Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Exodus 23:31-33
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 31 “Asaase a mede bɛma wo no bɛfiri Ɛpo Kɔkɔɔ no ano akɔsi Filistifoɔ po no ano, na asan afa serɛ no so akɔsi Asubɔnten no* ano.+ Na mede asaase no sofoɔ bɛhyɛ wo nsa na woapamo wɔn afiri w’anim.+ 32 Ɛnsɛ sɛ wo ne wɔn anaa wɔn anyame yɛ apam biara.+ 33 Mma wɔnntena w’asaase so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrentwetwe wo mma wonyɛ bɔne ntia me. Sɛ wosom wɔn anyame a, sɛdeɛ ɛteɛ biara ɛbɛyɛ fidie ama wo.”+

  • Deuteronomium 7:3, 4
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 3 Nware wɔn mu biara.* Mfa wo babaa mma ne babarima, na nnye ne babaa awareɛ mma wo babarima.+ 4 Anyɛ saa a, ɔbɛma wo babarima afiri m’akyi akɔsom anyame foforɔ,+ na Yehowa bo bɛfu wo dendeenden na wasɛe wo pasaa.+

  • Yosua 23:12, 13
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 12 “Nanso sɛ mosan mo akyi de mo ho kɔbata aman a aka a mo ne wɔn te yi ho,+ na mowareware wɔn*+ anaa mo ne wɔn bɔ a, 13 ɛnneɛ monhunu sɛ Yehowa mo Nyankopɔn renkɔ so mpamo* aman yi mfiri mo anim.+ Na wɔbɛdane fidie ama mo, na wɔabɛyɛ abaa* wɔ mo akyi,+ ne nkasɛɛ wɔ mo aniwa mu, akɔsi sɛ mo ase bɛtɔre afiri asaase pa a Yehowa mo Nyankopɔn de ama mo yi so.

  • Atemmufoɔ 2:2, 3
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 2 Na mo nso, mo ne asaase yi sofoɔ nnyɛ apam biara,+ na wɔn afɔrebukyia nso, mommubu ngu.’+ Nanso moantie m’asɛm.+ Adɛn nti na moyɛ saa? 3 Ɛno nti mesan kaa sɛ, ‘Merempamo wɔn mfiri mo anim,+ na wɔbɛyɛ fidie ama mo,+ na wɔn anyame bɛdaadaa mo.’”+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane