ASƐMMISA 11
Sɛ obi wu a, ɛhe na ɔkorɔ?
“Ne honhom firi kɔ, na ɔsan kɔ ne dɔteɛ mu; da no ara, ne nsusuiɛ yera.”
“Ateasefoɔ nim sɛ wɔbɛwuwu; awufoɔ deɛ, wɔnnim biribiara . . . Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden nyinaa yɛ, ɛfiri sɛ adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa biara nni Adamena mu a worekorɔ no.”
“[Yesu kaa] yeinom, na ɛno akyi no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Yɛn adamfo Lasaro ada, na merekɔ hɔ akɔnyane no.’ Yesu deɛ, na ne wuo ho asɛm na ɔreka. Nanso wɔsusuu sɛ ɔreka nna ho asɛm. Enti afei deɛ, Yesu ka kyerɛɛ wɔn pen sɛ: ‘Lasaro awu.’”