ASƐMMISA 12
Anidasoɔ bɛn na ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔawuwuo?
“Mommma yei nnyɛ mo nwanwa, ɛfiri sɛ dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ nkaeɛ ada mu nyinaa bɛte ne nne na wɔafiri adi.”
“Berɛ bi bɛba a wɔn a wɔtene ne wɔn a wɔntene bɛsɔre afiri awufoɔ mu.”
“Mehunuu awufoɔ, akɛseɛ ne nketewa, sɛ wɔgyinagyina ahennwa no anim, na wɔbuebuee nwoma mmobɔeɛ mu. Na wɔbuee nwoma foforɔ mu; ɛno ne nkwa nwoma no. Na wɔde nsɛm a wɔatwerɛ no nwoma ahodoɔ no mu no buu awufoɔ no atɛn sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ. Na ɛpo yii emu awufoɔ maeɛ, na owuo ne Adamena yii emu awufoɔ maeɛ, na wɔbuu wɔn atɛn mmaako mmaako sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ.”