Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Deuteronomium 6
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Deuteronomium Nwoma No Mu Nsɛntitire

      • Fa w’akoma nyinaa dɔ Yehowa (1-9)

        • “O Israel, tie” (4)

        • Awofoɔ nkyerɛkyerɛ wɔn mma (6, 7)

      • Mma wo werɛ mmfi Yehowa (10-15)

      • Monnsɔ Yehowa nnhwɛ (16-19)

      • Monka nkyerɛ nkyirimma (20-25)

Deuteronomium 6:2

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 18:19; De 4:9
  • +Mme 3:1, 2

Deuteronomium 6:4

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 5:7; Yes 42:8; Sak 14:9; Mr 12:29, 32; 1Ko 8:6

Deuteronomium 6:5

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 10:12; 11:13; 30:6; Mt 22:37
  • +Mr 12:30, 33; Lu 10:27

Deuteronomium 6:7

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “na tĩ mu kyerɛ wo mma; na si so dua kyerɛ wo mma.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 18:19; De 4:9; Mme 22:6; Efe 6:4
  • +De 11:19

Deuteronomium 6:8

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “abotire.”

  • *

    Nt., “w’ani ntam.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 11:18

Deuteronomium 6:9

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “wo kuro apono.”

Deuteronomium 6:10

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 15:18
  • +Yos 24:13; Dw 105:44

Deuteronomium 6:11

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “bobeturo.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 8:10

Deuteronomium 6:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 3:7

Deuteronomium 6:13

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 10:12; 13:4
  • +Lu 4:8
  • +Yer 12:16

Deuteronomium 6:14

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 34:14

Deuteronomium 6:15

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 20:5; De 4:24
  • +Ex 32:9, 10; Nu 25:3; De 11:16, 17; Ate 2:14
  • +2Ah 17:18

Deuteronomium 6:16

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 4:7; Lu 4:12; 1Ko 10:9
  • +Ex 17:2, 7; Dw 95:8, 9; Heb 3:8, 9

Deuteronomium 6:18

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 15:18

Deuteronomium 6:19

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 23:30

Deuteronomium 6:22

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 7:3; De 4:34

Deuteronomium 6:23

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 13:5; De 1:8

Deuteronomium 6:24

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 111:10; Mme 14:27
  • +Le 18:5; De 4:1; Ga 3:12

Deuteronomium 6:25

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ɔsɛ 12:13; Ro 10:5

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Deut. 6:2Ge 18:19; De 4:9
Deut. 6:2Mme 3:1, 2
Deut. 6:4De 5:7; Yes 42:8; Sak 14:9; Mr 12:29, 32; 1Ko 8:6
Deut. 6:5De 10:12; 11:13; 30:6; Mt 22:37
Deut. 6:5Mr 12:30, 33; Lu 10:27
Deut. 6:7Ge 18:19; De 4:9; Mme 22:6; Efe 6:4
Deut. 6:7De 11:19
Deut. 6:8De 11:18
Deut. 6:10Ge 15:18
Deut. 6:10Yos 24:13; Dw 105:44
Deut. 6:11De 8:10
Deut. 6:12Ate 3:7
Deut. 6:13De 10:12; 13:4
Deut. 6:13Lu 4:8
Deut. 6:13Yer 12:16
Deut. 6:14Ex 34:14
Deut. 6:15Ex 20:5; De 4:24
Deut. 6:15Ex 32:9, 10; Nu 25:3; De 11:16, 17; Ate 2:14
Deut. 6:152Ah 17:18
Deut. 6:16Mt 4:7; Lu 4:12; 1Ko 10:9
Deut. 6:16Ex 17:2, 7; Dw 95:8, 9; Heb 3:8, 9
Deut. 6:18Ge 15:18
Deut. 6:19Ex 23:30
Deut. 6:22Ex 7:3; De 4:34
Deut. 6:23Ex 13:5; De 1:8
Deut. 6:24Dw 111:10; Mme 14:27
Deut. 6:24Le 18:5; De 4:1; Ga 3:12
Deut. 6:25Ɔsɛ 12:13; Ro 10:5
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Deuteronomium 6:1-25

Deuteronomium

6 “Wei ne mmara nsɛm, ahyɛdeɛ, ne atemmusɛm a Yehowa mo Nyankopɔn aka sɛ memfa nkyerɛkyerɛ mo, na sɛ motwa kɔ asaase a morekɔfa no so a, moadi so. 2 Ɛbɛma moasuro Yehowa mo Nyankopɔn na mo ne mo mma ne mo mmanana adi n’ahyɛdeɛ ne ne mmara a merekyerɛkyerɛ mo yi nyinaa so+ mo nkwa nna nyinaa, na moanyini akyɛ.+ 3 Enti Israel, tie na hwɛ sɛ wobɛyɛ ne nyinaa na asi wo yie na asaase a nufosuo ne ɛwoɔ abu so wɔ so no, w’ase atrɛ wɔ so, sɛdeɛ Yehowa w’agyanom Nyankopɔn ahyɛ wo bɔ no.

4 “O Israel, tie: Yehowa yɛn Nyankopɔn yɛ Yehowa baako.+ 5 Fa w’akoma nyinaa ne wo kra* nyinaa+ ne w’ahoɔden nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.+ 6 Ma mmara nsɛm a mereka akyerɛ wo nnɛ yi nna w’akoma so, 7 na fa dua wo mma akomam,*+ na ka ho asɛm berɛ a wote wo fie, berɛ a wonam kwan so, berɛ a woda hɔ, ne berɛ a woasɔre.+ 8 Fa kyekyere wo nsa na akae wo, na fa yɛ adeɛ* a wode bɔ wo moma so.*+ 9 Twerɛ gu wo fie aponnwa ne w’aponkɛseɛ* ho.

10 “Afei sɛ Yehowa wo Nyankopɔn de wo duru asaase a ɔkaa ntam kyerɛɛ w’agyanom Abraham, Isak, ne Yakob sɛ ɔde bɛma wo no so,+ na ɔma wo nkuro akɛseɛ fɛfɛ a ɛnyɛ wo na wokyekyereeɛ,+ 11 afie a nneɛma pa ahodoɔ nyinaa bi ayɛ mu ma a ɛnyɛ wo na woyɛɛ ho adwuma, mmura a ɛnyɛ wo na wotuiɛ ne bobefuo* ne ngo nnua a ɛnyɛ wo na woduaeɛ, na sɛ wodidi mee a,+ 12 hwɛ yie na wo werɛ amfi Yehowa+ a ɔyii wo firii nkoafie wɔ Egypt asaase so baeɛ no. 13 Yehowa wo Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wosuro no,+ na ɔno na ɛsɛ sɛ wosom no,+ na ne din na fa ka ntam.+ 14 Ɛnsɛ sɛ mokɔdi anyame foforɔ akyi; monnkɔdi aman a atwa mo ho ahyia no anyame no biara akyi,+ 15 ɛfiri sɛ Yehowa mo Nyankopɔn a ɔwɔ mo mfimfini no yɛ Onyankopɔn a ɔmpɛ sɛ wɔsom obiara ka ne ho.+ Anyɛ saa a, Yehowa mo Nyankopɔn bo bɛfu mo dendeenden+ na watɔre mo ase afiri asaase so.+

16 “Monnsɔ Yehowa mo Nyankopɔn nnhwɛ+ sɛdeɛ mosɔɔ no hwɛɛ wɔ Masa no.+ 17 Yehowa mo Nyankopɔn mmara ne ne nkaesɛm ne n’ahyɛdeɛ a ɔde ama mo no, monhwɛ nni ne nyinaa so. 18 Monyɛ deɛ ɛtene ne deɛ ɛyɛ wɔ Yehowa ani so, na asi mo yie, na moatumi akɔfa asaase pa a Yehowa kaa ntam sɛ ɔde bɛma mo agyanom no.+ 19 Na mobɛpamo mo atamfo nyinaa afiri mo anim sɛdeɛ Yehowa ahyɛ bɔ no.+

20 “Daakye sɛ mo mma bisa mo sɛ, ‘Na nkaesɛm, ahyɛdeɛ, ne atemmusɛm a Yehowa yɛn Nyankopɔn de maa mo yi nso kyerɛ sɛn?’ a, 21 monka nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Ná yɛyɛ Farao nkoa wɔ Egypt, ɛnna Yehowa de nsa a ɛyɛ den bɛyii yɛn firii Egypt. 22 Enti Yehowa de nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ akɛseɛ a ɛyɛ hu baa Egyptfoɔ ne Farao ne ne fiefoɔ nyinaa so wɔ yɛn anim.+ 23 Na ɔyii yɛn firii hɔ baa ha sɛ ɔde asaase a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ yɛn agyanom no rebɛma yɛn.+ 24 Ɛnna Yehowa de mmara yi nyinaa maa yɛn sɛ yɛnni so na yɛnsuro Yehowa yɛn Nyankopɔn na asi yɛn yie daa+ na yɛatena nkwa mu+ sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi. 25 Sɛ yɛhwɛ di mmara nsɛm yi nyinaa so de yɛ ɔsetie ma Yehowa yɛn Nyankopɔn sɛdeɛ waka akyerɛ yɛn no+ a, ɛbɛma yɛayɛ ateneneefoɔ.’

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane