Deuteronomium
6 “Wei ne mmara nsɛm, ahyɛdeɛ, ne atemmusɛm a Yehowa mo Nyankopɔn aka sɛ memfa nkyerɛkyerɛ mo, na sɛ motwa kɔ asaase a morekɔfa no so a, moadi so. 2 Ɛbɛma moasuro Yehowa mo Nyankopɔn na mo ne mo mma ne mo mmanana adi n’ahyɛdeɛ ne ne mmara a merekyerɛkyerɛ mo yi nyinaa so+ mo nkwa nna nyinaa, na moanyini akyɛ.+ 3 Enti Israel, tie na hwɛ sɛ wobɛyɛ ne nyinaa na asi wo yie na asaase a nufosuo ne ɛwoɔ abu so wɔ so no, w’ase atrɛ wɔ so, sɛdeɛ Yehowa w’agyanom Nyankopɔn ahyɛ wo bɔ no.
4 “O Israel, tie: Yehowa yɛn Nyankopɔn yɛ Yehowa baako.+ 5 Fa w’akoma nyinaa ne wo kra* nyinaa+ ne w’ahoɔden nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.+ 6 Ma mmara nsɛm a mereka akyerɛ wo nnɛ yi nna w’akoma so, 7 na fa dua wo mma akomam,*+ na ka ho asɛm berɛ a wote wo fie, berɛ a wonam kwan so, berɛ a woda hɔ, ne berɛ a woasɔre.+ 8 Fa kyekyere wo nsa na akae wo, na fa yɛ adeɛ* a wode bɔ wo moma so.*+ 9 Twerɛ gu wo fie aponnwa ne w’aponkɛseɛ* ho.
10 “Afei sɛ Yehowa wo Nyankopɔn de wo duru asaase a ɔkaa ntam kyerɛɛ w’agyanom Abraham, Isak, ne Yakob sɛ ɔde bɛma wo no so,+ na ɔma wo nkuro akɛseɛ fɛfɛ a ɛnyɛ wo na wokyekyereeɛ,+ 11 afie a nneɛma pa ahodoɔ nyinaa bi ayɛ mu ma a ɛnyɛ wo na woyɛɛ ho adwuma, mmura a ɛnyɛ wo na wotuiɛ ne bobefuo* ne ngo nnua a ɛnyɛ wo na woduaeɛ, na sɛ wodidi mee a,+ 12 hwɛ yie na wo werɛ amfi Yehowa+ a ɔyii wo firii nkoafie wɔ Egypt asaase so baeɛ no. 13 Yehowa wo Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wosuro no,+ na ɔno na ɛsɛ sɛ wosom no,+ na ne din na fa ka ntam.+ 14 Ɛnsɛ sɛ mokɔdi anyame foforɔ akyi; monnkɔdi aman a atwa mo ho ahyia no anyame no biara akyi,+ 15 ɛfiri sɛ Yehowa mo Nyankopɔn a ɔwɔ mo mfimfini no yɛ Onyankopɔn a ɔmpɛ sɛ wɔsom obiara ka ne ho.+ Anyɛ saa a, Yehowa mo Nyankopɔn bo bɛfu mo dendeenden+ na watɔre mo ase afiri asaase so.+
16 “Monnsɔ Yehowa mo Nyankopɔn nnhwɛ+ sɛdeɛ mosɔɔ no hwɛɛ wɔ Masa no.+ 17 Yehowa mo Nyankopɔn mmara ne ne nkaesɛm ne n’ahyɛdeɛ a ɔde ama mo no, monhwɛ nni ne nyinaa so. 18 Monyɛ deɛ ɛtene ne deɛ ɛyɛ wɔ Yehowa ani so, na asi mo yie, na moatumi akɔfa asaase pa a Yehowa kaa ntam sɛ ɔde bɛma mo agyanom no.+ 19 Na mobɛpamo mo atamfo nyinaa afiri mo anim sɛdeɛ Yehowa ahyɛ bɔ no.+
20 “Daakye sɛ mo mma bisa mo sɛ, ‘Na nkaesɛm, ahyɛdeɛ, ne atemmusɛm a Yehowa yɛn Nyankopɔn de maa mo yi nso kyerɛ sɛn?’ a, 21 monka nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Ná yɛyɛ Farao nkoa wɔ Egypt, ɛnna Yehowa de nsa a ɛyɛ den bɛyii yɛn firii Egypt. 22 Enti Yehowa de nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ akɛseɛ a ɛyɛ hu baa Egyptfoɔ ne Farao ne ne fiefoɔ nyinaa so wɔ yɛn anim.+ 23 Na ɔyii yɛn firii hɔ baa ha sɛ ɔde asaase a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ yɛn agyanom no rebɛma yɛn.+ 24 Ɛnna Yehowa de mmara yi nyinaa maa yɛn sɛ yɛnni so na yɛnsuro Yehowa yɛn Nyankopɔn na asi yɛn yie daa+ na yɛatena nkwa mu+ sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi. 25 Sɛ yɛhwɛ di mmara nsɛm yi nyinaa so de yɛ ɔsetie ma Yehowa yɛn Nyankopɔn sɛdeɛ waka akyerɛ yɛn no+ a, ɛbɛma yɛayɛ ateneneefoɔ.’