Numeri
33 Wei ne Israelfoɔ akwantuo ho nsɛm, berɛ a Mose ne Aaron dii ɔman no asraafoɔ akuo+ anim firii Egypt asaase so+ no.+ 2 Baabi a wɔtu firiiɛ wɔ wɔn akwantuo no mu biara, Mose yɛɛ ho twerɛtohɔ sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ no no. Mmeaeɛ a wɔtu firiiɛ ne mmeaeɛ a wɔkɔsoɛeɛ nie:+ 3 Bosome a ɛdi kan, bosome no da a ɛtɔ so 15 no,+ wɔtu firii Ramese.+ Ɛda a wɔdii Twam no,+ adeɛ kyeeɛ ara na Israelfoɔ de akokoɔduro* firii Egyptfoɔ no nyinaa anim kɔeɛ. 4 Saa berɛ yi nyinaa, na Egyptfoɔ resie wɔn mmakan a Yehowa kunkum wɔn wɔ wɔn mu no nyinaa,+ ɛfiri sɛ na Yehowa abu wɔn anyame no atɛn.+
5 Enti Israelfoɔ tu firii Ramese, na wɔkɔsoɛɛ Sukot.+ 6 Na wɔtu firii Sukot, na wɔkɔsoɛɛ Etarm+ a ɛwɔ serɛ no ano no. 7 Berɛ a wɔtu firii Etarm no, wɔsan wɔn akyi, na wɔde wɔn ani kyerɛɛ Pihahirot a ɛne Baal-Sefon di nhwɛanimu no,+ na wɔkɔsoɛɛ Migdol anim.+ 8 Ɛno akyi no, wɔtu firii Pihahirot, na wɔkɔfaa ɛpo no mfimfini+ kɔɔ serɛ so,+ na wɔde nnansa twaa kwan faa Etarm serɛ so,+ na wɔkɔsoɛɛ Mara.+
9 Afei wɔtu firii Mara, na wɔkɔduruu Elim. Ná asutire 12 ne mmɛdua 70 wɔ Elim, enti wɔsoɛɛ hɔ.+ 10 Ɛno akyi no, wɔtu firii Elim, na wɔkɔsoɛɛ Ɛpo Kɔkɔɔ no ho. 11 Afei wɔtu firii Ɛpo Kɔkɔɔ no ho, na wɔkɔsoɛɛ Sin serɛ so.+ 12 Berɛ a wɔtu firii Sin serɛ so no, wɔkɔsoɛɛ Dofka. 13 Akyire yi, wɔtu firii Dofka, na wɔkɔsoɛɛ Alus. 14 Ɛno akyi no, wɔtu firii Alus, na wɔkɔsoɛɛ Refidim.+ Nanso na nsuo biara nni hɔ a nnipa no bɛnom. 15 Afei wɔtu firii Refidim, na wɔkɔsoɛɛ Sinai serɛ so.+
16 Na wɔtu firii Sinai serɛ so, na wɔkɔsoɛɛ Kibrot-Hatawa.+ 17 Berɛ a wɔtu firii Kibrot-Hatawa no, wɔkɔsoɛɛ Haserot.+ 18 Afei wɔtu firii Haserot, na wɔkɔsoɛɛ Ritma. 19 Ɛno akyi no, wɔtu firii Ritma, na wɔkɔsoɛɛ Rimon-Peres. 20 Berɛ a wɔtu firii Rimon-Peres no, wɔkɔsoɛɛ Libna. 21 Na wɔtu firii Libna, na wɔkɔsoɛɛ Risa. 22 Ɛno akyi no, wɔtu firii Risa, na wɔkɔsoɛɛ Kehelata. 23 Berɛ a wɔtu firii Kehelata no, wɔkɔsoɛɛ Sefa Bepɔ so.
24 Afei wɔtu firii Sefa Bepɔ so, na wɔkɔsoɛɛ Harada. 25 Berɛ a wɔtu firii Harada no, wɔkɔsoɛɛ Makelot. 26 Ɛno akyi no, wɔtu+ firii Makelot, na wɔkɔsoɛɛ Tahat. 27 Afei wɔtu firii Tahat, na wɔkɔsoɛɛ Tera. 28 Berɛ a wɔtu firii Tera no, wɔkɔsoɛɛ Mitka. 29 Akyire yi, wɔtu firii Mitka, na wɔkɔsoɛɛ Hasmona. 30 Ɛno akyi no, wɔtu firii Hasmona, na wɔkɔsoɛɛ Moserot. 31 Berɛ a wɔtu firii Moserot no, wɔkɔsoɛɛ Bene-Yaakan.+ 32 Na wɔtu firii Bene-Yaakan, na wɔkɔsoɛɛ Hor-Hagidgad. 33 Ɛno akyi no, wɔtu firii Hor-Hagidgad, na wɔkɔsoɛɛ Yotbata.+ 34 Akyire yi, wɔtu firii Yotbata, na wɔkɔsoɛɛ Abrona. 35 Berɛ a wɔtu firii Abrona no, wɔkɔsoɛɛ Esion-Geber.+ 36 Afei wɔtu firii Esion-Geber, na wɔkɔsoɛɛ Sina serɛ so,+ kyerɛ sɛ, Kades.
37 Akyire yi, wɔtu firii Kades, na wɔkɔsoɛɛ Hor Bepɔ so+ wɔ Edom asaase no hyeɛ so. 38 Na ɔsɔfoɔ Aaron foro kɔɔ Hor Bepɔ so, sɛdeɛ Yehowa kaeɛ no, na ɔwuu wɔ hɔ. Wei yɛ berɛ a Israelfoɔ firii Egypt asaase so no afe a ɛtɔ so 40, bosome a ɛtɔ so nnum, bosome no da a ɛdi kan.+ 39 Berɛ a Aaron wuu wɔ Hor Bepɔ so no, na wadi mfeɛ 123.
40 Saa berɛ no, Arad hene+ a ɔyɛ Kaananni a na ɔte Negeb wɔ Kaanan asaase so no tee sɛ Israelfoɔ no reba.
41 Berɛ bi akyi no, wɔtu firii Hor Bepɔ so,+ na wɔkɔsoɛɛ Salmona. 42 Afei wɔtu firii Salmona, na wɔkɔsoɛɛ Punon. 43 Ɛno akyi no, wɔtu firii Punon, na wɔkɔsoɛɛ Obot.+ 44 Berɛ a wɔtu firii Obot no, wɔkɔsoɛɛ Ye-Abarim wɔ Moab hyeɛ so.+ 45 Akyire yi, wɔtu firii Ayim, na wɔkɔsoɛɛ Dibon-Gad.+ 46 Afei wɔtu firii Dibon-Gad, na wɔkɔsoɛɛ Almon-Diblataim. 47 Berɛ a wɔtu firii Almon-Diblataim no, wɔkɔsoɛɛ Abarim mmepɔ so+ wɔ Nebo anim.+ 48 Ne korakora no, wɔtu firii Abarim mmepɔ so, na wɔkɔsoɛɛ Moab serɛ so, baabi a ɛbɛn Yordan wɔ Yeriko no.+ 49 Na wɔkɔɔ so tenaa Yordan ho, ɛfiri Bet-Yesimot kɔsi Abel-Sitim+ tɔnn wɔ Moab serɛ so.
50 Na Yehowa ne Mose kasaa wɔ Moab serɛ so, baabi a ɛbɛn Yordan wɔ Yeriko no. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: 51 “Wo ne Israelfoɔ nkasa, na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Morebɛtwa Yordan akɔ Kaanan asaase so.+ 52 Mompamo nnipa a wɔtete asaase no so nyinaa mfiri mo anim, na monsɛe wɔn aboɔ ahoni nyinaa,+ ne wɔn dadeɛ ahoni* nyinaa,+ na monsɛe wɔn sorɔnsorɔmmea* nyinaa.+ 53 Momfa asaase no na montena so, ɛfiri sɛ sɛdeɛ ɛteɛ biara mede bɛma mo sɛ mo agyapadeɛ.+ 54 Mommɔ ntonto+ nkyɛ asaase no mma mo mmusua no sɛ wɔn agyapadeɛ. Ekuo a emufoɔ dɔɔso no, ma wɔn agyapadeɛ nyɛ kɛse, na ekuo a emufoɔ sua no, te wɔn agyapadeɛ so.+ Baabi a obiara ntonto bɛkyerɛ no, ɛhɔ na ɛbɛyɛ n’agyapadeɛ. Mo nsa bɛka mo agyapadeɛ sɛdeɛ mo agyanom mmusuakuo teɛ.+
55 “‘Na sɛ moampamo wɔn a wɔtete asaase no so amfiri mo anim a,+ ɛnneɛ wɔn a mobɛma wɔaka no bɛyɛ sɛ biribi a atɔ mo ani ne kasɛɛ a ɛhyɛ mo mfe mu, na wɔbɛteetee mo wɔ asaase a mobɛtena so no so.+ 56 Na deɛ mayɛ sɛ mede bɛyɛ wɔn no, mo na mede bɛyɛ mo.’”+