Numeri
28 Yehowa san ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Wo ne Israelfoɔ nkasa, na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Monhwɛ mfa m’afɔreɛ, kyerɛ sɛ, m’aduane mma me. M’afɔreɛ a wɔde egya hye a ɛyɛ me hwam* no, ɛsɛ sɛ mobɔ ma me wɔ ne berɛ mu.’+
3 “Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Afɔreɛ a wɔde egya hye a mobɛbɔ ama Yehowa nie: Da biara, momfa adwennini nkumaa mmienu a wɔte apɔ a wɔn mu biara adi afe mmɔ ɔhyeɛ afɔreɛ; monyɛ saa daa.+ 4 Momfa odwennini kumaa baako mmɔ afɔreɛ anɔpa, na momfa odwennini kumaa a aka no nso mmɔ afɔreɛ anwummerɛ.*+ 5 Momfa esiam muhumuhu efa nkyɛmu du mu baako* a wɔde ngo pa a ɛfiri ngodua* mu hin* nkyɛmu nnan mu baako afra mmɔ aduane afɔreɛ.+ 6 Ɛyɛ ɔhyeɛ afɔreɛ a wɔbɔ no daa;+ Sinai Bepɔ so na wɔyɛɛ ho nhyehyɛeɛ sɛ ɛnyɛ afɔreɛ hwamhwam* a wɔde egya hye ma Yehowa, 7 ne nsã hin nkyɛmu nnan mu baako a wɔde bɔ ɛho nsã afɔreɛ ka odwennini kumaa biara ho.+ Monhwie nsã a ɛborɔ no ngu kronkronbea hɔ mfa mmɔ nsã afɔreɛ mma Yehowa. 8 Na momfa odwennini kumaa a aka no mmɔ afɔreɛ anwummerɛ.* Momfa aduane afɔreɛ te sɛ anɔpa deɛ no nka ho, na momfa ɛho nsã afɔreɛ nka ho te sɛ anɔpa deɛ no ara. Momfa mmɔ afɔreɛ hwamhwam* a wɔde egya hye mma Yehowa.+
9 “‘Na sɛ ɛduru Homeda deɛ a,+ momfa adwennini nkumaa mmienu a wɔte apɔ a wɔn mu biara adi afe mmɔ afɔreɛ, na momfa esiam muhumuhu efa nkyɛmu du mu mmienu a wɔde ngo afra mmɔ aduane afɔreɛ, na momfa ɛho nsã afɔreɛ nka ho. 10 Wei ne ɔhyeɛ afɔreɛ a mobɛbɔ no Homeda de aka ɔhyeɛ afɔreɛ a wɔbɔ no daa ne ɛho nsã afɔreɛ no ho.+
11 “‘Bosome biara da a ɛdi kan no, momfa anantwinini nkumaa mmienu ne odwennini baako ne adwennini nkumaa nson a wɔte apɔ a wɔn mu biara adi afe mmɔ ɔhyeɛ afɔreɛ mma Yehowa,+ 12 na momfa esiam muhumuhu nkyɛmu du mu mmiɛnsa a wɔde ngo afra nka nantwinini biara ho mmɔ aduane afɔreɛ,+ na momfa esiam muhumuhu nkyɛmu du mu mmienu a wɔde ngo afra nka odwennini no ho mmɔ aduane afɔreɛ.+ 13 Na momfa esiam muhumuhu nkyɛmu du mu baako a wɔde ngo afra mmɔ aduane afɔreɛ nka odwennini kumaa biara ho, na wɔmfa mmɔ ɔhyeɛ afɔreɛ, afɔreɛ hwamhwam,*+ afɔreɛ a wɔde egya hye ma Yehowa. 14 Momfa nsã* hin fã nka nantwinini biara ho mmɔ nsã afɔreɛ,+ momfa nsã hin nkyɛmu mmiɛnsa mu baako nka odwennini no ho,+ na momfa nsã hin nkyɛmu nnan mu baako nka odwennini kumaa biara ho mmɔ afɔreɛ.+ Wei ne ɔhyeɛ afɔreɛ a mobɛbɔ bosome biara, afe no nyinaa. 15 Afei nso, momfa apɔnkye ba baako mmɔ bɔne ho afɔreɛ mma Yehowa nka ɔhyeɛ afɔreɛ a mobɔ no daa ne ɛho nsã afɔreɛ no ho.
16 “‘Bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so 14 no bɛyɛ Yehowa Twam.+ 17 Bosome no da a ɛtɔ so 15 no bɛyɛ afahyɛ da. Monni paanoo a mmɔka* nnim nnanson.+ 18 Da a ɛdi kan no bɛyɛ nhyiamu kronkron. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwumaden biara. 19 Momfa anantwinini nkumaa mmienu ne odwennini baako ne adwennini nkumaa nson a wɔn mu biara adi afe mmɔ ɔhyeɛ afɔreɛ a wɔde egya hye mma Yehowa. Ɛsɛ sɛ mmoa no yɛ mmoa a wɔte apɔ.+ 20 Momfa esiam muhumuhu a wɔde ngo afra nka ho mmɔ ɛho aduane afɔreɛ;+ momfa nkyɛmu du mu mmiɛnsa nka nantwinini biara ho, na momfa nkyɛmu du mu mmienu nka odwennini no ho mmɔ aduane afɔreɛ. 21 Momfa nkyɛmu du mu baako nka adwennini nkumaa nson no mu biara ho. 22 Afei nso, momfa apɔnkye baako mmɔ bɔne ho afɔreɛ mpata mma mo bɔne. 23 Mommɔ saa afɔreɛ no nka anɔpa ɔhyeɛ afɔreɛ a mobɔ no daa no ho. 24 Da biara mommɔ afɔreɛ no saa kwan yi ara so nnanson mfa nyɛ aduane* afɔreɛ; ɛyɛ afɔreɛ hwamhwam* a wɔde egya hye ma Yehowa. Momfa nka ɔhyeɛ afɔreɛ a mobɔ no daa ne ɛho nsã afɔreɛ no ho. 25 Na da a ɛtɔ so nson no, monyɛ nhyiamu kronkron.+ Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwumaden biara.+
26 “‘Na sɛ moredi mo Nnawɔtwe Afahyɛ no+ a, da a mote mo aba a ɛdi kan no,+ sɛ mode hwiit* foforɔ no bi rebɛbɔ aduane afɔreɛ ama Yehowa a,+ monyɛ nhyiamu kronkron. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwumaden biara.+ 27 Momfa anantwinini nkumaa mmienu ne odwennini baako ne adwennini nkumaa nson a wɔn mu biara adi afe mmɔ ɔhyeɛ afɔreɛ hwamhwam* mma Yehowa.+ 28 Momfa esiam muhumuhu a wɔde ngo afra nka ho mmɔ ɛho aduane afɔreɛ; momfa nkyɛmu du mu mmiɛnsa nka nantwinini biara ho, na momfa nkyɛmu du mu mmienu nka odwennini no ho mmɔ aduane afɔreɛ. 29 Momfa nkyɛmu du mu baako nka adwennini nkumaa nson no mu biara ho. 30 Afei nso, momfa apɔnkye ba baako mmɔ afɔreɛ mpata mma mo bɔne.+ 31 Momfa nka ɔhyeɛ afɔreɛ a mobɔ no daa ne ɛho aduane afɔreɛ no ho. Ɛsɛ sɛ mmoa no yɛ mmoa a wɔte apɔ;+ momfa ɛho nsã afɔreɛ no nka ho.