Deuteronomium
25 “Sɛ nnipa mmienu nya asɛm a, wɔmfa mmra atemmufoɔ no anim,+ na wɔmmu atɛn; wɔmmu deɛ n’asɛm yɛ dɛ no bem na wɔmmu deɛ n’asɛm nyɛ dɛ no fɔ.+ 2 Sɛ ɛfata sɛ wɔhwe deɛ ɔdi fɔ no a,+ ɔtemmufoɔ no mma no nna hɔ, na wɔmmɔ no mmaa dodoɔ a ɛne ne bɔne no sɛ wɔ ɔtemmufoɔ no anim. 3 Ɔbɛtumi abɔ mmaa no akɔduru 40;+ ɛnsɛ sɛ ɛboro so. Anyɛ saa na ɔhwe no boro saa a, wo nua no anim bɛgu ase wɔ w’anim.
4 “Sɛ nantwie reporo hwiit a, ɛnsɛ sɛ wokyekyere n’ano.+
5 “Sɛ anuanom bi wɔ hɔ na baako wu na sɛ ɔnni ba a, ɛnsɛ sɛ deɛ wawuo no yere kɔware abɔntensoni. Mmom ne kunu nua no nyɛ n’asɛdeɛ na ɔnware no.+ 6 Abɔfra a ɔbaa no bɛdi kan awo no no, wɔmfa ne nua a wawuo no din nto no,+ na ne nua no din anyera amfiri Israel.+
7 “Na sɛ ɔbarima no mpɛ sɛ ɔware ne nua a wawuo no yere a, ɛnneɛ okunafoɔ no nkɔ mpanimfoɔ no nkyɛn wɔ kuro no pono ano na ɔnka nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Me kunu nua no mpɛ sɛ ɔma ne nua din tena Israel. Ɔmpɛ sɛ ɔyɛ n’asɛdeɛ na ɔware me.’ 8 Afei ne kurom mpanimfoɔ no mfrɛ no nkasa nkyerɛ no. Na sɛ ne nyinaa akyi ɔka sɛ, ‘Mempɛ sɛ meware ɔbaa no’ a, 9 ɛnneɛ ɔbaa no nyi ne kunu nua no nan ase mpaboa+ wɔ mpanimfoɔ no anim, na ɔnte ntasuo ngu n’anim nka nkyerɛ no sɛ, ‘Saa na ɛsɛ sɛ wɔyɛ obi a ɔmpɛ sɛ ɔkyekyere ne nua fie.’ 10 Ɛfiri saa berɛ no rekɔ, edin a wɔde bɛfrɛ ne fie* wɔ Israel nie: ‘Deɛ wɔyii ne mpaboa no fie.’
11 “Sɛ mmarima mmienu reko na baako yere ba sɛ ɔrebɛgye ne kunu afiri deɛ ɔreboro no no nsam, na ɔsɔ ne barima mu a, 12 twa ɔbaa no nsa firi so. Nhu no mmɔbɔ.
13 “Mfa nkariboɔ ahodoɔ mmienu, kɛseɛ baako ne ketewa baako nhyɛ wo kotokuo mu.+ 14 Mfa susudeɛ ahodoɔ mmienu,+ kɛseɛ baako ne ketewa baako* mma wo fie. 15 Fa nkariboɔ a ɛdi mu na ɛyɛ papa kari biribiara, na fa susudeɛ a ɛdi mu na ɛyɛ papa susu biribiara, na woanyini akyɛ wɔ asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so.+ 16 Yehowa wo Nyankopɔn kyiri osisifoɔ biara a ɔyɛ saa nneɛma no.+
17 “Kae deɛ Amalekfoɔ de yɛɛ mo berɛ a mofiri Egypt reba no.+ 18 Kae sɛ berɛ a wonam kwan so a woabrɛ na woahodwo no, wɔbɛto hyɛɛ wɔn a ɔbrɛ nti wɔaka akyire no so; wɔansuro Onyankopɔn. 19 Sɛ woduru asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo sɛ agyapadeɛ+ no so, na Yehowa wo Nyankopɔn ma wohome firi w’atamfo a wɔatwa wo ho ahyia no nsam a, pepa Amalekfoɔ firi hɔ na wɔankae wɔn bio wɔ ɔsoro ase.+ Mma wo werɛ mmfi.