Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Numeri 10:10
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 10 “Afei nso, berɛ a moregye mo ani,+ te sɛ berɛ a morehyɛ fã,+ anaa berɛ a morefiri bosome foforɔ ase no, monhyɛn ntotorobɛnto no ngu mo hyeɛ afɔreɛ+ ne mo asomdwoeɛ afɔreɛ+ no so. Ɛbɛma wɔakae mo wɔ mo Nyankopɔn anim. Mene Yehowa mo Nyankopɔn.”+

  • 1 Berɛsosɛm 23:31
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 31 Sɛ ɛduru berɛ a wɔbɔ afɔreɛ ma Yehowa no a, daa na wɔboa ma wɔbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ Yehowa anim Homeda biara,+ bosome foforɔ biara,+ ne afahyɛ berɛ+ mu, mprɛ dodoɔ a mmara no kyerɛ sɛ wɔnyɛ no.

  • 2 Berɛsosɛm 2:4
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 4 Merebɛsi fie ama Yehowa me Nyankopɔn din na mate ho ahye aduhwam+ wɔ n’anim. Mede paanoo a wɔde taataa so* a wɔde si hɔ daa,+ ne anɔpa ne anwummerɛ ɔhyeɛ afɔreɛ+ nso bɛma no Homeda+ biara. Bosome foforɔ+ ne yɛn Nyankopɔn Yehowa afahyɛ berɛ+ nso, saa ara na mɛyɛ. Wei ne ahyɛdeɛ a ɛda hɔ ma Israel daa.

  • Nehemia 10:32, 33
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 32 “Afei nso, yɛbɛhyɛ mmara ama yɛn ho sɛ afe biara yɛn mu biara de dwetɛbena* nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bɛba abɛboa yɛn Nyankopɔn fie* som adwuma,+ 33 na wɔde adi nneɛma yi ho dwuma: paanoo a wɔde taataa so,*+ daa aduane afɔreɛ,+ daa ɔhyeɛ afɔreɛ a Homeda biara,+ bosome foforɔ biara,+ ne afahyɛ ahodoɔ+ duru so a wɔbɔ, nneɛma kronkron ne bɔne ho afɔreɛ+ a wɔbɔ de pata ma Israel ne adwuma biara a wɔyɛ no yɛn Nyankopɔn fie.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane