Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Deuteronomium 26
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Deuteronomium Nwoma No Mu Nsɛntitire

      • Nnɔbaeɛ a ɛdi kan (1-11)

      • Ntotosoɔ du du a ɛtɔ so mmienu (12-15)

      • Israel yɛ Yehowa agyapadeɛ titire (16-19)

Deuteronomium 26:2

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 23:19; Le 23:10; Nu 18:8, 12; 2Be 6:6; 31:5; Mme 3:9

Deuteronomium 26:3

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 17:1, 8; 26:3

Deuteronomium 26:5

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “a owuo bɔn ne ho.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 28:5; Ho 12:12
  • +Ge 46:27
  • +Ge 46:3; Aso 7:15
  • +Ex 1:7; De 10:22; Dw 105:24

Deuteronomium 26:6

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 1:11

Deuteronomium 26:7

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 3:9; 4:31; Aso 7:34

Deuteronomium 26:8

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 6:6
  • +Ex 7:3; De 4:33, 34

Deuteronomium 26:9

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 3:8; De 8:7, 8; Hes 20:6

Deuteronomium 26:10

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 26:2

Deuteronomium 26:11

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 12:7; 16:14

Deuteronomium 26:12

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “w’apono.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 12:5, 6; 14:22
  • +De 14:28, 29; Mme 14:21; 1Yo 3:17

Deuteronomium 26:13

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yak 1:27

Deuteronomium 26:15

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 23:25
  • +De 8:7, 8
  • +Ge 15:18; 26:3

Deuteronomium 26:16

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 6:6; 11:1; Dw 119:34; 1Yo 5:3

Deuteronomium 26:17

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 26:46
  • +Ɔsɛ 12:13
  • +Le 19:37

Deuteronomium 26:18

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “n’agyapadeɛ a ɛda n’akoma so.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 14:2; 29:10-13

Deuteronomium 26:19

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 7:6; 28:1, 9
  • +De 4:8

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Deut. 26:2Ex 23:19; Le 23:10; Nu 18:8, 12; 2Be 6:6; 31:5; Mme 3:9
Deut. 26:3Ge 17:1, 8; 26:3
Deut. 26:5Ge 28:5; Ho 12:12
Deut. 26:5Ge 46:27
Deut. 26:5Ge 46:3; Aso 7:15
Deut. 26:5Ex 1:7; De 10:22; Dw 105:24
Deut. 26:6Ex 1:11
Deut. 26:7Ex 3:9; 4:31; Aso 7:34
Deut. 26:8Ex 6:6
Deut. 26:8Ex 7:3; De 4:33, 34
Deut. 26:9Ex 3:8; De 8:7, 8; Hes 20:6
Deut. 26:10De 26:2
Deut. 26:11De 12:7; 16:14
Deut. 26:12De 12:5, 6; 14:22
Deut. 26:12De 14:28, 29; Mme 14:21; 1Yo 3:17
Deut. 26:13Yak 1:27
Deut. 26:15Ex 23:25
Deut. 26:15De 8:7, 8
Deut. 26:15Ge 15:18; 26:3
Deut. 26:16De 6:6; 11:1; Dw 119:34; 1Yo 5:3
Deut. 26:17Le 26:46
Deut. 26:17Ɔsɛ 12:13
Deut. 26:17Le 19:37
Deut. 26:18De 14:2; 29:10-13
Deut. 26:19De 7:6; 28:1, 9
Deut. 26:19De 4:8
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Deuteronomium 26:1-19

Deuteronomium

26 “Sɛ wonya kɔfa asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo sɛ agyapadeɛ no tena so a, 2 fa asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo no so aba a ɛdi kan no biara bi gu kɛntɛn mu kɔ baabi a Yehowa wo Nyankopɔn bɛyi de ne din ato no.+ 3 Kɔ ɔsɔfoɔ a ɔwɔ hɔ saa berɛ no nkyɛn na ka kyerɛ no sɛ, ‘Mepɛ sɛ nnɛ meka kyerɛ Yehowa wo Nyankopɔn sɛ mabɛduru asaase a Yehowa kaa yɛn agyanom ntam sɛ ɔde bɛma yɛn no so.’+

4 “Afei ma ɔsɔfoɔ no nnye kɛntɛn no mfiri wo nsam na ɔmfa nsi Yehowa wo Nyankopɔn afɔrebukyia no anim. 5 Ɛno akyi no, ka no Yehowa wo Nyankopɔn anim sɛ, ‘Ná me papa yɛ Aramni kwantuni*+ a ɔne ne fiefoɔ kakraa bi+ kɔtenaa Egypt+ sɛ ahɔhoɔ. Nanso wɔbɛyɛɛ ɔman kɛseɛ a wɔn ho yɛ den na wɔdɔɔso.+ 6 Afei Egyptfoɔ no firii aseɛ tan yɛn ani, na wɔhyɛɛ yɛn so maa yɛyɛɛ nkoadwuma a ɛyɛ den.+ 7 Enti yesu frɛɛ Yehowa yɛn agyanom Nyankopɔn, na Yehowa tee yɛn nne na ɔhuu ahokyerɛ ne amanehunu ne nhyɛsoɔ a yɛrefa mu.+ 8 Afei Yehowa nam nsa a ɛyɛ den ne basa a watene mu+ ne nneɛma a ɛyɛ hu ne nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ so yii yɛn firii Egypt.+ 9 Ɛnna ɔde yɛn aba ha sɛ yɛmfa asaase a nufosuo ne ɛwoɔ abu so wɔ so yi.+ 10 Enti mede asaase a Yehowa de ama me no so nnɔbaeɛ a ɛdi kan aba.’+

“Fa si Yehowa wo Nyankopɔn anim na koto Yehowa wo Nyankopɔn anim. 11 Afei wo ne Lewini ne ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu no ani nnye sɛ Yehowa wo Nyankopɔn ama wo ne wo fiefoɔ nneɛma pa yi nyinaa.+

12 “Afe a ɛtɔ so mmiɛnsa no yɛ afe a wode wo nnɔbaeɛ nyinaa mu ntotosoɔ du du+ bɛba. Sɛ wode ba a, fa ma Lewini, ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu, agyanka, ne okunafoɔ, na wɔnni mmee wɔ wo kuro* mu.+ 13 Afei ka no Yehowa wo Nyankopɔn anim sɛ, ‘Mayi ade kronkron afiri me fie de ama Lewini ne ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ yɛn mu, agyanka, ne okunafoɔ+ sɛdeɛ ahyɛdeɛ a wode ama me no nyinaa teɛ. Memmuu w’ahyɛdeɛ so na memmane mfirii ho. 14 Berɛ a meredi awerɛhoɔ no manni bi, na berɛ a me ho nte no mamfa me nsa anka bi, na mamfa bi anyɛ biribi amma owufoɔ. Matie Yehowa me Nyankopɔn asɛm, na mayɛ deɛ woaka akyerɛ me nyinaa. 15 Afei firi wo tenabea kronkron a ɛwɔ soro hɔ hwɛ wo man Israel na hyira wɔne asaase+ a nufosuo ne ɛwoɔ abu so wɔ so no,+ sɛdeɛ wokaa yɛn agyanom ntam no.’+

16 “Yehowa wo Nyankopɔn reka akyerɛ wo nnɛ sɛ di ahyɛdeɛ ne atemmusɛm yi so. Enti fa w’akoma nyinaa ne wo kra* nyinaa di so na yɛ.+ 17 Ɛnnɛ Yehowa aka akyerɛ wo sɛ, sɛ wonante n’akwan so na wodi n’ahyɛdeɛ,+ ne mmara nsɛm,+ ne n’atemmusɛm+ so na wotie n’asɛm a, ɔbɛyɛ wo Nyankopɔn. 18 Na ɛnnɛ wo nso woahyɛ Yehowa bɔ sɛ wobɛyɛ ne man, n’agyapadeɛ titire,*+ sɛdeɛ ɔhyɛɛ wo bɔ no, na wobɛdi ne mmara nsɛm nyinaa so. 19 Afei nso, sɛ wokɔ so yɛ ɔman kronkron ma Yehowa wo Nyankopɔn a,+ ɛnneɛ ɔbɛma wo so asene aman a ɔde wɔn aba wiase+ nyinaa sɛdeɛ wahyɛ bɔ no, na ɛde ayeyie bɛbrɛ wo, na ama woagye din, na ahyɛ wo animuonyam.”

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane