Yosua
24 Afei Yosua maa Israel mmusuakuo no nyinaa bɛhyiaa wɔ Sekem, na ɔfrɛɛ Israel mpanimfoɔ ne ahwɛfoɔ ne atemmufoɔ ne atitire nyinaa+ bɛgyinaa nokorɛ Nyankopɔn no anim. 2 Na Yosua ka kyerɛɛ nnipa no nyinaa sɛ: “Deɛ Israel Nyankopɔn Yehowa aka nie, ‘Tete no,+ na mo agyanom+ te Asubɔnten no* agya; ɛhɔ na na Abraham ne Nahor papa Tera teɛ. Ná wɔsom anyame foforɔ.+
3 “‘Akyire yi, mefaa mo nana Abraham+ firii Asubɔnten no* agya, na memaa no kyinii Kaanan asaase nyinaa so, na memaa n’ase* trɛe.+ Mede Isak maa no;+ 4 memaa Isak nso nyaa Yakob ne Esau.+ Akyire yi, mede Seir Bepɔ maa Esau sɛ ɔmfa;+ Yakob ne ne mma nso siane kɔɔ Egypt.+ 5 Afei mesomaa Mose ne Aaron,+ na mede ɔhaw baa Egypt so,+ na ɛno akyi no meyii mo firii hɔ. 6 Berɛ a meyii mo agyanom firii Egypt+ bɛduruu po no ho no, Egyptfoɔ de nteaseɛnam ne nnipa a wɔtete apɔnkɔ so taa mo agyanom so kɔduruu Ɛpo Kɔkɔɔ no ho tɔnn.+ 7 Na wɔfirii aseɛ su frɛɛ Yehowa,+ enti ɔmaa esum kabii bɛdaa mo ne Egyptfoɔ no ntam, na ɔmaa ɛpo no bu faa wɔn so kataa wɔn so.+ Mo ara mode mo ani hunuu deɛ meyɛɛ wɔ Egypt no.+ Na motenaa serɛ so mfeɛ* pii.+
8 “‘Mede mo bɛduruu Amorifoɔ a wɔte Yordan agya* no asaase so, na wɔne mo koe.+ Na mede wɔn hyɛɛ mo nsa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛfa wɔn asaase, na mesɛee wɔn wɔ mo anim.+ 9 Afei Sipor ba Balak a ɔyɛ Moab hene no sɔree, na ɔne Israelfoɔ bɛkoe. Na ɔsoma kɔfrɛɛ Beor ba Baalam sɛ ɔmmɛdome mo.+ 10 Nanso mantie Baalam.+ Enti ɔhyiraa mo toatoaa so,+ na megyee mo firii ne nsam.+
11 “‘Afei motwaa Yordan+ bɛduruu Yeriko,+ na Yerikofoɔ ne Amorifoɔ ne Perisifoɔ ne Kaananfoɔ ne Hitifoɔ ne Girgasifoɔ ne Hiwifoɔ ne Yebusifoɔ akannifoɔ* ne mo koe. Nanso mede wɔn hyɛɛ mo nsa.+ 12 Na memaa mo ho hu* dii mo anim, na ɛpamoo wɔn firii mo anim,+ sɛdeɛ meyɛɛ Amorifoɔ ahemfo mmienu no. Mo sekan nnim, mo agyan nnim.+ 13 Na memaa mo asaase a moammrɛ ho, na memaa mo nkuro tenaa mu a ɛnyɛ mo na mokyekyereeɛ.+ Bobe mfuo ne ngodua mfuo a modidi so yi nso, ɛnyɛ mo na moyɛeɛ.’*+
14 “Enti afei monsuro Yehowa, na momfa abrabɔ a ɛdi mu* ne nokorɛdie nsom no.+ Na monyiyi anyame a mo agyanom som wɔn wɔ Asubɔnten no* agya ne Egypt no ngu,+ na monsom Yehowa. 15 Sɛ nso mompɛ sɛ mosom Yehowa a, ɛnneɛ ɛnnɛ monyi deɛ mobɛsom no;+ sɛ anyame a mo agyanom som wɔn wɔ Asubɔnten no* agya no oo,+ sɛ Amorifoɔ a mote wɔn asaase so no anyame oo,+ monyi deɛ mobɛsom no. Na me ne me fiefoɔ deɛ, yɛbɛsom Yehowa.”
16 Ɛnna ɔman no kaa sɛ: “Ɛmpare yɛn sɛ yɛbɛgya Yehowa hɔ na yɛakɔsom anyame foforɔ. 17 Yehowa yɛn Nyankopɔn na ɔyii yɛne yɛn agyanom firii Egypt asaase so,+ firii nkoafie.+ Ɔno na ɔyɛɛ anwanwadeɛ akɛseɛ yi wɔ yɛn anim,+ na ɔbɔɔ yɛn ho ban ɛkwan a yɛfaa so nyinaa mu, ne aman a yɛfaa wɔn mu no nyinaa mu.+ 18 Yehowa pamoo aman a na wɔtete asaase no so nyinaa; Amorifoɔ ka ho. Enti yɛn nso yɛbɛsom Yehowa, ɛfiri sɛ ɔno ne yɛn Nyankopɔn.”
19 Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Morentumi nsom Yehowa, ɛfiri sɛ ɔyɛ Onyankopɔn kronkron.+ Na ɔyɛ Onyankopɔn a ɔmpɛ sɛ wɔsom obiara ka ne ho.+ Sɛ moto mmara* na moyɛ bɔne a, ɔremfa nkyɛ mo.+ 20 Sɛ mogya Yehowa hɔ na mokɔsom ananafoɔ anyame a, ɔno nso bɛdane aba mo so na wahye mo ase, ɛwom sɛ kane no ɔyɛɛ mo papa.”+
21 Ɛnna nkurɔfoɔ no ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Daabi, Yehowa ara na yɛbɛsom no!”+ 22 Afei Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Mo ara modi adanseɛ sɛ mo ankasa na mokyerɛɛ sɛ mobɛsom Yehowa.”+ Na wɔkaa sɛ: “Yɛyɛ adansefoɔ.”
23 “Ɛnneɛ monyiyi ananafoɔ anyame a ɛwɔ mo mu no ngu, na monnane mo akoma mmra Israel Nyankopɔn Yehowa nkyɛn.” 24 Na ɔman no ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Yɛbɛsom Yehowa yɛn Nyankopɔn, na yɛbɛtie ne nne!”
25 Enti Yosua ne ɔman no yɛɛ apam saa da no, na ɔmaa wɔn ahyɛdeɛ ne mmara wɔ Sekem. 26 Afei Yosua twerɛɛ nsɛm yi wɔ Onyankopɔn Mmara nwoma no mu,+ na ɔde ɛboɔ kɛseɛ bi+ sii hɔ wɔ dua kɛseɛ a ɛsi Yehowa kronkronbea ho no ase.
27 Na Yosua toaa so ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: “Monhwɛ! Ɛboɔ yi bɛyɛ yɛn danseni,+ ɛfiri sɛ ate deɛ Yehowa aka akyerɛ yɛn nyinaa, na ɛbɛyɛ danseni na moampo mo Nyankopɔn.” 28 Afei Yosua gyaa ɔman no kwan maa obiara kɔɔ n’agyapadeɛ so.+
29 Nsɛm yi akyi no, Nun ba Yosua, Yehowa akoa no wui berɛ a na wadi mfeɛ 110.+ 30 Na wɔsiee no wɔ asaase a ɛyɛ n’agyapadeɛ so wɔ Timnat-Sera.+ Ɛwɔ Efraim mmepɔ mu wɔ Gaase Bepɔ atifi fam. 31 Na Israelfoɔ kɔɔ so som Yehowa wɔ Yosua nna nyinaa mu ne mpanimfoɔ a wɔtenaa ase Yosua akyi no nna nyinaa mu, mpanimfoɔ a wɔhuu nnwuma a Yehowa yɛ maa Israel no nyinaa.+
32 Afei wɔsiee Yosef nnompe+ a Israelfoɔ de firi Egypt baeɛ no wɔ Sekem, asaase a Yakob tɔ firii Sekem papa Hamor mma nkyɛn+ nnwetɛbena 100+ no so, na ɛbɛyɛɛ Yosef mma agyapadeɛ.+
33 Aaron ba Eleasar nso wui,+ na wɔsiee no wɔ ne ba Finehas+ Kokoɔ so, asaase a wɔde maa no wɔ Efraim mmepɔ mu no so.