Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Deuteronomium 27
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Deuteronomium Nwoma No Mu Nsɛntitire

      • Wɔbɛtwerɛ Mmara no mu nsɛm agu aboɔ so (1-10)

      • Gerisim Bepɔ ne Ebal Bepɔ (11-14)

      • Wɔbobɔɔ nnome no so (15-26)

Deuteronomium 27:2

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “momfa akaadoo nka ho fitaa.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yos 8:30-32

Deuteronomium 27:3

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 13:26, 27

Deuteronomium 27:4

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “momfa akaadoo nka ho fitaa.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 11:29

Deuteronomium 27:5

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 20:25

Deuteronomium 27:7

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 3:1
  • +Le 7:15
  • +De 12:7

Deuteronomium 27:8

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 24:12

Deuteronomium 27:9

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 19:5; De 26:18

Deuteronomium 27:10

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 2:3; Mt 19:17; 1Yo 5:3

Deuteronomium 27:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 11:29

Deuteronomium 27:13

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yos 8:33

Deuteronomium 27:14

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 33:10

Deuteronomium 27:15

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ahoni a wɔaguo.”

  • *

    Anaa “Ɛnyɛ hɔ!”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 20:4; De 4:15, 16; Yes 44:9
  • +Ex 34:17; Le 19:4
  • +De 7:25; 29:17

Deuteronomium 27:16

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 20:12; De 21:18-21; Mme 20:20; 30:17; Mt 15:4

Deuteronomium 27:17

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 19:14; Mme 23:10

Deuteronomium 27:18

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 19:14

Deuteronomium 27:19

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 22:21, 22; De 10:17, 18; Mal 3:5; Yak 1:27
  • +De 16:20; Mme 17:23; Mik 3:11

Deuteronomium 27:20

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “wayi ne papa nkataho.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 18:8; 1Ko 5:1

Deuteronomium 27:21

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 22:19; Le 18:23; 20:15

Deuteronomium 27:22

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 18:9; 20:17

Deuteronomium 27:23

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 18:17; 20:14

Deuteronomium 27:24

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 20:13; 21:12; Nu 35:31

Deuteronomium 27:25

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “braeb.”

  • *

    Anaa “kum ɔkra.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 27:3, 4

Deuteronomium 27:26

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 28:15; Ga 3:10

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Deut. 27:2Yos 8:30-32
Deut. 27:3Nu 13:26, 27
Deut. 27:4De 11:29
Deut. 27:5Ex 20:25
Deut. 27:7Le 3:1
Deut. 27:7Le 7:15
Deut. 27:7De 12:7
Deut. 27:8Ex 24:12
Deut. 27:9Ex 19:5; De 26:18
Deut. 27:101Ah 2:3; Mt 19:17; 1Yo 5:3
Deut. 27:12De 11:29
Deut. 27:13Yos 8:33
Deut. 27:14De 33:10
Deut. 27:15Ex 20:4; De 4:15, 16; Yes 44:9
Deut. 27:15Ex 34:17; Le 19:4
Deut. 27:15De 7:25; 29:17
Deut. 27:16Ex 20:12; De 21:18-21; Mme 20:20; 30:17; Mt 15:4
Deut. 27:17De 19:14; Mme 23:10
Deut. 27:18Le 19:14
Deut. 27:19Ex 22:21, 22; De 10:17, 18; Mal 3:5; Yak 1:27
Deut. 27:19De 16:20; Mme 17:23; Mik 3:11
Deut. 27:20Le 18:8; 1Ko 5:1
Deut. 27:21Ex 22:19; Le 18:23; 20:15
Deut. 27:22Le 18:9; 20:17
Deut. 27:23Le 18:17; 20:14
Deut. 27:24Ex 20:13; 21:12; Nu 35:31
Deut. 27:25Mt 27:3, 4
Deut. 27:26De 28:15; Ga 3:10
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Deuteronomium 27:1-26

Deuteronomium

27 Ɛnna Mose ne Israel mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Mmara nsɛm a mede rema mo nnɛ yi, monhwɛ nni emu biara so. 2 Ɛda a mobɛtwa Yordan akɔ asaase a Yehowa mo Nyankopɔn de rema mo no so no, monhyehyɛ aboɔ akɛseɛ nsi hɔ na momfa dɔteɛ nsra ho.*+ 3 Afei sɛ motwa kɔ asuogya a, montwerɛ Mmara yi mu nsɛm nyinaa ngu so, na monkɔtena asaase a Yehowa mo Nyankopɔn de ama mo a nufosuo ne ɛwoɔ abu so wɔ so no so, sɛdeɛ Yehowa mo agyanom Nyankopɔn ahyɛ mo bɔ no.+ 4 Sɛ motwa Yordan wie a, monhyehyɛ aboɔ yi wɔ Ebal Bepɔ+ so sɛdeɛ mereka akyerɛ mo nnɛ yi, na momfa dɔteɛ nsra ho.* 5 Bio nso, fa aboɔ si afɔrebukyia wɔ hɔ ma Yehowa wo Nyankopɔn. Mfa dadeɛ biara nyɛ ho adwuma.+ 6 Fa aboɔ a wɔntwitwaa ho si afɔrebukyia ma Yehowa wo Nyankopɔn, na bɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ so ma Yehowa wo Nyankopɔn. 7 Bɔ asomdwoeɛ afɔreɛ+ na di wɔ hɔ,+ na gye w’ani wɔ Yehowa wo Nyankopɔn anim.+ 8 Na twerɛ Mmara yi mu nsɛm nyinaa yie gu aboɔ no so.”+

9 Afei Mose ne Lewifoɔ a wɔyɛ asɔfoɔ no ka kyerɛɛ Israelfoɔ nyinaa sɛ: “O Israelfoɔ, monyɛ komm na montie. Ɛnnɛ moabɛyɛ Yehowa mo Nyankopɔn man.+ 10 Montie Yehowa mo Nyankopɔn asɛm, na monni ne mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ+ a mede rema mo nnɛ yi so.”

11 Saa da no, Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: 12 “Sɛ motwa Yordan wie a, mmusuakuo yi na wɔbɛgyina Bepɔ Gerisim so aka nhyira no:+ Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, Yosef, ne Benyamin. 13 Na weinom nso na wɔbɛgyina Ebal Bepɔ so+ aka nnome no: Ruben, Gad, Aser, Sebulon, Dan, ne Naftali. 14 Afei Lewifoɔ no mma wɔn nne so nka mma Israelni biara nte sɛ:+

15 “‘Nnome nka obiara a ɔbɛyɛ ohoni a wɔasene+ anaa dadeɛ honi*+ de asie. Ɛyɛ Yehowa akyiwadeɛ+ a odwumfoɔ de ne nsa ayɛ.’ (Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, ‘Amen!’*)

16 “‘Nnome nka deɛ ɔbɛbu ne papa anaa ne maame animtia.’+ (Na ɔman no nyinaa bɛka sɛ, ‘Amen!’)

17 “‘Nnome nka deɛ ɔpia ne yɔnko hyeɛ kɔ akyire.’+ (Na ɔman no nyinaa bɛka sɛ, ‘Amen!’)

18 “‘Nnome nka deɛ ɔbɛma nifirani ayera kwan.’+ (Na ɔman no nyinaa bɛka sɛ, ‘Amen!’)

19 “‘Nnome nka deɛ ɔbu ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu, agyanka, anaa okunafoɔ+ atɛnkyea.’+ (Na ɔman no nyinaa bɛka sɛ, ‘Amen!’)

20 “‘Nnome nka deɛ ɔne ne papa yere bɛda, ɛfiri sɛ wagu ne papa anim ase.’*+ (Na ɔman no nyinaa bɛka sɛ, ‘Amen!’)

21 “‘Nnome nka deɛ ɔne aboa biara bɛda.’+ (Na ɔman no nyinaa bɛka sɛ, ‘Amen!’)

22 “‘Nnome nka deɛ ɔne ne nuabaa a ɔyɛ ne papa anaa ne maame ba bɛda.’+ (Na ɔman no nyinaa bɛka sɛ, ‘Amen!’)

23 “‘Nnome nka deɛ ɔne ne yere maame bɛda.’+ (Na ɔman no nyinaa bɛka sɛ, ‘Amen!’)

24 “‘Nnome nka deɛ ɔkɔtɛ ne yɔnko na ɔku no.’+ (Na ɔman no nyinaa bɛka sɛ, ‘Amen!’)

25 “‘Nnome nka deɛ ɔgye adanmudeɛ* kum obi* a ne ho nni asɛm.’+ (Na ɔman no nyinaa bɛka sɛ, ‘Amen!’)

26 “‘Nnome nka deɛ ɔremfa Mmara yi mu nsɛm nyɛ adwuma.’+ (Na ɔman no nyinaa bɛka sɛ, ‘Amen!’)

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane