan agya* no nyinaa, Hesbon hene Sihon+ ne Basan hene Og+ a na ɔte Astarot no. 11 Enti yɛn mpanimfoɔ ne yɛn asaase no sofoɔ nyinaa ka kyerɛɛ yɛn sɛ, ‘Momfa aduane a mobɛdi no kwan so nka mo ho ntu kwan nkɔhyia wɔn. Monka nkyerɛ wɔn sɛ: “Yɛbɛyɛ mo nkoa.+ Enti mo ne yɛn nyɛ apam.”’+ 12 Paanoo yi, ɛda a yɛrefiri yɛn afie aba mo nkyɛn no, yɛfaa sɛ yɛbɛdi no kwan so. Ná ɛyɛ hye, nanso monhwɛ, seesei akyenkyene na ɛfurofuro.+ 13 Nsã nkotokuo yi nso, berɛ a yɛhyehyɛɛ no amaama no, na ɛyɛ foforɔ koraa, nanso seesei apaapae.+ Yɛn ntaadeɛ ne yɛn mpaboa nso, ɛkwan no tenten nti, atete.”
14 Ɛnna Israel mmarima no faa wɔn aduane no bi hwɛeɛ, nanso wɔammisa Yehowa anom asɛm.+ 15 Na Yosua ne wɔn dii no asomdwoeɛ so,+ na ɔne wɔn yɛɛ apam sɛ wɔrenku wɔn. Asafo no mu mpanimfoɔ nso kaa wɔn ntam sii asɛm no so.+
16 Berɛ a wɔne wɔn yɛɛ apam no wieeɛ no, nnansa akyi na wɔtee sɛ, sɛɛ na nkurɔfoɔ no te bɛn wɔn; wɔte wɔn nkyɛn pɛɛ. 17 Afei Israelfoɔ no sii kwan so, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wɔkɔduruu nkurɔfoɔ no nkuro mu. Ná wɔn nkuro no ne Gibeon+ ne Kefira ne Beerot ne Kiriat-Yearim.+ 18 Nanso Israelfoɔ no amfa wɔn nsa anka wɔn, ɛfiri sɛ na asafo no mu mpanimfoɔ de Israel Nyankopɔn Yehowa din aka wɔn ntam.+ Enti asafo no nyinaa firii aseɛ nwiinwii tiaa mpanimfoɔ no. 19 Na mpanimfoɔ no nyinaa ka kyerɛɛ asafo no nyinaa sɛ: “Yɛde Israel Nyankopɔn Yehowa din aka wɔn ntam, enti yɛrentumi mfa yɛn nsa nka wɔn. 20 Deɛ yɛbɛyɛ nie: Yɛrenku wɔn, na ntam a yɛaka wɔn no nti, Onyankopɔn abufuo amma yɛn so.”+ 21 Mpanimfoɔ no san kaa sɛ: “Monnyaa wɔn mma wɔntena ase, nanso wɔbɛkɔ anyina* ne nsuo ama asafo no nyinaa.” Saa na mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn.
22 Afei Yosua frɛɛ wɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛn nti na modaadaa yɛn kaa sɛ, ‘Yɛfiri akyirikyiri baabi,’ berɛ a mote yɛn nkyɛn ha yi ara?+ 23 Ɛfiri nnɛ rekɔ, wɔadome mo.+ Mo nkwa nna nyinaa mobɛyɛ nkoa, na mobɛkɔ anyina ne nsuo daa wɔ me Nyankopɔn fie.” 24 Ɛnna wɔka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Asɛm no ne sɛ, wo nkoa tee no pefee sɛ Yehowa wo Nyankopɔn ka kyerɛɛ n’akoa Mose sɛ ɔmfa asaase yi nyinaa mma mo na monsɛe asaase no sofoɔ nyinaa mfiri mo anim.+ Mo nti, na yɛsuro sɛ yɛn nkwa* bɛfiri yɛn nsa.+ Ɛno nti na yɛyɛɛ saa no.+ 25 Seesei yɛwɔ mo nsam. Deɛ ɛyɛ na ɛtene wɔ mo ani so biara momfa nyɛ yɛn.” 26 Na ɔyɛɛ wɔn saa; ɔgyee wɔn firii Israelfoɔ no nsam, na wɔanku wɔn. 27 Nanso ɛda no, Yosua yɛɛ wɔn nnipa a wɔbɛkɔ anyina ne nsuo ama asafo no+ ne Yehowa afɔrebukyia wɔ baabi a Onyankopɔn bɛyi biara.+ Wɔyɛɛ saa de bɛsi nnɛ.+
10 Yerusalem hene Adoni-Sedek tee sɛ Yosua ako afa Ai asɛe no, na wayɛ Ai ne ne hene+ sɛdeɛ ɔyɛɛ Yeriko ne ne hene no.+ Ɔsan tee sɛ Gibeonfoɔ ne Israel akɔyɛ asomdwoeɛ apam,+ na wɔne wɔn na ɛteɛ. Ɔtee ara pɛ, 2 ehu kaa no papaapa,+ ɛfiri sɛ na Gibeon yɛ kuro kɛseɛ te sɛ nhenkuro no bi. Ná ɛso sene Ai,+ na na emu mmarima nyinaa nim ko yie. 3 Enti Yerusalem hene Adoni-Sedek de nkra kɔmaa Hebron+ hene Hoham ne Yamut hene Piram ne Lakis hene Yafia ne Eglon hene+ Debir sɛ: 4 “Mommɛboa me mma yɛnkɔto nhyɛ Gibeon so, ɛfiri sɛ wɔne Yosua ne Israelfoɔ akɔyɛ asomdwoeɛ apam.”+ 5 Enti Amorifoɔ+ ahemfo nnum no, kyerɛ sɛ, Yerusalem hene ne Hebron hene ne Yamut hene ne Lakis hene ne Eglon hene ne wɔn asraafoɔ nyinaa kaa wɔn ho boom, na wɔkɔtwaa Gibeon ho hyiaa sɛ wɔne wɔn rekɔko.
6 Ɛnna Gibeonfoɔ soma kɔka kyerɛɛ Yosua wɔ Gilgal+ asoɛeɛ hɔ sɛ: “Nnya wo nkoa.*+ Bra ntɛm! Bɛgye yɛn na boa yɛn! Amorifoɔ ahemfo a wɔtete bepɔ so no nyinaa aboa wɔn ano ne yɛn rebɛko.” 7 Enti Yosua ne asraafoɔ ne mmarima a wɔnim ko yie a wɔka ne ho nyinaa firii Gilgal foro kɔe.+
8 Na Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Nsuro wɔn,+ na mede wɔn ahyɛ wo nsa.+ Wɔn mu biara rentumi nnyina w’anim.”+ 9 Yosua de anadwo no nyinaa nante firii Gilgal baa wɔn so mpofirim. 10 Na Yehowa maa wɔn ani so tan wɔn wɔ Israelfoɔ no anim,+ na wɔkunkum dɔm kɛseɛ wɔ Gibeon. Wɔtii wɔn faa ɛkwan a ɛforo kɔ Bet-Horon no so, na wɔkunkum wɔn de kɔduruu Aseka ne Makeda. 11 Berɛ a wɔredwane afiri Israelfoɔ anim a wɔduruu ɛkwan a ɛsiane firi Bet-Horon so no, Yehowa maa asukɔtweaa akɛseɛ firii soro bɛguu wɔn so de kɔduruu Aseka maa wɔwuwui. Nokwasɛm ne sɛ, wɔn a asukɔtweaa no kunkum wɔn no dɔɔso sene wɔn a Israelfoɔ de sekan kunkum wɔn no.
12 Ɛda a Yehowa yɛɛ Amorifoɔ pasaa wɔ Israelfoɔ anim no, saa da no na Yosua ka kyerɛɛ Yehowa wɔ Israelfoɔ anim sɛ:
13 Enti awia gyinaa dinn, na bosome nso gyinaa faako kɔsii sɛ ɔman no tuaa n’atamfo ka. Wɔatwerɛ wei ho asɛm wɔ Yasar nwoma no mu,+ ɛnte saa? Awia gyinaa dinn wɔ wiem, na bɛyɛ da mũ nyinaa ampere ne ho ankɔtɔ. 14 Ɛda yi so bi mmaa da—n’anim oo, n’akyi oo, ebi nsii da—sɛ Yehowa bɛtie onipa saa,+ ɛfiri sɛ na Yehowa reko ama Israel.+
15 Afei Yosua ne Israelfoɔ nyinaa san baa asoɛeɛ hɔ wɔ Gilgal.+
16 Saa berɛ yi, na ahemfo nnum no adwane akɔhyɛ Makeda+ ɔbodan no mu. 17 Ɛnna nkurɔfoɔ bɛka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Wɔahunu sɛ ahemfo nnum no adwane akɔhyɛ Makeda+ ɔbodan no mu.” 18 Ɛnna Yosua kaa sɛ: “Mompia aboɔ akɛseɛ nkata ɔbodan no ano na momma mmarima nwɛn wɔn. 19 Na mo a moaka no deɛ, monnnyina, na mmom monti mo atamfo no nkunkum wɔn. Monni kan nkunkum wɔn a wɔdi akyire no.+ Mommma wɔnnwura wɔn nkuro mu, ɛfiri sɛ Yehowa mo Nyankopɔn de wɔn ahyɛ mo nsa.”
20 Yosua ne Israelfoɔ no kunkum dɔm kɛseɛ paa maa nkurɔfoɔ no sae, gye wɔn a wɔnyaa wɔn tiri didii mu a wɔdwane kɔɔ nkuro a wɔabɔ ho ban mu no. Ɛno akyi no, 21 ɔman no nyinaa san baa Yosua nkyɛn asomdwoeɛ mu wɔ Makeda asoɛeɛ hɔ. Na obiara ampɛ ne ho asɛm anka asɛm bi* antia Israelfoɔ no. 22 Afei Yosua kaa sɛ: “Mommue ɔbodan no ano na monyi ahemfo nnum no mfiri ɔbodan no mu mmrɛ me.” 23 Enti wɔyii ahemfo nnum yi firii ɔbodan no mu brɛɛ no: Yerusalem hene, Hebron hene, Yamut hene, Lakis hene, ne Eglon hene.+ 24 Berɛ a wɔde ahemfo yi brɛɛ Yosua no, ɔfrɛɛ Israel mmarima nyinaa, na ɔka kyerɛɛ asraafoɔ mpanimfoɔ a wɔne no kɔeɛ no sɛ: “Mommra animu. Momfa mo nan nsisi ahemfo yi kɔn akyi.” Na wɔba de wɔn nan bɛsisii wɔn kɔn akyi.+ 25 Ɛnna Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnsuro, na mommmɔ hu.+ Monnya akokoɔduro na momma mo ho nyɛ den, na sei na Yehowa bɛyɛ mo atamfo a mo ne wɔn redi ako nyinaa.”+
26 Afei Yosua bobɔɔ wɔn kunkum wɔn, na ɔde wɔn sensɛn nnua nnum so kɔsii anwummerɛ. 27 Berɛ a awia kɔtɔeɛ no, Yosua ka maa wɔkɔyii wɔn firii nnua no so,+ na wɔkɔtoo wɔn guu ɔbodan a wɔdwane kɔhyɛɛ mu no mu. Na wɔde aboɔ akɛseɛ guu ɔbodan no ano, na ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ da yi.
28 Saa da no, Yosua faa Makeda,+ na ɔtwee sekan wɔ kuro no so. Ɔkum kurom hɔ hene ne emu nnipa* nyinaa. Wannya obiara wɔ hɔ.+ Sɛdeɛ ɔyɛɛ Yeriko hene no, saa ara na ɔyɛɛ Makeda hene+ nso.
29 Afei Yosua ne Israelfoɔ nyinaa firii Makeda kɔɔ Libna, na wɔne Libnafoɔ kɔkoe.+ 30 Na Yehowa de kuro no ne ɛhɔ hene+ nso hyɛɛ Israel nsa, na wɔtwee sekan wɔ kuro no so kunkum nnipa* a wɔwɔ hɔ nyinaa. Wɔannya obiara wɔ hɔ. Sɛdeɛ wɔyɛɛ Yeriko hene no,+ saa ara na wɔyɛɛ kurom hɔ hene no nso.
31 Ɛno akyi no, Yosua ne Israelfoɔ nyinaa firii Libna kɔɔ Lakis.+ Wɔkɔsoɛɛ hɔ, na wɔne wɔn koe. 32 Yehowa de Lakis hyɛɛ Israel nsa, na da a ɛtɔ so mmienu no, wɔfaa kuro no. Afei wɔtwee sekan wɔ kuro no so kunkum nnipa* a wɔwɔ hɔ nyinaa,+ sɛdeɛ wɔyɛɛ Libna no.
33 Ɛnna Geser hene+ Horam foro kɔɔ sɛ ɔrekɔboa Lakis. Nanso Yosua kum ɔne ne nkurɔfoɔ nyinaa, na wannya obiara.
34 Ɛnna Yosua ne Israelfoɔ nyinaa firii Lakis kɔɔ Eglon.+ Wɔkɔsoɛɛ hɔ, na wɔne wɔn koe. 35 Wɔfaa kuro no saa da no, na wɔtwee sekan wɔ so. Wɔkunkum nnipa* a wɔwɔ hɔ nyinaa saa da no, sɛdeɛ wɔyɛɛ Lakis no.+
36 Afei Yosua ne Israelfoɔ nyinaa firii Eglon foro kɔɔ Hebron+ ne wɔn kɔkoe. 37 Wɔfaa kuro no ne ne nkuraa nyinaa, na wɔtwee sekan wɔ so. Wɔkum ɔhene no ne nnipa* a wɔwɔ hɔ nyinaa. Wɔannya obiara wɔ hɔ. Sɛdeɛ ɔsɛee Eglon no, saa ara na ɔsɛee kuro no ne emu nnipa* nyinaa.
38 Awieeɛ koraa no, Yosua ne Israelfoɔ nyinaa de wɔn ani kyerɛɛ Debir,+ na wɔne wɔn kɔkoe. 39 Ɔfaa kuro no ne ɛhɔ hene ne nkuraa a ɛwowɔ hɔ nyinaa. Na wɔtwee sekan wɔ so kunkum nnipa* a wɔwɔ hɔ nyinaa.+ Wannya obiara.+ Sɛdeɛ ɔyɛɛ Hebron ne Libna ne ne hene no, saa ara na ɔyɛɛ Debir ne ne hene.
40 Enti Yosua kõ faa nsaase a ɛwɔ bepɔ so ne Negeb ne Sefela+ ne nkokoɔ ase no nyinaa, na ɔkunkum wɔn ahemfo nyinaa. Wannya obiara; ɔsɛee biribiara a ɛhome+ sɛdeɛ Israel Nyankopɔn Yehowa kaeɛ no.+ 41 Na Yosua kõ faa asaase no nyinaa firii Kades-Barnea+ kɔsii Gasa,+ ne Gosen+ asaase nyinaa de kɔpem Gibeon.+ 42 Yosua faa ahemfo yi nyinaa ne wɔn nsaase wɔ berɛ korɔ mu, ɛfiri sɛ Israel Nyankopɔn Yehowa ko maa Israel.+ 43 Afei Yosua ne Israelfoɔ nyinaa san kɔɔ asoɛeɛ hɔ wɔ Gilgal.+
11 Berɛ a Hasor hene Yabin tee deɛ asie no, ntɛm ara na ɔde nkra kɔmaa Madon hene+ Yobab ne Simron hene ne Aksaf hene+ 2 ne ahemfo a wɔwɔ atifi fam bepɔ so ne wɔn a wɔwɔ serɛ so* wɔ Kineret anaafoɔ fam ne wɔn a wɔwɔ Sefela ne wɔn a wɔwɔ Dor+ mmepɔ* so wɔ atɔeɛ fam 3 ne Kaananfoɔ+ a wɔwɔ apueeɛ ne atɔeɛ ne Amorifoɔ+ ne Hitifoɔ ne Perisifoɔ ne Yebusifoɔ a wɔwɔ bepɔ so ne Hiwifoɔ+ a wɔwɔ Hermon+ ase wɔ Mispa asaase so. 4 Enti wɔne wɔn asraafoɔdɔm a wɔdɔɔso te sɛ mpoano anwea, ne apɔnkɔ ne ɛko nteaseɛnam bebree firi bae. 5 Ahemfo no nyinaa penee so sɛ wɔbɛhyia. Enti wɔbae, na wɔboaa wɔn ho ano wɔ Merom nsuo ho sɛ wɔne Israel rebɛko.
6 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Nsuro wɔn,+ na ɔkyena sɛsɛɛ mede wɔn nyinaa bɛhyɛ Israelfoɔ nsa ama wɔakunkum wɔn. Twitwa wɔn apɔnkɔ nan akyi ntini+ na fa egya hye wɔn nteaseɛnam.” 7 Ɛnna Yosua ne asraafoɔ no nyinaa faa Merom nsuo ho bɛto hyɛɛ wɔn so prɛko pɛ. 8 Na Yehowa de wɔn hyɛɛ Israelfoɔ no nsa+ maa wɔdii wɔn so nkonim. Wɔtii wɔn ara kɔduruu Sidon Kɛseɛ+ ne Misrefot-Maim+ ne Mispe Bɔn mu wɔ atɔeɛ fam. Wɔkunkum wɔn kɔsii sɛ wɔn nyinaa saeɛ.+ 9 Na deɛ Yehowa kaa sɛ Yosua nyɛ wɔn no, saa pɛpɛɛpɛ na ɔyɛɛ wɔn: Ɔtwitwaa wɔn apɔnkɔ nan akyi ntini, na ɔde egya hyee wɔn nteaseɛnam.+
10 Afei Yosua san n’akyi, na ɔfaa Hasor kuro no, na ɔde sekan kum ɛhɔ hene,+ ɛfiri sɛ kane no, na Hasor yɛ ahemman yi nyinaa ti. 11 Wɔde sekan kunkum nnipa* a ɛwɔ hɔ nyinaa sɛee wɔn.+ Wɔannya biribiara a ɛhome.+ Afei ɔde egya hyee Hasor. 12 Yosua faa ahemfo yi nkuro nyinaa, na ɔde sekan kunkum emu ahemfo nyinaa.+ Ɔsɛee wɔn,+ sɛdeɛ Yehowa akoa Mose kaa sɛ wɔnyɛ no. 13 Nkuro a ɛgu nkokoɔ so no deɛ, Israel anhye emu biara, gye Hasor. Ɛno nko ara na Yosua hyeeɛ. 14 Israelfoɔ no faa nkuro no mu nneɛma nyinaa ne nyɛmmoa.+ Nanso nnipa no deɛ, wɔde sekan kunkum wɔn nyinaa sɛee wɔn pasaa.+ Wɔannya obiara a ɔhome.+ 15 Deɛ Yehowa ka kyerɛɛ n’akoa Mose no, saa ara na Mose ka kyerɛɛ Yosua,+ na saa ara nso na Yosua yɛeɛ. Ɔyɛɛ deɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no nyinaa; baako mpo anka mu.+
16 Yosua faa asaase yi nyinaa: bepɔ no, ne Negeb+ nyinaa, ne Gosen asaase nyinaa, ne Sefela+ ne Araba+ ne Israel mmepɔ ne ne Sefela,* 17 ɛfiri Halak Bepɔ a ɛne Seir di nhwɛanimu kɔsi Baal-Gad+ a ɛwɔ Lebanon Bɔn mu wɔ Hermon Bepɔ+ ase. Ɔkyee wɔn ahemfo nyinaa dii wɔn so nkonim, na ɔkunkum wɔn. 18 Yosua ne ahemfo yi nyinaa koo nna pii. 19 Kuro biara nni hɔ a wɔne Israelfoɔ yɛɛ asomdwoeɛ apam, gye Hiwifoɔ a wɔte Gibeon no.+ Deɛ aka no nyinaa deɛ, wɔko fae.+ 20 Yehowa na ɔmaa kwan maa wɔpirim wɔn akoma+ sɛ wɔne Israelfoɔ mmɛko, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛsɛe wɔn a ɔrenhu wɔn mmɔbɔ.+ Ná ɛsɛ sɛ wɔhye wɔn ase sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.+
21 Saa berɛ no, Anakfoɔ+ a wɔwɔ mmepɔ mu, wɔn a wɔwɔ Hebron, wɔn a wɔwɔ Debir, wɔn a wɔwɔ Anab, wɔn a wɔwɔ Yuda mmepɔ mu nyinaa, ne wɔn a wɔwɔ Israel mmepɔ mu nyinaa, Yosua hyee wɔn ase. Yosua sɛee wɔne wɔn nkuro pasaa.+ 22 Wannya Anakni biara wɔ Israelfoɔ asaase so; Gasa+ ne Gat+ ne Asdod+ nko ara na ebi kaeɛ.+ 23 Afei Yosua faa nsaase no nyinaa sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ Mose bɔ no,+ na Yosua de maa Israel sɛ agyapadeɛ, sɛ wɔnkyekyɛm mma wɔn mmusuakuo no.+ Na wɔanko wɔ asaase no so bio.+
12 Weinom ne asaase no so ahemfo a Israelfoɔ dii wɔn so faa wɔn nsaase wɔ Yordan agya wɔ apueeɛ fam, ɛfiri Arnon Bɔn* ho+ kɔsi Hermon Bepɔ ho+ ne Araba nyinaa wɔ apueeɛ fam no:+ 2 Amorifoɔ hene Sihon+ a na ɔte Hesbon no. Ɔdii hene faa Aroer+ a ɛwɔ Arnon Bɔn*+ ho ne bɔn no mfimfini ne Gilead fã kɔsi Yabok Bɔn* ho wɔ Ammonfoɔ hyeɛ so. 3 Ɔsan nso dii hene wɔ Araba kɔsii Kineret* Po+ no ho wɔ apueeɛ, ne Araba Po, kyerɛ sɛ, Nkyene Po* no ho wɔ apueeɛ, Bet-Yesimot kwan so, de kɔ anaafoɔ wɔ Pisga mmepɔ+ ase.
4 Wɔsan faa Basan hene Og asaase.+ Refaimfoɔ a na wɔaka no, na ɔka ho,+ na ɔtenaa Astarot ne Edrei. 5 Ɔdii hene wɔ Hermon Bepɔ so ne Saleka ne Basan+ nyinaa de kɔsii Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ+ hyeɛ so ne Gilead fã kɔpem Hesbon hene Sihon asaase so.+
6 Yehowa akoa Mose ne Israelfoɔ no dii wɔn so,+ na ɛno akyi no, Yehowa akoa Mose de wɔn asaase no maa Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fã no.+
7 Ahemfo yi na Yosua ne Israelfoɔ no dii wɔn so wɔ Yordan atɔeɛ fam, ɛfiri Baal-Gad+ a ɛwɔ Lebanon+ Bɔn mu kɔsi Halak Bepɔ+ a ɛne Seir+ di nhwɛanimu no so. Ɛno akyi no, Yosua de wɔn asaase no maa Israel mmusuakuo no maa obiara nyaa ne kyɛfa.+ 8 Saa nsaase no ne, bepɔ so nsaase ne Sefela ne Araba ne bepɔ ase ne serɛ so ne Negeb.+ Ɛha na na Hitifoɔ ne Amorifoɔ+ ne Kaananfoɔ ne Perisifoɔ ne Hiwifoɔ ne Yebusifoɔ no teɛ.+ Ahemfo yi nie:
9 Baako ne Yeriko hene;+ baako ne Ai a ɛbɛn Betel no hene;+
10 baako ne Yerusalem hene; baako ne Hebron hene;+
11 baako ne Yamut hene; baako ne Lakis hene;
12 baako ne Eglon hene; baako ne Geser hene;+
13 baako ne Debir+ hene; baako ne Geder hene;
14 baako ne Horma hene; baako ne Arad hene;
15 baako ne Libna+ hene; baako ne Adulam hene;
16 baako ne Makeda hene;+ baako ne Betel+ hene;
17 baako ne Tapua hene; baako ne Hefer hene;
18 baako ne Afek hene; baako ne Lasaron hene;
19 baako ne Madon hene; baako ne Hasor hene;+
20 baako ne Simron-Meron hene; baako ne Aksaf hene;
21 baako ne Taanak hene; baako ne Megido hene;
22 baako ne Kedes hene; baako ne Yokneam+ a ɛwɔ Karmel no hene;
23 baako ne Dor a ɛwɔ Dor mmepɔ so+ no hene; baako ne Goiim a ɛwɔ Gilgal no hene;
24 baako ne Tirsa hene. Ahemfo no nyinaa yɛ 31.
13 Saa berɛ yi, na Yosua mfeɛ akɔ animu, na na wabɔ akɔkoraa.+ Na Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo mfeɛ akɔ animu na woabɔ akɔkoraa, nanso asaase a aka a ɛsɛ sɛ wofa* no so. 2 Asaase a aka no nie:+ Filistifoɔ ne Gesurfoɔ+ mpɔtamu hɔ nyinaa 3 (ɛfiri Nil fã* a ɛda Egypt apueeɛ* kɔsi Ekron hyeɛ so wɔ atifi fam, baabi a na wɔbu no sɛ Kaananfoɔ asaase no);+ nsaase a na Filistifoɔ ahemfo nnum+ di so yi ka ho—Gasa, Asdod,+ Askelon,+ Gat,+ ne Ekron;+ ɛnna Awim+ 4 wɔ anaafoɔ; Kaananfoɔ asaase nyinaa; Meara a ɛyɛ Sidonfoɔ asaase+ kɔsi Afek, kɔpem Amorifoɔ hyeɛ so; 5 Gebalfoɔ+ asaase ne Lebanon apueeɛ fam nyinaa, ɛfiri Baal-Gad wɔ Hermon Bepɔ ase de kɔsi Lebo-Hamat;*+ 6 wɔn a wɔtete bepɔ so nyinaa, ɛfiri Lebanon+ kɔsi Misrefot-Maim;+ ne Sidonfoɔ+ nyinaa. Mɛtu wɔn afiri Israelfoɔ anim.*+ Hwɛ sɛ wode bɛka Israel agyapadeɛ ho, sɛdeɛ meka kyerɛɛ wo no.+ 7 Afei kyɛ asaase yi ma mmusuakuo nkron no ne Manase abusuakuo fã no sɛ wɔn agyapadeɛ.”+
8 Manase abusuakuo no fã a aka no ne Rubenfoɔ ne Gadfoɔ kɔfaa wɔn agyapadeɛ a Mose de maa wɔn wɔ Yordan agya wɔ apueeɛ fam no, sɛdeɛ na Yehowa akoa Mose de ama wɔn dada no:+ 9 ɛfiri Aroer+ a ɛwɔ Arnon Bɔn*+ ano ne kuro a ɛwɔ bɔn no mfimfini ne Medeba Bepɔ so asaase tratra no nyinaa so de kɔsi Dibon; 10 ne Amorifoɔ hene Sihon a ɔdii adeɛ wɔ Hesbon no nkuro nyinaa, kɔsi Ammonfoɔ hyeɛ so;+ 11 Gilead, ne Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ+ nsaase, ne Hermon Bepɔ nyinaa ne Basan+ nyinaa de kɔsi Saleka;+ 12 ne Og a ɔdii adeɛ wɔ Astarot ne Edrei no ahemman a ɛwɔ Basan nyinaa. (Refaimfoɔ a na wɔaka no, na Og ka ho.)+ Mose dii wɔn so nkonim tuu wɔn firii hɔ.*+ 13 Nanso Israelfoɔ antu Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ;*+ mmom Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ te Israelfoɔ mu bɛsi nnɛ.
14 Lewi abusuakuo no nko ara na wamma wɔn agyapadeɛ.+ Afɔreɛ a wɔde egya hye ma Israel Nyankopɔn Yehowa no, ɛno ne wɔn agyapadeɛ,+ sɛdeɛ ɔhyɛɛ wɔn bɔ no.+
15 Afei Mose de Ruben abusuakuo no agyapadeɛ maa wɔn sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. 16 Wɔn asaase no firi Aroer a ɛwɔ Arnon Bɔn* ano ne kuro a ɛwɔ bɔn no mfimfini ne Medeba Bepɔ so asaase tratra no nyinaa so; 17 Hesbon ne ɛho nkuro+ a ɛwɔ bepɔ so asaase tratra no so nyinaa, ne Dibon ne Bamot-Baal ne Bet-Baal-Meon+ 18 ne Yahas+ ne Kedemot+ ne Mefaat+ 19 ne Kiriataim ne Sibma+ ne Seret-Saha wɔ ɛbɔn no mu* bepɔ so, 20 ne Bet-Peor ne Pisga mmepɔ ase+ ne Bet-Yesimot,+ 21 ne nkuro a ɛwɔ bepɔ so asaase tratra no so nyinaa ne Amorifoɔ hene Sihon a ɔdii adeɛ wɔ Hesbon+ no ahemman nyinaa. Mose dii ɔno ne Midian atitire yi nyinaa so nkonim:+ Ewi ne Rekem ne Sur ne Hur ne Reba.+ Wɔn na na wɔyɛ Sihon aberempɔn* a wɔwɔ asaase no so. 22 Na Beor ba Baalam+ a nkurɔfoɔ kɔ ne nkyɛn abisa+ no nso, Israelfoɔ de sekan kum no kaa wɔn a wɔkunkum wɔn no ho. 23 Yordan na na ɛyɛ Ruben abusuakuo no hyeɛ; na asaase yi nyinaa bɛyɛɛ Ruben abusuakuo no agyapadeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ, nkuro no ne nkuraa a ɛwowɔ ho nyinaa.
24 Afei Mose de Gad abusuakuo no, kyerɛ sɛ Gadfoɔ, agyapadeɛ maa wɔn sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. 25 Wɔn hyeɛ firi Yaser+ ne Gilead nkuro no nyinaa ne Ammonfoɔ+ asaase no fã kɔsi Aroer a ɛda Raba+ anim. 26 Afei ɛfiri Hesbon+ kɔ Ramat-Mispe ne Betonim, na ɛkɔfa Mahanaim+ kɔ Debir hyeɛ so. 27 Na ɛbɔn no mu* nso, ɛfa Bet-Haram ne Bet-Nimra+ ne Sukot+ ne Safon, Hesbon hene Sihon+ ahemman a aka no, na ɛfa Yordan ho kɔpem Kineret Po*+ no ano wɔ Yordan apueeɛ fam. 28 Wei ne Gad abusuakuo no agyapadeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ, nkuro no ne nkuraa a ɛwowɔ ho nyinaa.
29 Afei Mose de Manase abusuakuo fã no agyapadeɛ maa wɔn; ɔde maa Manase abusuakuo fã no sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.+ 30 Wɔn hyeɛ firi Mahanaim+ ne Basan nyinaa, kyerɛ sɛ, Basan hene Og ahemman nyinaa, ne Yair+ ntomadan nkuro a ɛwowɔ Basan nyinaa; nkuro no yɛ 60. 31 Na Gilead fã, ne Astarot ne Edrei+ nkuro a ɛwɔ Basan hene Og ahemman mu no kɔdii Manase ba Makir mma+ nsam, na ɛbɛyɛɛ Makir mma no mu fã dea, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.
32 Wei ne agyapadeɛ a Mose kyekyɛ maa wɔn wɔ Moab serɛ so wɔ Yordan agya, Yeriko apueeɛ fam.+
33 Nanso Lewi abusuakuo no deɛ, Mose amma wɔn agyapadeɛ no bi.+ Israel Nyankopɔn Yehowa ne wɔn agyapadeɛ, sɛdeɛ ɔhyɛɛ wɔn bɔ no.+
14 Wei ne agyapadeɛ a Israelfoɔ nyaa no wɔ Kaanan asaase so a ɔsɔfoɔ Eleasar ne Nun ba Yosua ne Israel agyanom mmusua mu mpanimfoɔ kyɛ maa wɔn.+ 2 Wɔbɔɔ ntonto de kyɛɛ agyapadeɛ no+ maa mmusuakuo nkron ne fã no,+ sɛdeɛ na Yehowa nam Mose so ahyɛ no. 3 Ná Mose de mmusuakuo mmienu ne fã no agyapadeɛ ama wɔn dada wɔ Yordan agya.*+ Lewifoɔ deɛ, wamma wɔn agyapadeɛ no bi wɔ wɔn mu.+ 4 Wɔfaa Yosef asefoɔ sɛ mmusuakuo mmienu,+ Manase ne Efraim.+ Wɔantwa asaase no bi amma Lewifoɔ no, gye nkuro+ a wɔbɛtena mu ne ɛho nsaase a wɔn nyɛmmoa bɛdidi so na wɔde wɔn nneɛma agu so.+ 5 Enti Israelfoɔ no kyekyɛɛ asaase no sɛdeɛ na Yehowa ahyɛ Mose no.
6 Afei Yuda mmarima baa Yosua nkyɛn wɔ Gilgal,+ na Kenisini Yefune ba Kaleb+ ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo ara wonim asɛm a Yehowa ka faa me ne wo ho+ kyerɛɛ nokorɛ Nyankopɔn nipa Mose+ wɔ Kades-Barnea.+ 7 Berɛ a Yehowa akoa Mose somaa me firii Kades-Barnea sɛ menkɔhwɛ asaase no,+ na madi mfeɛ 40, na mesan bae de asɛm a ɛwom biara bɛtoo n’anim.*+ 8 Me nuanom a me ne wɔn kɔeɛ no maa nnipa no akoma tui;* nanso me deɛ, mede m’akoma nyinaa* dii Yehowa me Nyankopɔn akyi.+ 9 Saa da no, Mose kaa ntam sɛ: ‘Asaase a wode wo nan sii so no bɛyɛ wo ne wo mma agyapadeɛ daa, ɛfiri sɛ wode w’akoma nyinaa adi Yehowa me Nyankopɔn akyi.’+ 10 Na sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ bɔ no,+ wama matena ase+ mfeɛ 45 nie, ɛfiri berɛ a Yehowa hyɛɛ Mose bɔ no, berɛ a na Israelfoɔ nam serɛ so no.+ Ɛnnɛ meda so te ase, na madi mfeɛ 85. 11 Ɛnnɛ meda so wɔ ahoɔden te sɛ da a Mose somaa me no. Ahoɔden a na mewɔ saa berɛ no, seesei saa ara na ɛteɛ; mɛtumi de akɔ ɛko asan de ayɛ nneɛma foforɔ. 12 Enti fa asaase a ɛwɔ bepɔ so a Yehowa hyɛɛ ho bɔ saa da no ma me. Ɛwom, saa da no wotee sɛ Anakfoɔ+ wɔ hɔ, na wɔwɔ nkuro akɛseɛ a wɔabɔ ho ban.+ Nanso menim sɛ Yehowa bɛka me ho,+ na mɛpamo wɔn* sɛdeɛ Yehowa kaeɛ no.”+
13 Enti Yosua hyiraa Yefune ba Kaleb, na ɔde Hebron maa no sɛ n’agyapadeɛ.+ 14 Ɛno nti na ɛde bɛsi nnɛ, Hebron yɛ Kenisini Yefune ba Kaleb agyapadeɛ no, ɛfiri sɛ ɔde n’akoma nyinaa dii Israel Nyankopɔn Yehowa akyi.+ 15 Kane no, na wɔfrɛ Hebron sɛ Kiriat-Arba+ (ná Arba yɛ Anakfoɔ mu katakyie). Na wɔanko wɔ asaase no so bio.+
15 Asaase a wɔbɔɔ ntonto de maa+ Yuda abusuakuo mu mmusua no, ɛhyeɛ no kɔfa Edom,+ Sina serɛ so, kɔsi Negeb anaafoɔ. 2 Wɔn hyeɛ a ɛda anaafoɔ no firi Nkyene Po* no ano nohoa,+ ɛfiri baabi a ɛpo no didi kɔ asaase mu a ani kyerɛ anaafoɔ fam no. 3 Ɛkɔfa anaafoɔ fam kɔ Akrabim kokoɔ+ so kɔsi Sina, na ɛfiri anaafoɔ foro kɔfa Kades-Barnea+ twam kɔ Hesron, foro kɔfa Adar kontono kɔ Karka. 4 Afei ɛtwam kɔ Asmon+ kɔfa Egypt Subɔn+ no ho, na ɛhyeɛ no ano kɔpem Ɛpo no.* Wei ne wɔn hyeɛ a ɛda anaafoɔ fam no.
5 Wɔn hyeɛ a ɛda apueeɛ no nam Nkyene Po* no ano de kɔsi Yordan agya. Na atifi fam hyeɛ no firi baabi a ɛpo no didi kɔ asaase mu wɔ Yordan agya no.+ 6 Ɛhyeɛ no foro kɔfa Bet-Hogla+ twam kɔ Bet-Araba+ atifi, na ɛforo kɔ Ruben ba Bohan boɔ+ no ho. 7 Ɛhyeɛ no foro kɔfa Debir wɔ Akor Bɔn+ no mu,* na ɛdane kɔ atifi kɔduru Gilgal+ a ɛda Adumim kokoɔ anim wɔ subɔn no anaafoɔ. Na ɛhyeɛ no twam kɔfa En-Semes+ nsuo no ho kɔpem En-Rogel.+ 8 Ɛhyeɛ no foro kɔfa Hinom Ba Bɔn*+ no ano kɔsi Yebusi+ kokoɔ no nkyɛnmu wɔ anaafoɔ, kyerɛ sɛ, Yerusalem.+ Na bepɔ a ani kyerɛ Hinom Bɔn no atɔeɛ fam wɔ Refaim Bɔn no atifi fam tɔnn no, ɛhyeɛ no foro kɔ n’atifi. 9 Ɛhyeɛ no firi bepɔ no atifi kɔ Neftoa asutire ho,+ na ɛfiri hɔ kɔfa nkuro a ɛwɔ Efron Bepɔ so no ho; na ɛtoa so kɔ Baala, kyerɛ sɛ, Kiriat-Yearim.+ 10 Ɛhyeɛ no kontono firi Baala wɔ atɔeɛ kɔfa Seir Bepɔ ho, na ɛkɔ atifi fam kɔfa Yearim Bepɔ ho, kyerɛ sɛ, Kesalon; na ɛsiane kɔfa Bet-Semes+ kɔ Timna.+ 11 Ɛhyeɛ no kɔfa Ekron+ kokoɔ no nkyɛnmu wɔ atifi fam, na ɛfiri hɔ kɔ Sikeron twam kɔ Baala Bepɔ ho, na ɛfiri hɔ kɔ Yabneel; ɛhyeɛ no kɔpem ɛpo no ano.
12 Atɔeɛ fam hyeɛ no ne Ɛpo Kɛseɛ* no mpoano.+ Wei ne Yuda asefoɔ hyeɛ ano nyinaa, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.
13 Yefune ba Kaleb+ deɛ, ɔmaa no asaase wɔ Yuda asefoɔ mu sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Yosua no; ɛno ne Kiriat-Arba (ná Arba yɛ Anak agya). Saa kuro yi ara ne Hebron.+ 14 Na Kaleb tuu Anak mma+ mmiɛnsa no firii hɔ, Sesai ne Ahiman ne Talmai,+ Anak asefoɔ. 15 Ɔfiri hɔ foro kɔɔ Debirfoɔ so.+ (Kane no, na wɔfrɛ Debir sɛ Kiriat-Sefer.) 16 Afei Kaleb kaa sɛ: “Ɔbarima a ɔbɛtumi ako afa Kiriat-Sefer no, mede me babaa Aksa bɛma no aware.” 17 Ɛnna Kaleb nua Kenas+ ba Otniel+ kɔko faeɛ. Enti Kaleb de ne babaa Aksa+ maa no waree. 18 Berɛ a Aksa rekɔ fie no, ɔtutu guu ne kunu asom sɛ ɔmmisa asaase mfiri ne papa hɔ. Ɛnna Aksa si firii n’afunumu no so.* Na Kaleb bisaa no sɛ: “Ɛdeɛn na wopɛ?”+ 19 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mepa wo kyɛw, hyira me. Woadi kan ama me asaase wɔ anaafoɔ.* Fa Gulot-Maim* nso ma me ɛ.” Enti ɔde Gulot Atifi ne Gulot Anaafoɔ maa no.
20 Wei ne agyapadeɛ a wɔde maa Yuda abusuakuo no sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.
21 Yuda abusuakuo no nkuro a ɛda anaafoɔ fam a ɛbɛn Edom hyeɛ so+ pɛɛ no ne: Kabseel, Eder, Yagua, 22 Kina, Dimona, Adada, 23 Kedes, Hasor, Yitnan, 24 Sif, Telem, Bealot, 25 Hasor-Hadata, ne Keriot-Hesron, kyerɛ sɛ, Hasor, 26 Amam, Sema, Molada,+ 27 Hasar-Gada, Hesmon, Bet-Pelet,+ 28 Hasar-Sual, Beer-Seba,+ Bisiotia, 29 Baala, Yim, Esem, 30 Eltolad, Kesil, Horma,+ 31 Siklag,+ Madmana, Sansana, 32 Lebaot, Silhim, Ain, ne Rimon;+ nkuro 29 ne ɛho nkuraa.
33 Sefela+ nso, nkuro a na ɛwɔ hɔ ne: Estaol, Sora,+ Asnah, 34 Sanoa, En-Ganim, Tapua, Enam, 35 Yamut, Adulam,+ Soko, Aseka,+ 36 Saaraim,+ Aditaim, ne Gedera, ne Gederotaim;* nkuro 14 ne ɛho nkuraa.
37 Senan, Hadasa, Migdal-Gad, 38 Dilean, Mispe, Yokteel, 39 Lakis,+ Boskat, Eglon, 40 Kabon, Lamam, Kitlis, 41 Gederot, Bet-Dagon, Naama, ne Makeda;+ nkuro 16 ne ɛho nkuraa.
42 Libna,+ Eter, Asan,+ 43 Yifta, Asnah, Nesib, 44 Keila, Aksib, ne Maresa; nkuro nkron ne ɛho nkuraa.
45 Ekron ne ɛho nkuro ne nkuraa; 46 ɛfiri Ekron kɔ atɔeɛ fam nsaase a ɛwɔ Asdod ne ɛho nkuraa nyinaa.
47 Asdod+ ne ɛho nkuro ne nkuraa; Gasa+ ne ɛho nkuro ne nkuraa, de kɔsi Egypt Subɔn no, ne Ɛpo Kɛseɛ* no, ne ɛho mantam nyinaa.+
48 Na bepɔ so nkuro Samir, Yatir,+ Soko, 49 Dana, Kiriat-Sanna, kyerɛ sɛ, Debir, 50 Anab, Estemo,+ Anim,51 Gosen,+ Holon, Gilo;+ nkuro 11 ne ɛho nkuraa.
52 Arab, Duma, Esan, 53 Yanim, Bet-Tapua, Afeka, 54 Humta, Kiriat-Arba, kyerɛ sɛ, Hebron,+ ne Sior; nkuro nkron ne ɛho nkuraa.
55 Maon,+ Karmel, Sif,+ Yuta, 56 Yesreel, Yokdeam, Sanoa, 57 Kain, Gibea, ne Timna;+ nkuro du ne ɛho nkuraa.
58 Halhul, Bet-Sur, Gedor, 59 Maarat, Bet-Anot, ne Eltekon; nkuro nsia ne ɛho nkuraa.
60 Kiriat-Baal, kyerɛ sɛ, Kiriat-Yearim,+ ne Raba; nkuro mmienu ne ɛho nkuraa.
61 Serɛ so nkuro nso ne: Bet-Araba,+ Midin, Sekaka, 62 Nibsan, Nkyene Kuro, ne En-Gedi;+ nkuro nsia ne ɛho nkuraa.
63 Na Yebusifoɔ+ a na wɔte Yerusalem+ no deɛ, Yudafoɔ no antumi antu wɔn amfiri hɔ;+ na Yebusifoɔ ne Yudafoɔ tenaa Yerusalem de bɛsi nnɛ.
16 Asaase a wɔnam ntonto so+ de maa Yosef+ asefoɔ no, ɛfiri Yordan a ɛbɛn Yeriko kɔsi Yeriko nsuo ho wɔ apueeɛ; ɛkɔfa serɛ a ɛfiri Yeriko foro kɔ Betel mmepɔ mu no so.+ 2 Asaase no san kɔfa Betel a ɛwɔ Lus twam kɔ Arkifoɔ hyeɛ so wɔ Atarot, 3 afei ɛsiane kɔ atɔeɛ kɔfa Yafletfoɔ hyeɛ so de kɔsi Anaafoɔ Bet-Horon+ hyeɛ so, na ɛfiri hɔ kɔ Geser+ kɔpem ɛpo no ano.
4 Na Yosef asefoɔ,+ Manase ne Efraim, nyaa wɔn asaase.+ 5 Asaase a Efraim asefoɔ nyaeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ nie: Wɔn agyapadeɛ no hyeɛ a ɛwɔ apueeɛ no firi Atarot-Adar+ de kɔsi Atifi Bet-Horon,+ 6 na ɛhyeɛ no kɔfa po no ano. Atifi fam nso, na ɛhyeɛ no fa Mikmetat,+ na ɛkontono fa apueeɛ kɔ Taanat-Silo, na ɛtoa so wɔ apueeɛ hɔ kɔduru Yanoa. 7 Afei ɛsiane firi Yanoa kɔ Atarot ne Naara, na ɛkɔfa Yeriko+ kɔ Yordan ano. 8 Ɛhyeɛ no firi Tapua+ toa so kɔ atɔeɛ kɔduru Kana Subɔn ho, na ɛkɔpem po no ano.+ Wei ne Efraim abusuakuo no agyapadeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. 9 Efraim asefoɔ nyaa nkuro nso wɔ Manase agyapadeɛ mu,+ nkuro ne ɛho nkuraa nyinaa.
10 Nanso wɔampamo Kaananfoɔ a na wɔwɔ Geser no,+ enti Kaananfoɔ kɔɔ so tenaa Efraimfoɔ mu de bɛsi nnɛ,+ na wɔde wɔn yɛɛ nkoadwuma.+
17 Na ntonto no+ yii Manase+ abusuakuo no deɛ maa wɔn, ɛfiri sɛ ɔno ne Yosef ba panin.+ Manase ba panin Makir+ a ɔyɛ Gilead papa no nyaa Gilead ne Basan+ ɛfiri sɛ na ɔyɛ ɔsabarima. 2 Na ntonto no yii Manase asefoɔ a aka no nso deɛ maa wɔn sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ: Abiesar+ mma ne Helek mma ne Asriel mma ne Sekem mma ne Hefer mma ne Semida mma. Weinom ne Yosef ba Manase asefoɔ mma mmarima no, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.+ 3 Nanso Manase ba Makir ba Gilead ba Hefer ba Selofehad+ deɛ, na ɔnni ɔbabarima biara; ne mma nyinaa yɛ mmaa. Ne mma mmaa no din nie: Mahla, Noa, Hogla, Milka, ne Tirsa. 4 Na wɔbaa ɔsɔfoɔ Eleasar+ ne Nun ba Yosua ne mpanimfoɔ no nkyɛn bɛkaa sɛ: “Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔmma yɛn agyapadeɛ wɔ yɛn nua mmarima mu.”+ Enti ɔmaa wɔn agyapadeɛ wɔ wɔn papa nua mmarima mu sɛdeɛ Yehowa kaeɛ no.+
5 Manase san nyaa nsaase du; ɛsono Gilead ne Basan asaase a ɛwɔ Yordan agya* no,+ 6 ɛfiri sɛ Manase mma mmaa no nyaa agyapadeɛ sɛdeɛ ne mma mmarima nyaa agyapadeɛ no, na Gilead asaase no bɛyɛɛ Manase asefoɔ nkaeɛ no agyapadeɛ.
7 Manase hyeɛ no firi Aser kɔ Mikmetat,+ wɔ Sekem+ anim. Ɛhyeɛ no firi hɔ fa anaafoɔ* kɔ En-Tapuafoɔ asaase so. 8 Tapua+ asaase no bɛdii Manasefoɔ nsam, nanso Tapua kuro a ɛwɔ Manase hyeɛ so no yɛ Efraim asefoɔ dea. 9 Ɛhyeɛ no siane kɔ Kana Subɔn no ho, subɔn no anaafoɔ fam. Ná Efraim nkuro no bi wɔ Manase nkuro no mu,+ na na Manase hyeɛ no wɔ subɔn no atifi, na ano kɔpem po no ano.+ 10 Anaafoɔ yɛ Efraim dea na atifi nso yɛ Manase dea; ne hyeɛ kɔpem ɛpo no ano.+ Wɔne* Aser bɔ hyeɛ wɔ atifi na wɔne* Isakar nso bɔ hyeɛ wɔ apueeɛ.
11 Deɛ Manase nyaa wɔ Isakar ne Aser nsaase so ne Bet-Sean ne ɛho nkuraa, Yibleam+ ne ɛho nkuraa, Dor+ mu nnipa ne ɛho nkuraa, En-Dor+ mu nnipa ne ɛho nkuraa, Taanak+ mu nnipa ne ɛho nkuraa, ne Megido mu nnipa ne ɛho nkuraa, nkuro mmiɛnsa a ɛgu nkokoɔ so.
12 Nanso Manase asefoɔ antumi anko amfa nkuro yi, na Kaananfoɔ kɔɔ so tenaa asaase no so.+ 13 Berɛ a Israelfoɔ ho yɛɛ den no, wɔmaa Kaananfoɔ no yɛɛ nkoadwuma,+ nanso wɔantu wɔn amfiri hɔ korakora.+
14 Na Yosef asefoɔ no kɔbisaa Yosua sɛ: “Adɛn nti na woabɔ ntonto ama yɛn* asaase baako pɛ,+ na woatwa asaase baako ama yɛn sɛ yɛn agyapadeɛ? Yɛyɛ ɔman kɛseɛ, na Yehowa ahyira yɛn abɛduru sɛsɛɛ.”+ 15 Ɛnna Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ woyɛ ɔman kɛseɛ saa a, ɛnneɛ foro kɔ kwaeɛ a ɛwɔ Perisifoɔ ne Refaimfoɔ asaase so no,+ na kɔbu hɔ fa, ɛfiri sɛ bepɔ so asaase a ɛwɔ Efraim no+ sua ma wo.” 16 Na Yosef asefoɔ no kaa sɛ: “Bepɔ no sua ma yɛn, na Kaananfoɔ a wɔte bɔn no mu nyinaa,* wɔn a wɔte Bet-Sean+ ne ɛho nkuraa mu ne wɔn a wɔte Yesreel Bɔn mu*+ no wɔ nteaseɛnam+ a sekan tuatua ho.”* 17 Enti Yosua ka kyerɛɛ Yosef fie, Efraim ne Manase sɛ: “Woyɛ ɔman kɛseɛ na wo ho yɛ den yie. Ɛnyɛ asaase baako pɛ na wobɛnya,+ 18 na mmom bepɔ no so nso bɛyɛ wo dea.+ Ɛwom sɛ ɛyɛ kwaeɛ deɛ, nanso bu fa, na ɛhɔ na w’asaase no ano bɛpem. Kaananfoɔ no ho yɛ den na wɔwɔ nteaseɛnam a sekan tuatua ho* deɛ, nanso wobɛtu wɔn afiri hɔ.”+
18 Afei Israel asafo no nyinaa kɔhyiaa wɔ Silo,+ na wɔsii ahyiaeɛ ntomadan no wɔ hɔ,+ ɛfiri sɛ afei deɛ, na asaase no abɛdi wɔn nsam.+ 2 Nanso na aka Israel mmusuakuo nson a wɔnkyɛɛ wɔn agyapadeɛ mmaa wɔn. 3 Enti Yosua bisaa Israelfoɔ no sɛ: “Mobɛtwentwɛn mo nan ase akɔsi da bɛn na moakɔfa asaase a Yehowa mo agyanom Nyankopɔn de ama mo no?+ 4 Monyi mmarima mmiɛnsa mfiri abusuakuo biara mu mma me na mensoma wɔn; ɛsɛ sɛ wɔkɔfa asaase no so na wɔsusu na wɔhunu deɛ abusuakuo biara bɛnya, na wɔsan ba me nkyɛn. 5 Wɔnkyɛ asaase no mu nson mfa.+ Yuda bɛka n’asaase so wɔ anaafoɔ,+ na Yosef fie nso aka wɔn asaase so wɔ atifi.+ 6 Mo deɛ, monkyekyɛ asaase no mu nson, na montwerɛ ho nsɛm mmrɛ me wɔ ha, na mɛbɔ ntonto+ wɔ ha wɔ Yehowa yɛn Nyankopɔn anim ama mo. 7 Na Lewifoɔ no deɛ, wɔremma wɔn mo asaase no bi,+ ɛfiri sɛ wɔn agyapadeɛ ne Yehowa asɔfodie.+ Gad ne Ruben ne Manase abusuakuo fã+ no nso anya wɔn agyapadeɛ dada wɔ Yordan agya wɔ apueeɛ fam, deɛ Yehowa akoa Mose de maa wɔn no.”
8 Enti mmarima no sɔree sɛ wɔrekɔ, na Yosua hyɛɛ wɔn a wɔrekɔsusu asaase no sɛ: “Monkɔ na monkɔfa asaase no so; monsusu na monsan mmra me nkyɛn, na mɛbɔ ntonto wɔ ha wɔ Yehowa anim wɔ Silo ama mo.”+ 9 Na mmarima no siim kɔfaa asaase no so susuiɛ, na wɔkyekyɛɛ mu nson; emu biara ne ne nkuro, na wɔtwerɛɛ wɔ nwoma mu. Afei wɔsan baa Yosua nkyɛn wɔ Silo asoɛeɛ hɔ. 10 Na Yosua bɔɔ ntonto maa wɔn wɔ Silo wɔ Yehowa anim.+ Ɛhɔ na Yosua kyɛɛ asaase no maa Israelfoɔ no maa obiara nyaa ne kyɛfa.+
11 Wɔbɔɔ ntonto maa Benyamin abusuakuo no nyaa wɔn asaase sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. Wɔn asaase no da Yuda asefoɔ+ ne Yosef asefoɔ+ no ntam. 12 Atifi fam no, wɔn hyeɛ no firi Yordan ho foro kɔfa Yeriko+ nkokoɔ so wɔ atifi, na ɛforo kɔfa bepɔ no so wɔ atɔeɛ kɔpem Bet-Awen+ serɛ so. 13 Na ɛhyeɛ no toa so firi hɔ kɔfa Lus (ɛno ara ne Betel).+ Ɛfa Lus nkokoɔ a ɛwɔ anaafoɔ no ho; na ɛsiane kɔfa Atarot-Adar+ wɔ bepɔ a ɛwɔ Anaafoɔ Bet-Horon+ anaafoɔ fam no so. 14 Ɛhyeɛ no firi bepɔ a ɛwɔ Bet-Horon anim wɔ anaafoɔ no so kontono fa atɔeɛ fam kɔ anaafoɔ; na ɛkɔpem Kiriat-Baal, kyerɛ sɛ, Kiriat-Yearim,+ Yuda kuro bi. Wei ne atɔeɛ fam hyeɛ no.
15 Anaafoɔ fam hyeɛ no firi Kiriat-Yearim ano nohoa, na ɛhyeɛ no toa so kɔ atɔeɛ; na ɛkɔ Neftoa asutire ho.+ 16 Ɛhyeɛ no siane kɔfa bepɔ a ɛne Hinom Ba Bɔn+ di nhwɛanimu no ho pɛɛ. Saa bepɔ yi kɔ ara kɔduru Refaim+ Bɔn* no atifi fam. Na ɛhyeɛ no siane kɔfa Hinom Bɔn mu kɔ Yebusifoɔ+ kokoɔ so wɔ anaafoɔ fam, na ɛsiane kɔ En-Rogel.+ 17 Na afei ɛkɔ atifi fam, na ɛkɔfa En-Semes kɔ Gelilot a ɛwɔ Adumim kokoɔ+ no anim, na ɛsiane kɔ Ruben ba Bohan boɔ+ no ho. 18 Na ɛtoa so kɔ atifi fam kɔfa Araba kokoɔ no anim siane kɔ Araba. 19 Ɛhyeɛ no toa so kɔ Bet-Hogla+ kokoɔ so wɔ atifi fam. Na ano kɔpem baabi a Nkyene Po*+ no didi kɔ asaase mu wɔ atifi fam wɔ Yordan anaafoɔ no. Wei ne anaafoɔ fam hyeɛ no. 20 Asaase no hyeɛ a ɛda apueeɛ fam no ne Yordan. Wei ne agyapadeɛ a wɔde maa Benyamin asefoɔ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ; n’afã nyinaa ahyeɛ ne no.
21 Nkuro a ɛbɛdii Benyamin abusuakuo no nsam sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ no nie: Yeriko, Bet-Hogla, Emek-Kesis, 22 Bet-Araba,+ Semaraim, Betel,+ 23 Awim, Para, Ofra, 24 Kefa-Amoni, Ofni, ne Geba;+ nkuro 12 ne ɛho nkuraa.
25 Gibeon,+ Rama, Beerot, 26 Mispe, Kefira, Mosa, 27 Rekem, Yirpeel, Tarala, 28 Sela,+ Ha-Elef, Yebusi, kyerɛ sɛ, Yerusalem,+ ne Gibea+ ne Kiriat; nkuro 14 ne ɛho nkuraa.
Wei ne Benyamin asefoɔ agyapadeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.
19 Afei ntonto+ a ɛtɔ so mmienu no kɔ maa Simeon, kyerɛ sɛ, Simeon abusuakuo no,+ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. Ná wɔn agyapadeɛ no wɔ Yuda asaase so.+ 2 Ná wɔn agyapadeɛ no ne Beer-Seba,+ Saba, Molada,+ 3 Hasar-Sual,+ Bala, Esem,+ 4 Eltolad,+ Betul, Horma, 5 Siklag,+ Bet-Makabot, Hasar-Susa, 6 Bet-Lebaot+ ne Saruhen; nkuro 13 ne ɛho nkuraa. 7 Ain, Rimon, Eter, ne Asan+—nkuro nnan ne ɛho nkuraa; 8 ɛne nkuraa a atwa nkuro yi ho ahyia nyinaa de kɔsi Baalat-Beer ne Rama wɔ anaafoɔ. Wei ne Simeon abusuakuo no agyapadeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. 9 Yuda agyapadeɛ no bi na wɔde maa Simeon asefoɔ no, ɛfiri sɛ na Yuda agyapadeɛ no so dodo ma wɔn. Enti Simeon asefoɔ nyaa agyapadeɛ wɔ Yuda asaase so.+
10 Ntonto+ a ɛtɔ so mmiɛnsa no kɔ maa Sebulon+ asefoɔ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. Ná wɔn agyapadeɛ no hyeɛ kɔsi Sarid. 11 Wɔn hyeɛ no foro fa atɔeɛ fam kɔ Mareal de kɔsi Dabeset, na ɛkɔpem subɔn a ɛne Yokneam di nhwɛanimu no. 12 Ɛfiri Sarid kɔfa apueeɛ* kɔ Kislot-Tabor hyeɛ so, na ɛfiri hɔ kɔfa Daberat+ foro kɔ Yafia. 13 Ɛfiri hɔ toa so fa apueeɛ* kɔ Gat-Hefer+ ne Et-Kasin. Na ɛkyim kɔ Rimon, na ɛtoa so kɔ Nea. 14 Ɛhyeɛ no kontono fa atifi kɔ Hanaton, na ano kɔpem Yifta-El Bɔn mu, 15 ne Katat, Nahalal, Simron,+ Yidala, ne Betlehem;+ nkuro 12 ne ɛho nkuraa. 16 Wei ne Sebulon asefoɔ agyapadeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.+ Weinom ne nkuro no ne ɛho nkuraa.
17 Ntonto+ a ɛtɔ so nnan no kɔ maa Isakar,+ Isakar asefoɔ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. 18 Wɔn asaase no hyeɛ kɔfa Yesreel,+ Kesulot, Sunem,+ 19 Hafraim, Sihon, Anaharat, 20 Rabit, Kision, Ebes, 21 Remet, En-Ganim,+ En-Hada, ne Bet-Pases. 22 Na ɛhyeɛ no san kɔfa Tabor,+ Sahasuma, ne Bet-Semes, na wɔn hyeɛ no ano kɔpem Yordan ho; nkuro 16 ne ɛho nkuraa. 23 Wei ne Isakar abusuakuo no agyapadeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ;+ nkuro no ne ɛho nkuraa.
24 Ntonto+ a ɛtɔ so nnum no kɔ maa Aser+ abusuakuo no sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. 25 Ná wɔn hyeɛ ne Helkat,+ Hali, Beten, Aksaf, 26 Alamelek, Amad, ne Misal. Ɛkɔ atɔeɛ kɔfa Karmel+ ne Sihor-Libnat, 27 na ɛsan kɔfa apueeɛ kɔ Bet-Dagon kɔsi Sebulon ne Yifta-El Bɔn mu wɔ atifi; ɛkɔ Bet-Emek ne Neiel, na ɛfiri hɔ kɔ Kabul wɔ benkum so, 28 na ɛkɔfa Ebron, Rehob, Hamon, ne Kana, na ɛkɔduru Sidon+ Kɛseɛ. 29 Na ɛhyeɛ no dane kɔfa Rama kɔ ara kɔduru Tiro+ kuro a wɔabɔ ho ban no mu. Afei ɛdane kɔ Hosa, na ɛkɔ kɔpem ɛpo no wɔ Aksib mpɔtamu, 30 Uma, Afek,+ ne Rehob;+ nkuro 22 ne ɛho nkuraa. 31 Wei ne Aser abusuakuo no agyapadeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.+ Weinom ne nkuro no ne ɛho nkuraa.
32 Ntonto+ a ɛtɔ so nsia no kɔ maa Naftali asefoɔ, Naftali asefoɔ no, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. 33 Wɔn hyeɛ no firi Helef kɔfa Saananim dua kɛseɛ no+ ho kɔ Adami-Nekeb ne Yabneel kɔsi Lakum; na ano kɔpem Yordan. 34 Ɛhyeɛ no dane kɔ atɔeɛ kɔfa Asnot-Tabor, na ɛfiri hɔ kɔ Hukok kɔsi Sebulon wɔ anaafoɔ, ne Aser wɔ atɔeɛ, ne Yuda wɔ Yordan apueeɛ fam. 35 Nkuro a wɔabɔ ho ban no ne Sidim, Ser, Hammat,+ Rakat, Kineret, 36 Adama, Rama, Hasor,+ 37 Kedes,+ Edrei, En-Hasor, 38 Yiron, Migdal-El, Horem, Bet-Anat, ne Bet-Semes;+ nkuro 19 ne ɛho nkuraa. 39 Wei ne Naftali abusuakuo no agyapadeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ;+ nkuro ne ɛho nkuraa.
40 Ntonto+ a ɛtɔ so nson no kɔ maa Dan+ abusuakuo no sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. 41 Wɔn agyapadeɛ no hyeɛ fa Sora,+ Estaol, Ir-Semes, 42 Saalabin,+ Ayalon,+ Yitla, 43 Elon, Timna,+ Ekron,+ 44 Elteke, Gibeton,+ Baalat, 45 Yehud, Bene-Berak, Gat-Rimon,+ 46 Me-Yarkon ne Rakon, na ɛhyeɛ no kɔfa Yopa+ anim. 47 Nanso na Danfoɔ asaase sua ma wɔn dodo.+ Enti wɔforo kɔe ne Lesemfoɔ+ kɔkoe, na wɔfaa kuro no, na wɔtwee sekan sɛee no. Afei wɔfaeɛ na wɔtenaa hɔ, na wɔsesaa kuro no din Lesem de wɔn agya Dan din too so, enti wɔfrɛɛ no Dan.+ 48 Wei ne Dan abusuakuo no agyapadeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. Weinom ne nkuro no ne ɛho nkuraa.
49 Enti wɔkyekyɛɛ asaase no wieeɛ sɛdeɛ n’ahyeɛ no teɛ de yɛɛ agyapadeɛ. Afei Israelfoɔ maa Nun ba Yosua agyapadeɛ wɔ wɔn mu. 50 Sɛdeɛ Yehowa kaeɛ no, wɔde kuro a ɔbisaeɛ no maa no. Ɛno ne Timnat-Sera+ a ɛwɔ Efraim mmepɔ mu no. Ɔkyekyeree kuro no, na ɔtenaa mu.
51 Weinom ne agyapadeɛ a ɔsɔfoɔ Eleasar ne Nun ba Yosua ne Israel agyanom mmusua mu mpanimfoɔ bɔɔ ntonto wɔ Silo+ kyekyɛ maa wɔn.+ Wɔyɛɛ saa wɔ Yehowa anim wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ano.+ Enti wɔwiee asaase no kyekyɛ.
20 Na Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: 2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Monyi dwankɔbea nkuro+ a menam Mose so kaa ho asɛm kyerɛɛ mo no, 3 na sɛ obi kum obi na wanhyɛ da anaa ne nsa pa na ɔkum* obi* a, wadwane akɔ hɔ. Ɛbɛyɛ dwankɔbea ama mo afiri deɛ wɔaku no no busuani* nsam.+ 4 Ɔnnwane nkɔ nkuro yi baako mu+ na ɔnkɔgyina kuro no pono ano.+ Afei ɔmfa n’asɛm nto kuro no mu mpanimfoɔ anim, na wɔmfa no nkɔ kuro no mu nkɔma no baabi na ɔne wɔn ntena. 5 Sɛ deɛ wɔaku no no busuani taa no so kɔ hɔ a, ɛnsɛ sɛ wɔde deɛ wakum nipa no ma no, ɛfiri sɛ ne nsa na ɛpa maa ɔkum* ne yɔnko no; ná ɔntan no dada.+ 6 Ɔntena kurom hɔ nkɔsi sɛ ɔbɛgyina asafo no anim ama wɔadi n’asɛm,+ na ɔntena hɔ nkɔsi sɛ ɔsɔfo panin a ɔwɔ hɔ saa berɛ no bɛwu.+ Ɛno ansa na deɛ wakum nipa no bɛtumi asan akɔ kuro a ɔdwane firii mu no mu; ɔbɛtumi akɔ ne kurom ne ne fie.’”+
7 Enti wɔhyiraa nkuro yi so:* Kedes+ a ɛwɔ Galilea wɔ Naftali mmepɔ mu; Sekem+ a ɛwɔ Efraim mmepɔ mu; ne Kiriat-Arba,+ kyerɛ sɛ, Hebron, wɔ Yuda mmepɔ mu. 8 Yordan mpɔtamu wɔ Yeriko apueeɛ nso, wɔyii Beser+ a ɛwɔ serɛ so no firii Ruben abusuakuo mu. Ná saa serɛ no wɔ bepɔ so asaase tratra no so. Wɔyii Ramot+ a ɛwɔ Gilead firii Gad abusuakuo mu, ɛnna wɔyii Golan+ a ɛwɔ Basan firii Manase abusuakuo mu.+
9 Weinom ne nkuro a wɔyi maa Israelfoɔ nyinaa ne ahɔhoɔ a wɔabɛsoɛ wɔn mu no, na sɛ obi kum obi* na wanhyɛ da a, wadwane akɔ hɔ,+ na deɛ wɔaku no no busuani* no anku no kɔsi sɛ ɔbɛgyina asafo no anim ama wɔadi n’asɛm.+
21 Afei Lewifoɔ agyanom mmusua mu mpanimfoɔ no baa ɔsɔfoɔ Eleasar+ ne Nun ba Yosua ne Israel mmusuakuo agyanom mmusua mu mpanimfoɔ nkyɛn, 2 na wɔka kyerɛɛ wɔn wɔ Silo+ wɔ Kaanan asaase so sɛ: “Yehowa nam Mose so kaa sɛ wɔmma yɛn nkuro a yɛbɛtena mu ne nsaase a yɛn nyɛmmoa bɛdidi so.”+ 3 Enti Israelfoɔ no yii nkuro yi ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so firii wɔn agyapadeɛ mu de maa Lewifoɔ no,+ sɛdeɛ Yehowa kaeɛ no.+
4 Na ntonto no bɔɔ Kohatfoɔ mmusua no,+ na Lewifoɔ a wɔyɛ ɔsɔfoɔ Aaron asefoɔ no nam ntonto so nyaa nkuro 13 firii Yuda abusuakuo+ ne Simeon abusuakuo+ ne Benyamin abusuakuo+ no hɔ.
5 Na Kohatfoɔ a aka no, wɔnam ntonto so maa wɔn nkuro du firii mmusua a ɛwɔ Efraim abusuakuo+ ne Dan abusuakuo ne Manase abusuakuo fã no+ hɔ.
6 Na wɔnam ntonto so maa Gersonfoɔ+ no nkuro 13 firii mmusua a ɛwɔ Isakar abusuakuo ne Aser abusuakuo ne Naftali abusuakuo ne Manase abusuakuo fã a ɛwɔ Basan no hɔ.+
7 Na Merarifoɔ+ mmusua no nyaa nkuro 12 firii Ruben abusuakuo ne Gad abusuakuo ne Sebulon abusuakuo no hɔ.+
8 Enti Israelfoɔ nam ntonto so de nkuro yi ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so maa Lewifoɔ no, sɛdeɛ Yehowa nam Mose so kaeɛ no.+
9 Na wɔde Yuda abusuakuo ne Simeon abusuakuo nkuro a wɔabobɔ din yi maeɛ,+ 10 na ɛbɛdii Aaron mma a wɔfiri Kohatfoɔ mmusua mu a wɔyɛ Lewifoɔ no nsam, ɛfiri sɛ wɔn na ntonto a ɛdi kan no kɔ maa wɔn. 11 Na wɔde Kiriat-Arba+ (ná Arba yɛ Anak agya), kyerɛ sɛ, Hebron,+ a ɛwɔ Yuda mmepɔ mu ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so maa wɔn. 12 Na kuro no ho nsaase ne ɛho nkuraa deɛ, wɔde maa Yefune ba Kaleb sɛ n’agyapadeɛ.+
13 Na ɔsɔfoɔ Aaron mma no, wɔde dwankɔbea kuro a sɛ obi kum nipa a ɔbɛdwane akɔ hɔ maa wɔn.+ Ɛno ne Hebron+ ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so. Wɔsan maa wɔn Libna+ ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so, 14 Yatir+ ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so, Estemoa+ ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so, 15 Holon+ ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so, Debir+ ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so, 16 Ain+ ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so, Yuta+ ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so, ne Bet-Semes ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so. Wɔnyaa nkuro nkron firii mmusuakuo mmienu yi hɔ.
17 Deɛ wɔnyaa wɔ Benyamin abusuakuo hɔ nie: Gibeon+ ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so, Geba ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so,+ 18 Anatot+ ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so, ne Almon ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so; nkuro nnan.
19 Nkuro a Aaron asefoɔ a wɔyɛ asɔfoɔ no nyaeɛ nyinaa yɛ nkuro 13 ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so.+
20 Na wɔnam ntonto so maa Kohatfoɔ mmusua a aka a wɔyɛ Lewifoɔ no nso nyaa nkuro firii Efraim abusuakuo no nkyɛn. 21 Wɔde dwankɔbea kuro a sɛ obi kum nipa a ɔbɛdwane akɔ hɔ maa wɔn.+ Ɛno ne Sekem+ ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so a ɛwɔ Efraim mmepɔ so, ɛne Geser+ ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so, 22 Kibsaim ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so, ne Bet-Horon+ ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so; nkuro nnan.
23 Deɛ wɔnyaa wɔ Dan abusuakuo hɔ nie: Elteke ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so, Gibeton ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so, 24 Ayalon+ ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so, ne Gat-Rimon ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so; nkuro nnan.
25 Deɛ wɔnyaa wɔ Manase abusuakuo fã hɔ nie: Taanak+ ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so, ne Gat-Rimon ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so; nkuro mmienu.
26 Nkuro a Kohatfoɔ mmusua a aka no nyaeɛ nyinaa yɛ nkuro du ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so.
27 Deɛ Gersonfoɔ+ a wɔfiri Lewifoɔ mmusua mu no nya firii Manase abusuakuo fã no hɔ nie: Dwankɔbea kuro a sɛ obi kum nipa a ɔbɛdwane akɔ hɔ. Ɛno ne Golan+ a ɛwɔ Basan ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so, ne Beestera ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so; nkuro mmienu.
28 Deɛ wɔnyaa wɔ Isakar abusuakuo no hɔ nie:+ Kision ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so, Daberat+ ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so, 29 Yamut ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so, ne En-Ganim ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so; nkuro nnan.
30 Deɛ wɔnyaa wɔ Aser abusuakuo hɔ nie:+ Misal ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so, Abdon ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so, 31 Helkat+ ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so, ne Rehob+ ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so; nkuro nnan.
32 Deɛ wɔnyaa wɔ Naftali abusuakuo hɔ nie: Dwankɔbea kuro+ a sɛ obi kum nipa a ɔbɛdwane akɔ hɔ. Ɛno ne Kedes+ a ɛwɔ Galilea ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so, ɛne Hamot-Dor ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so, ne Kartan ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so; nkuro mmiɛnsa.
33 Nkuro a Gersonfoɔ mmusua no nyaeɛ nyinaa yɛ nkuro 13 ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so.
34 Lewifoɔ a na wɔaka ne Merarifoɔ mmusua no.+ Deɛ wɔnyaa wɔ Sebulon abusuakuo hɔ nie:+ Yokneam+ ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so, Karta ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so, 35 Dimna ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so, ne Nahalal+ ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so; nkuro nnan.
36 Deɛ wɔnyaa wɔ Ruben abusuakuo hɔ nie: Beser+ ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so, Yahas ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so,+ 37 Kedemot ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so, ne Mefaat ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so; nkuro nnan.
38 Deɛ wɔnyaa wɔ Gad abusuakuo hɔ nie:+ Dwankɔbea kuro a sɛ obi kum nipa a ɔbɛdwane akɔ hɔ. Ɛno ne Ramot a ɛwɔ Gilead+ ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so, ɛne Mahanaim+ ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so, 39 Hesbon+ ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so, Yaser+ ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so; nkuro no nyinaa yɛ nnan.
40 Lewifoɔ mmusua a na wɔaka a wɔyɛ Merarifoɔ mmusua no, nkuro a wɔnyaeɛ nyinaa yɛ 12.
41 Nkuro a Lewifoɔ no nyaa wɔ Israelfoɔ asaase so nyinaa yɛ nkuro 48 ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so.+ 42 Ná nsaase a mmoa bɛdidi so atwa nkuro yi mu biara ho ahyia; saa na na nkuro yi nyinaa teɛ.
43 Enti asaase a Yehowa kaa Israel agyanom ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no nyinaa, ɔde maa Israelfoɔ no,+ na wɔfa tenaa so.+ 44 Afei nso, baabi a wɔwɔ biara no, Yehowa maa wɔn asomdwoeɛ sɛdeɛ ɔkaa ho ntam kyerɛɛ wɔn agyanom no,+ na wɔn atamfo no mu biara antumi annyina wɔn anim.+ Yehowa de wɔn atamfo nyinaa hyɛɛ wɔn nsa.+ 45 Nneɛma pa a Yehowa de hyɛɛ Israelfoɔ* bɔ no nyinaa, baako mpo anka mu; ne nyinaa baa mu.+
22 Afei Yosua frɛɛ Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fã no, 2 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Moadi deɛ Yehowa akoa Mose hyɛɛ mo nyinaa so,+ na me nso, deɛ mahyɛ mo nyinaa, moadi so.+ 3 Berɛ tenten yi nyinaa, moannya mo nuanom hɔ de bɛsi nnɛ;+ na moadi Yehowa mo Nyankopɔn ahyɛdeɛ so.+ 4 Afei Yehowa mo Nyankopɔn ama mo nuanom ahome, sɛdeɛ ɔhyɛɛ wɔn bɔ no.+ Enti mobɛtumi asan akɔ mo ntomadan mu, asaase a Yehowa akoa Mose de maa mo wɔ Yordan agya* no so.+ 5 Na monhwɛ nni ahyɛdeɛ ne Mmara a Yehowa akoa Mose de maa mo no so.+ Deɛ ɛbɛma moayɛ saa ne sɛ mobɛdɔ Yehowa mo Nyankopɔn,+ mobɛfa n’akwan nyinaa so,+ mobɛdi n’ahyɛdeɛ so,+ mode mo ho bɛbata ne ho,+ na mode mo akoma nyinaa ne mo kra* nyinaa asom no.”+
6 Afei Yosua hyiraa wɔn, na ɔgyaa wɔn kwan, na wɔkɔɔ wɔn ntomadan mu. 7 Mose maa Manase abusuakuo fã no agyapadeɛ wɔ Basan,+ na abusuakuo no fã a aka no ne wɔn nuanom nso, Yosua maa wɔn asaase wɔ Yordan atɔeɛ fam.+ Afei nso, berɛ a Yosua regya wɔn kwan ama wɔakɔ wɔn ntomadan mu no, ɔhyiraa wɔn, 8 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momfa ahonyadeɛ ne nyɛmmoa ne dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ne kɔbere ne nnadeɛ ne ntaadeɛ bebree nkɔ.+ Na mo ne mo nuanom nkyɛ nneɛma a monya firii mo atamfo hɔ wɔ ɛko mu no.”+
9 Afei Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fã no ne Israelfoɔ a aka no dii mpaapaemu, na wɔfirii Silo a ɛwɔ Kaanan asaase so, na wɔsan kɔɔ Gilead asaase so,+ asaase a Yehowa nam Mose so ka maa wɔde maa wɔn sɛ wɔn agyapadeɛ a wɔbɛtena so no.+ 10 Berɛ a wɔduruu Yordan mantam mu wɔ Kaanan asaase so no, Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fã no sii afɔrebukyia wɔ Yordan ho. Ná ɛyɛ afɔrebukyia kɛseɛ paa. 11 Akyire yi, Israelfoɔ a aka no tee sɛ wɔreka sɛ:+ “Hwɛ! Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fã no asi afɔrebukyia wɔ Yordan mpɔtamu, Kaanan hyeɛ so, wɔ Israelfoɔ no afã hɔ.” 12 Berɛ a Israelfoɔ no teeɛ no, Israel asafo no nyinaa boaboaa wɔn ho ano wɔ Silo+ sɛ wɔne wɔn rekɔko.
13 Na Israelfoɔ somaa ɔsɔfoɔ Eleasar ba Finehas+ kɔɔ Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fã no nkyɛn wɔ Gilead asaase so. 14 Ná mpanimfoɔ du ka ne ho; wɔyii ɔpanin baako firii Israel agyanom abusuakuo biara mu. Ná wɔn mu biara da n’agyanom fie ano, Israel apem apem* mu.+ 15 Berɛ a wɔduruu Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fã no nkyɛn wɔ Gilead asaase so no, wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:
16 “Yehowa asafo no nyinaa se yɛmmisa mo sɛ, ‘Adɛn nti na moayɛ adebɔne yi+ atia Israel Nyankopɔn? Moasi afɔrebukyia de ate atua atia Yehowa, na monam so atwe mo ho afiri Yehowa ho ɛnnɛ da yi.+ 17 Bɔne a yɛyɛɛ no Peor no, ɛno ara nnɔɔso mma yɛn anaa? Ɛkɔfaa ɔhaw baa Yehowa asafo so, na ɛde bɛsi nnɛ nyinaa, yɛntetee yɛn ho mfirii ɔhaw no ho.+ 18 Ɛnna nnɛ nso mopɛ sɛ modane firi Yehowa akyi? Sɛ mote atua tia Yehowa nnɛ a, ɔkyena ne bo bɛfu Israel asafo no nyinaa.+ 19 Sɛ asaase a wɔde ama mo no na ɛho agu fĩ a, ɛnneɛ montwa mmra Yehowa asaase so,+ baabi a Yehowa som ntomadan si no,+ na mommɛtena yɛn nkyɛn. Monnte atua nntia Yehowa, na monnsi afɔrebukyia foforɔ nnka Yehowa yɛn Nyankopɔn afɔrebukyia no ho, na amma yɛannane atuatefoɔ.+ 20 Berɛ a Sera ba Akan+ faa nneɛma a wɔkaa sɛ wɔnsɛe no no, ɛnyɛ Israel asafo no nyinaa na ɛho abufuo baa wɔn so?+ Ɔno nko ara anwu wɔ ne bɔne no ho.’”+
21 Ɛnna Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fã no ka kyerɛɛ wɔn a wɔdeda Israel apem apem* ano no sɛ:+ 22 “Anyame mu Nyankopɔn Yehowa!* Anyame mu Nyankopɔn Yehowa!+ Ɔno na ɔnim, na Israel nso bɛhunu. Yehowa, sɛ yɛate atua anaa yɛayɛ adebɔne bi atia wo a, ɛnneɛ, nnye yɛn nnɛ da yi. 23 Sɛ yɛsii afɔrebukyia fae sɛ yɛde retwe yɛn ho afiri Yehowa ho, na yɛabɔ ɔhyeɛ afɔreɛ, aduane afɔreɛ, ne asomdwoeɛ afɔreɛ wɔ so a, ɛnneɛ Yehowa bɛtwe yɛn aso.+ 24 Ɛnte saa. Mmom biribi foforɔ nti na yɛyɛɛ wei. Yɛkaa no yɛn tirim sɛ, ‘Daakye bi, mo mma bɛbisa yɛn mma sɛ: “Ɛdeɛn na mo ne Israel Nyankopɔn Yehowa wɔ yɛ? 25 Yehowa de Yordan ayɛ ɛhyeɛ ato yɛne mo Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ntam. Monni kyɛfa biara wɔ Yehowa mu.” Ɛba saa a, mo mma bɛma yɛn mma agyae Yehowa som.’*
26 “Enti yɛkaa sɛ: ‘Momma yɛnyɛ ho biribi ɛkwan biara so; momma yɛnsi afɔrebukyia. Yɛremmɔ ɔhyeɛ afɔreɛ anaa afɔreɛ foforɔ biara wɔ so, 27 na mmom ɛbɛyɛ adanseɛ wɔ yɛne mo ne yɛn asefoɔ* a wɔbɛba wɔ yɛn akyi no ntam+ sɛ yɛde yɛn hyeɛ afɔreɛ ne yɛn asomdwoeɛ afɔreɛ ne afɔreɛ foforɔ a aka bɛba Yehowa anim abɛsom no,+ na ɔkyena bi mo mma anka ankyerɛ yɛn mma sɛ: “Monni kyɛfa biara wɔ Yehowa mu.”’ 28 Enti yɛkaa sɛ, ‘Sɛ ɛba sɛ ɔkyena bi wɔka saa kyerɛ yɛne yɛn asefoɔ* a, yɛbɛka sɛ: “Monhwɛ Yehowa afɔrebukyia nsɛsoɔ a yɛn agyanom yɛeɛ. Ɛnyɛ ɔhyeɛ afɔreɛ anaa afɔreɛ foforɔ biara nti na wɔyɛeɛ, na mmom wɔyɛɛ sɛ ɛnyɛ adanseɛ wɔ yɛne mo ntam.”’ 29 Ɛmpare yɛn sɛ yɛbɛte atua atia Yehowa na yɛatwe yɛn ho afiri Yehowa ho+ akɔsi afɔrebukyia foforɔ na yɛabɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ne aduane afɔreɛ anaa afɔreɛ foforɔ biara wɔ so berɛ a Yehowa yɛn Nyankopɔn afɔrebukyia a ɛsi ne som ntomadan anim no wɔ hɔ!”+
30 Berɛ a ɔsɔfoɔ Finehas ne asafo no mu mpanimfoɔ ne wɔn a wɔdeda Israel apem apem* ano a wɔka ne ho no tee asɛm a Ruben asefoɔ ne Gad asefoɔ ne Manase asefoɔ kaeɛ no, ɛtɔɔ wɔn asom.+ 31 Enti ɔsɔfoɔ Eleasar ba Finehas ka kyerɛɛ Ruben asefoɔ ne Gad asefoɔ ne Manase asefoɔ no sɛ: “Ɛnnɛ yɛahunu sɛ Yehowa wɔ yɛn ntam, ɛfiri sɛ moanyɛ wei sɛ mode resɔre atia Yehowa. Seesei Yehowa rentwe Israelfoɔ aso.”*
32 Afei ɔsɔfoɔ Eleasar ba Finehas ne mpanimfoɔ no ne Rubenfoɔ ne Gadfoɔ no dii mpaapaemu wɔ Gilead asaase so, na wɔsan baa Israelfoɔ a aka no nkyɛn wɔ Kaanan asaase so bɛbɔɔ wɔn amanneɛ. 33 Asɛm no tɔɔ Israelfoɔ no asom. Enti Israelfoɔ no yii Onyankopɔn ayɛ, na wɔanka bio sɛ wɔne Rubenfoɔ ne Gadfoɔ bɛkɔ akɔko na wɔasɛe asaase a wɔte so no.
34 Na Rubenfoɔ ne Gadfoɔ no too afɔrebukyia no din,* ɛfiri sɛ “ɛyɛ adanseɛ wɔ yɛn ntam sɛ Yehowa ne nokorɛ Nyankopɔn no.”
23 Yehowa maa Israelfoɔ no home firii wɔn atamfo a wɔatwa wɔn ho ahyia nyinaa nsam.+ Ɛno akyi nna pii a na Yosua mfeɛ akɔ animu na wabɔ akɔkoraa no,+ 2 Yosua frɛɛ Israelfoɔ nyinaa,+ mpanimfoɔ ne ahwɛfoɔ ne atemmufoɔ ne atitire,+ na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Me deɛ, me mfeɛ akɔ animu, na mabɔ akɔkoraa. 3 Na mo ara moahunu deɛ mo nti Yehowa mo Nyankopɔn de yɛɛ aman yi nyinaa; Yehowa mo Nyankopɔn na ɔko maa mo.+ 4 Monhwɛ, mebɔɔ ntonto+ kyɛɛ aman a aka yi ne wɔn a metuu wɔn ase no nyinaa+ nsaase maa mo.+ Mede maa mo mmusuakuo no sɛ agyapadeɛ, ɛfiri Yordan kɔsi Ɛpo Kɛseɛ* no ho wɔ atɔeɛ fam.* 5 Yehowa mo Nyankopɔn na ɔpiapiaa wɔn firii mo anim,+ na mo nti, ɔpamoo wɔn maa mofaa wɔn nsaase* sɛdeɛ Yehowa mo Nyankopɔn hyɛɛ mo bɔ no.+
6 “Enti monnya akokoɔduro, na monhwɛ sɛ mobɛdi deɛ wɔatwerɛ no Mose Mmara nwoma no+ mu nyinaa so, na mommmane nnkɔ nifa anaa benkum.+ 7 Na mommfa mo ho mmmɔ aman a aka wɔ mo nkyɛn yi ho.+ Mommmɔ wɔn anyame din mpo,+ mommfa wɔn din nnka ntam, monnsom wɔn, na monnkoto wɔn da.+ 8 Mmom, momfa mo ho mmata Yehowa mo Nyankopɔn ho,+ sɛdeɛ moayɛ de abɛsi nnɛ da yi. 9 Yehowa bɛpamo aman akɛseɛ a wɔn ho yɛ den afiri mo anim;+ ɛfiri sɛ ɛde bɛsi nnɛ, onipa biara ntumi nnyinaa mo anim.+ 10 Mo mu baako pɛ bɛti nnipa apem,+ ɛfiri sɛ Yehowa mo Nyankopɔn na ɔko ma mo+ sɛdeɛ wahyɛ mo bɔ no.+ 11 Enti monnɔ Yehowa mo Nyankopɔn+ na ama mo ani ada hɔ berɛ nyinaa.*+
12 “Nanso sɛ mosan mo akyi de mo ho kɔbata aman a aka a mo ne wɔn te yi ho,+ na mowareware wɔn*+ anaa mo ne wɔn bɔ a, 13 ɛnneɛ monhunu sɛ Yehowa mo Nyankopɔn renkɔ so mpamo* aman yi mfiri mo anim.+ Na wɔbɛdane fidie ama mo, na wɔabɛyɛ abaa* wɔ mo akyi,+ ne nkasɛɛ wɔ mo aniwa mu, akɔsi sɛ mo ase bɛtɔre afiri asaase pa a Yehowa mo Nyankopɔn de ama mo yi so.
14 “Hwɛ! Merebɛwu,* na monim mo akoma nyinaa mu ne mo kra* nyinaa mu sɛ, nneɛma pa a Yehowa mo Nyankopɔn de ahyɛ mo bɔ no mu asɛm baako mpo nni hɔ a ɛmmaa mu. Ne nyinaa aba mu ama mo; baako mpo nni hɔ a amma mu.+ 15 Na sɛdeɛ nneɛma pa a Yehowa mo Nyankopɔn de ahyɛ mo bɔ no nyinaa aba mu no,+ saa ara na Yehowa de nnome a ɔkaa sɛ ɔde bɛba mo so no nyinaa bɛba akɔsi sɛ ɔbɛtɔre mo ase afiri asaase pa a Yehowa mo Nyankopɔn de ama mo yi so.+ 16 Sɛ mobu Yehowa mo Nyankopɔn apam a ɔde ama mo sɛ monni soɔ no so, na mokɔsom anyame foforɔ na mokoto wɔn a, Yehowa abufuhyeɛ bɛba mo so,+ na ɛrenni da bi na mo ase ahye koraa afiri asaase pa a ɔde ama mo yi so.”+
24 Afei Yosua maa Israel mmusuakuo no nyinaa bɛhyiaa wɔ Sekem, na ɔfrɛɛ Israel mpanimfoɔ ne ahwɛfoɔ ne atemmufoɔ ne atitire nyinaa+ bɛgyinaa nokorɛ Nyankopɔn no anim. 2 Na Yosua ka kyerɛɛ nnipa no nyinaa sɛ: “Deɛ Israel Nyankopɔn Yehowa aka nie, ‘Tete no,+ na mo agyanom+ te Asubɔnten no* agya; ɛhɔ na na Abraham ne Nahor papa Tera teɛ. Ná wɔsom anyame foforɔ.+
3 “‘Akyire yi, mefaa mo nana Abraham+ firii Asubɔnten no* agya, na memaa no kyinii Kaanan asaase nyinaa so, na memaa n’ase* trɛe.+ Mede Isak maa no;+ 4 memaa Isak nso nyaa Yakob ne Esau.+ Akyire yi, mede Seir Bepɔ maa Esau sɛ ɔmfa;+ Yakob ne ne mma nso siane kɔɔ Egypt.+ 5 Afei mesomaa Mose ne Aaron,+ na mede ɔhaw baa Egypt so,+ na ɛno akyi no meyii mo firii hɔ. 6 Berɛ a meyii mo agyanom firii Egypt+ bɛduruu po no ho no, Egyptfoɔ de nteaseɛnam ne nnipa a wɔtete apɔnkɔ so taa mo agyanom so kɔduruu Ɛpo Kɔkɔɔ no ho tɔnn.+ 7 Na wɔfirii aseɛ su frɛɛ Yehowa,+ enti ɔmaa esum kabii bɛdaa mo ne Egyptfoɔ no ntam, na ɔmaa ɛpo no bu faa wɔn so kataa wɔn so.+ Mo ara mode mo ani hunuu deɛ meyɛɛ wɔ Egypt no.+ Na motenaa serɛ so mfeɛ* pii.+
8 “‘Mede mo bɛduruu Amorifoɔ a wɔte Yordan agya* no asaase so, na wɔne mo koe.+ Na mede wɔn hyɛɛ mo nsa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛfa wɔn asaase, na mesɛee wɔn wɔ mo anim.+ 9 Afei Sipor ba Balak a ɔyɛ Moab hene no sɔree, na ɔne Israelfoɔ bɛkoe. Na ɔsoma kɔfrɛɛ Beor ba Baalam sɛ ɔmmɛdome mo.+ 10 Nanso mantie Baalam.+ Enti ɔhyiraa mo toatoaa so,+ na megyee mo firii ne nsam.+
11 “‘Afei motwaa Yordan+ bɛduruu Yeriko,+ na Yerikofoɔ ne Amorifoɔ ne Perisifoɔ ne Kaananfoɔ ne Hitifoɔ ne Girgasifoɔ ne Hiwifoɔ ne Yebusifoɔ akannifoɔ* ne mo koe. Nanso mede wɔn hyɛɛ mo nsa.+ 12 Na memaa mo ho hu* dii mo anim, na ɛpamoo wɔn firii mo anim,+ sɛdeɛ meyɛɛ Amorifoɔ ahemfo mmienu no. Mo sekan nnim, mo agyan nnim.+ 13 Na memaa mo asaase a moammrɛ ho, na memaa mo nkuro tenaa mu a ɛnyɛ mo na mokyekyereeɛ.+ Bobe mfuo ne ngodua mfuo a modidi so yi nso, ɛnyɛ mo na moyɛeɛ.’*+
14 “Enti afei monsuro Yehowa, na momfa abrabɔ a ɛdi mu* ne nokorɛdie nsom no.+ Na monyiyi anyame a mo agyanom som wɔn wɔ Asubɔnten no* agya ne Egypt no ngu,+ na monsom Yehowa. 15 Sɛ nso mompɛ sɛ mosom Yehowa a, ɛnneɛ ɛnnɛ monyi deɛ mobɛsom no;+ sɛ anyame a mo agyanom som wɔn wɔ Asubɔnten no* agya no oo,+ sɛ Amorifoɔ a mote wɔn asaase so no anyame oo,+ monyi deɛ mobɛsom no. Na me ne me fiefoɔ deɛ, yɛbɛsom Yehowa.”
16 Ɛnna ɔman no kaa sɛ: “Ɛmpare yɛn sɛ yɛbɛgya Yehowa hɔ na yɛakɔsom anyame foforɔ. 17 Yehowa yɛn Nyankopɔn na ɔyii yɛne yɛn agyanom firii Egypt asaase so,+ firii nkoafie.+ Ɔno na ɔyɛɛ anwanwadeɛ akɛseɛ yi wɔ yɛn anim,+ na ɔbɔɔ yɛn ho ban ɛkwan a yɛfaa so nyinaa mu, ne aman a yɛfaa wɔn mu no nyinaa mu.+ 18 Yehowa pamoo aman a na wɔtete asaase no so nyinaa; Amorifoɔ ka ho. Enti yɛn nso yɛbɛsom Yehowa, ɛfiri sɛ ɔno ne yɛn Nyankopɔn.”
19 Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Morentumi nsom Yehowa, ɛfiri sɛ ɔyɛ Onyankopɔn kronkron.+ Na ɔyɛ Onyankopɔn a ɔmpɛ sɛ wɔsom obiara ka ne ho.+ Sɛ moto mmara* na moyɛ bɔne a, ɔremfa nkyɛ mo.+ 20 Sɛ mogya Yehowa hɔ na mokɔsom ananafoɔ anyame a, ɔno nso bɛdane aba mo so na wahye mo ase, ɛwom sɛ kane no ɔyɛɛ mo papa.”+
21 Ɛnna nkurɔfoɔ no ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Daabi, Yehowa ara na yɛbɛsom no!”+ 22 Afei Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Mo ara modi adanseɛ sɛ mo ankasa na mokyerɛɛ sɛ mobɛsom Yehowa.”+ Na wɔkaa sɛ: “Yɛyɛ adansefoɔ.”
23 “Ɛnneɛ monyiyi ananafoɔ anyame a ɛwɔ mo mu no ngu, na monnane mo akoma mmra Israel Nyankopɔn Yehowa nkyɛn.” 24 Na ɔman no ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Yɛbɛsom Yehowa yɛn Nyankopɔn, na yɛbɛtie ne nne!”
25 Enti Yosua ne ɔman no yɛɛ apam saa da no, na ɔmaa wɔn ahyɛdeɛ ne mmara wɔ Sekem. 26 Afei Yosua twerɛɛ nsɛm yi wɔ Onyankopɔn Mmara nwoma no mu,+ na ɔde ɛboɔ kɛseɛ bi+ sii hɔ wɔ dua kɛseɛ a ɛsi Yehowa kronkronbea ho no ase.
27 Na Yosua toaa so ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: “Monhwɛ! Ɛboɔ yi bɛyɛ yɛn danseni,+ ɛfiri sɛ ate deɛ Yehowa aka akyerɛ yɛn nyinaa, na ɛbɛyɛ danseni na moampo mo Nyankopɔn.” 28 Afei Yosua gyaa ɔman no kwan maa obiara kɔɔ n’agyapadeɛ so.+
29 Nsɛm yi akyi no, Nun ba Yosua, Yehowa akoa no wui berɛ a na wadi mfeɛ 110.+ 30 Na wɔsiee no wɔ asaase a ɛyɛ n’agyapadeɛ so wɔ Timnat-Sera.+ Ɛwɔ Efraim mmepɔ mu wɔ Gaase Bepɔ atifi fam. 31 Na Israelfoɔ kɔɔ so som Yehowa wɔ Yosua nna nyinaa mu ne mpanimfoɔ a wɔtenaa ase Yosua akyi no nna nyinaa mu, mpanimfoɔ a wɔhuu nnwuma a Yehowa yɛ maa Israel no nyinaa.+
32 Afei wɔsiee Yosef nnompe+ a Israelfoɔ de firi Egypt baeɛ no wɔ Sekem, asaase a Yakob tɔ firii Sekem papa Hamor mma nkyɛn+ nnwetɛbena 100+ no so, na ɛbɛyɛɛ Yosef mma agyapadeɛ.+
33 Aaron ba Eleasar nso wui,+ na wɔsiee no wɔ ne ba Finehas+ Kokoɔ so, asaase a wɔde maa no wɔ Efraim mmepɔ mu no so.
Anaa “Yehosua.” Ɛkyerɛ, “Yehowa Ne Nkwagyeɛ.”
Kyerɛ sɛ, Mediterranea Po.
Anaa “awiatɔeɛ.”
Anaa “kenkan no brɛoo ma ɛmpue w’ano.”
Kyerɛ sɛ, Yordan apueeɛ fam anaa awiapueeɛ.
Kyerɛ sɛ, nkurɔfoɔ a wɔsoma wɔn kodɛɛ ma wɔkɔhwɛ sɛdeɛ baabi teɛ na wɔbɛka.
Kyerɛ sɛ, Yordan apueeɛ fam anaa awiapueeɛ.
Nt., “yɛn akoma nanee.”
Anaa “momma me sɛnkyerɛnne a ɛdi mu.”
Anaa “Monyi yɛn kra mfiri owuo mu.”
Anaa “yɛn kra.”
Nt., “ne mogya bɛgu ɔno ara ne tiri so.”
Anaa “sɛ obi de ne nsa ka no a.”
Nt., “ne mogya bɛba yɛn tiri so.”
Nt., “Israel mma.”
Bɛyɛ mita 890 (anm. 2,920). Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “Monyɛ mo ho kronkron.”
Kyerɛ sɛ, Ɛpo a Awuo.
Anaa “Na aboɔ yi bɛyɛ nkaeɛ ama Israelfoɔ daa.”
Nt., “wɔsuroo no.”
Nt., “baabi a ɛhwɛ po.”
Nt., “wɔn akoma nanee.”
Nt., “ná honhom biara nni wɔn mu bio.”
Anaa “dua.”
Ɛkyerɛ, “Mmarima Dua Ano Wedeɛ Bepɔ.”
Anaa “mmarima a wɔaso sɛ wɔkɔ sraadie.”
Ɛkyerɛ, “Pia; Muni.”
Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma emu ka.
Anaa “sahene.”
Anaa “mommɔ nsra.”
Nt., “odwennini abɛn.”
Anaa “nnyegyeeɛ tenten.”
Anaa “nkɔbɔ nsra.”
Asraafoɔ a wɔbɔ kyidɔm no yɛ asraafoɔ a wɔdi asraafoɔ a aka no akyi bɔ wɔn ho ban.
Anaa “wɔbɔɔ nsra.”
Anaa “wɔbɔɔ nsra.”
Anaa “amane; mmusuo.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “ɔmaa ɔman no kaa ntam sɛ.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Yehowa din.”
Ɛkyerɛ, “Baabi a Wɔpae Aboɔ.”
Nt., “wɔn akoma nanee, na ɛyɛɛ sɛ nsuo.”
Kyerɛ sɛ, Yordan apueeɛ fam anaa awiapueeɛ.
Anaa “adane n’akyi akyerɛ n’atamfo.”
Dwetɛbena baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “Asaasetraa so.”
Anaa “ɔhaw; amanehunu.”
Ɛkyerɛ, “Mmusuo; Amanehunu.”
Asraafoɔ a wɔbɔ kyidɔm no yɛ asraafoɔ a wɔdi asraafoɔ a aka no akyi bɔ wɔn ho ban.
Anaa “asaasetraa no so.”
Nt., “wɔnam wɔn mu.”
Kyerɛ sɛ, Mediterranea Po.
Saa berɛ no, Hiwifoɔ na na wɔte Gibeon.
Kyerɛ sɛ, Yordan apueeɛ fam anaa awiapueeɛ.
Anaa “wɔbɛkɔ akɔpɛ gya.”
Anaa “yɛn kra.”
Nt., “Nyi wo nsa mfiri wo nkoa so.”
Anaa “Asaasetraa so!”
Nt., “anse ne kɛtrɛma.”
Anaa “akra.”
Anaa “akra.”
Anaa “akra.”
Anaa “akra.”
Anaa “akra.”
Anaa “akra.”
Anaa “akra.”
Anaa “Araba.”
Anaa “nkokoɔ.”
Anaa “akra.”
Anaa “aseɛ nkokoɔ.”
Anaa “Arnon Subɔn.”
Anaa “Arnon Subɔn.”
Anaa “Subɔn.”
Kyerɛ sɛ, Genesaret tadeɛ, anaa Galilea Po.
Kyerɛ sɛ, Ɛpo a Awuo.
Anaa “wokõ fa.”
Anaa “ɛfiri Sihor.”
Nt., “Egypt anim.”
Anaa “Hamat kwan ano.”
Anaa “Mɛtu wɔn afiri wɔn asaase so ama Israelfoɔ.”
Anaa “Arnon Subɔn.”
Anaa “gyee wɔn asaase.”
Anaa “Israelfoɔ annye Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ asaase.”
Anaa “Arnon Subɔn.”
Anaa “asaasetraa no so.”
Kyerɛ sɛ, ahemfo a na wɔhyɛ Sihon ase.
Anaa “asaasetraa no so.”
Kyerɛ sɛ, Genesaret tadeɛ, anaa Galilea Po.
Kyerɛ sɛ, Yordan apueeɛ fam anaa awiapueeɛ.
Nt., “asɛm a ɛwɔ m’akomam biara bɛtoo n’anim.”
Nt., “maa nnipa no akoma nanee.”
Nt., “akoma mũ; akoma mua.”
Anaa “mɛtu wɔn.”
Kyerɛ sɛ, Ɛpo a Awuo.
Kyerɛ sɛ, Ɛpo Kɛseɛ, Mediterranea.
Kyerɛ sɛ, Ɛpo a Awuo.
Anaa “Asaasetraa no so.”
Anaa “Asaasetraa.”
Kyerɛ sɛ, Mediterranea Po.
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Aksa bɔɔ ne nsam berɛ a ɔte afunumu no so no.”
Anaa “Negeb.”
Ɛkyerɛ, “Asɛn (Nkyɛnsee) a Nsuo Wom.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Gedera ne ne nnwammuo.”
Kyerɛ sɛ, Mediterranea Po.
Kyerɛ sɛ, Yordan apueeɛ fam anaa awiapueeɛ.
Nt., “nifa so.”
Kyerɛ sɛ, Manasefoɔ anaa Manasefoɔ asaase ne.
Kyerɛ sɛ, Manasefoɔ anaa Manasefoɔ asaase ne.
Nt., “me.”
Anaa “asaasetraa no so nyinaa.”
Anaa “Asaasetraa so.”
Anaa “nnadeɛ nteaseɛnam.”
Anaa “nnadeɛ nteaseɛnam.”
Anaa “Asaasetraa.”
Kyerɛ sɛ, Ɛpo a Awuo.
Anaa “awiapueeɛ.”
Anaa “awiapueeɛ.”
Anaa “ná ɔnnim na ɔkum.”
Anaa “ɔkra bi.”
Anaa “mogya ho werɛdifoɔ.”
Anaa “ná ɔnnim na ɔkum.”
Anaa “wɔyɛɛ nkuro yi kronkron.”
Anaa “ɔkra bi.”
Anaa “mogya ho werɛdifoɔ.”
Anaa “Israel fie.”
Kyerɛ sɛ, Yordan apueeɛ fam.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “mmusua mmusua.”
Anaa “mmusua mmusua.”
Anaa “Tweaduampɔn Nyankopɔn Yehowa.”
Nt., “Yehowa suro.”
Nt., “awoɔ ntoatoasoɔ.”
Nt., “awoɔ ntoatoasoɔ.”
Anaa “mmusua mmusua.”
Anaa “moagye Israelfoɔ afiri Yehowa nsam.”
Sɛ wohwɛ nkyerɛkyerɛmu a wɔde maeɛ no a, ɛbɛyɛ sɛ wɔtoo afɔrebukyia no din Ɔdanseni.
Kyerɛ sɛ, Mediterranea Po.
Anaa “awiatɔeɛ.”
Anaa “ɔgyee wɔn nsaase maa motenaa so.”
Anaa “Enti monnɔ Yehowa mfa nhwɛ mo kra so yie daa.”
Anaa “mo ne wɔn di ayewareɛ.”
Anaa “ntu.”
Anaa “mpire.”
Nt., “Merekɔ asaase sofoɔ nyinaa kwan.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Kyerɛ sɛ, Eufrate.
Kyerɛ sɛ, Eufrate.
Nt., “n’aba.”
Nt., “nna.”
Kyerɛ sɛ, apueeɛ fam.
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “nsaasewuranom.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “mo ho suro.”
Anaa “moduaeɛ.”
Anaa “abrabɔ a asɛm biara nni ho.”
Kyerɛ sɛ, Eufrate.
Kyerɛ sɛ, Eufrate.
Anaa “mote atua.”