Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Atemmufoɔ 7
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Atemmufoɔ Nwoma No Mu Nsɛntitire

      • Gideon ne ne mmarima 300 no (1-8)

      • Gideon asraafoɔ dii Midianfoɔ so nkonim (9-25)

        • “Yehowa sekan ne Gideon sekan!” (20)

        • Asraafoɔ a wɔwɔ Midianfoɔ asoɛeɛ no adwene tu frae (21, 22)

Atemmufoɔ 7:1

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “wɔ ɛbɔn no mu.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 6:11, 32

Atemmufoɔ 7:2

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Sa 14:6; 2Be 14:11
  • +1Sa 17:47

Atemmufoɔ 7:3

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 20:8

Atemmufoɔ 7:7

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 7:2

Atemmufoɔ 7:8

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 6:33

Atemmufoɔ 7:9

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 3:9, 10; 4:14

Atemmufoɔ 7:11

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “wo nsa bɛyɛ den.”

Atemmufoɔ 7:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 6:33
  • +Ate 6:3, 5

Atemmufoɔ 7:13

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛte sɛ ɛmo.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 6:16

Atemmufoɔ 7:14

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 6:14
  • +Ate 7:7

Atemmufoɔ 7:15

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 7:11

Atemmufoɔ 7:16

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Ɛyɛ papã a wɔapaapae akyekyere abom asɔ ano gya.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 7:8

Atemmufoɔ 7:19

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “ɔwɛn berɛ a ɛdi mfimfini no mfitiaseɛ.” Ɛfiri aseɛ bɛyɛ anadwo nnɔn 10 kɔsi dasuom nnɔn 2.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 7:8
  • +Ate 7:16

Atemmufoɔ 7:20

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Ɛyɛ papã a wɔapaapae akyekyere abom asɔ ano gya.

Atemmufoɔ 7:21

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 14:25; 2Ah 7:6, 7

Atemmufoɔ 7:22

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 20:23
  • +1Ah 19:16

Atemmufoɔ 7:23

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 6:35

Atemmufoɔ 7:25

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 83:11; Yes 10:26
  • +Ate 8:4

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Atem. 7:1Ate 6:11, 32
Atem. 7:21Sa 14:6; 2Be 14:11
Atem. 7:21Sa 17:47
Atem. 7:3De 20:8
Atem. 7:7Ate 7:2
Atem. 7:8Ate 6:33
Atem. 7:9Ate 3:9, 10; 4:14
Atem. 7:12Ate 6:33
Atem. 7:12Ate 6:3, 5
Atem. 7:13Ate 6:16
Atem. 7:14Ate 6:14
Atem. 7:14Ate 7:7
Atem. 7:15Ate 7:11
Atem. 7:16Ate 7:8
Atem. 7:19Ate 7:8
Atem. 7:19Ate 7:16
Atem. 7:21Ex 14:25; 2Ah 7:6, 7
Atem. 7:222Be 20:23
Atem. 7:221Ah 19:16
Atem. 7:23Ate 6:35
Atem. 7:25Dw 83:11; Yes 10:26
Atem. 7:25Ate 8:4
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Atemmufoɔ 7:1-25

Atemmufoɔ

7 Afei Yerubaal a ɔno ara ne Gideon+ no ne nnipa a wɔka ne ho no nyinaa sɔree anɔpatutuutu, na wɔkɔkyekyeree asoɛeɛ wɔ Harod Asutire ho. Saa berɛ no, na Midianfoɔ akyekyere wɔn asoɛeɛ wɔ Gideon asoɛeɛ no atifi fam wɔ More kokoɔ no ho wɔ asaasetraa no so.* 2 Na Yehowa ka kyerɛɛ Gideon sɛ: “Nnipa a wɔka wo ho no dɔɔso dodo sɛ mede Midianfoɔ bɛhyɛ wɔn nsa.+ Anhwɛ a Israel bɛhoahoa ne ho aka akyerɛ me sɛ, ‘Me ankasa me nsa na ɛgyee me.’+ 3 Afei mepa wo kyɛw, fa to nnipa no anim sɛ, ‘Obiara a ɔsuro na n’akoma atu no, ma no nsan nkɔ fie.’”+ Enti Gideon sɔɔ wɔn hwɛe. Ɛnna nnipa no mu 22,000 san wɔn akyi kɔɔ fie, na ɛkaa nnipa 10,000.

4 Nanso Yehowa ka kyerɛɛ Gideon sɛ: “Nnipa a aka no da so ara dɔɔso. Ma wɔnsiane nkɔ nsuo no ho na mensɔ wɔn nhwɛ wɔ hɔ mma wo. Sɛ meka kyerɛ wo sɛ, ‘Wei na ɔne wo bɛkɔ’ a, ɔno na ɔne wo bɛkɔ. Na sɛ meka kyerɛ wo sɛ, ‘Wei ne wo renkɔ’ a, ɔne wo renkɔ.” 5 Enti ɔde nnipa no siane kɔɔ nsuo no ho.

Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Gideon sɛ: “Ma obiara a ɔbɛtafere nsuo sɛdeɛ kraman tafere nsuo no nnyina nkyɛn. Na ma obiara a ɔbɛbu nkotodwe anom nsuo no nso nnyina nkyɛn.” 6 Nnipa a wɔtaferee nsuo wɔ wɔn nsam no, na wɔn dodoɔ yɛ mmarima 300. Na nnipa a aka no deɛ, wɔn nyinaa buu nkotodwe nom nsuo no.

7 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Gideon sɛ: “Mmarima 300 a wɔtaferee nsuo no, wɔn na mede wɔn bɛgye mo, na mede Midianfoɔ bɛhyɛ wo nsa.+ Nnipa a aka no deɛ, ma wɔn nyinaa nsan nkɔ fie.” 8 Enti wɔgyee nneɛma ne mmɛn a ɛwɔ Israel mmarima a aka no nkyɛn no, na ɔmaa wɔn nyinaa san kɔɔ fie, na ɔmaa ɛkaa ɔne mmarima 300 no nko ara. Saa berɛ no, na Midianfoɔ asoɛeɛ no wɔ Gideon asoɛeɛ no ase wɔ asaasetraa no so.+

9 Saa anadwo no, Yehowa ka kyerɛɛ Gideon sɛ: “Sɔre, kɔto hyɛ asoɛeɛ no so, ɛfiri sɛ mede ahyɛ wo nsa.+ 10 Na sɛ wosuro sɛ wobɛkɔ akɔto ahyɛ so a, ɛnneɛ wo ne wo somfoɔ Pura nsiane nkɔ asoɛeɛ hɔ. 11 Tie asɛm a wɔbɛka no, na ɛno akyi no, wobɛnya akokoɔduro* ato ahyɛ asoɛeɛ no so.” Enti ɔne ne somfoɔ Pura siane kɔɔ asraafoɔ asoɛeɛ no nkyɛn.

12 Saa berɛ no, na Midianfoɔ ne Amalekfoɔ ne Apueeɛfoɔ+ nyinaa abɛgu asaasetraa no so baabiara te sɛ ntutummɛ a wɔabom yuu. Ná wɔn yoma dɔɔso papaapa;+ ná wɔdɔɔso te sɛ mpoano anwea. 13 Berɛ a Gideon duruu hɔ no, na ɔbarima bi reka daeɛ a waso akyerɛ ne yɔnko. Ɔbarima no kaa sɛ: “Daeɛ a mesoeɛ no nie. Mehuu sɛ baali* paanoo kurukuruwa bi remunimuni ba Midian asoɛeɛ ha. Berɛ a ɛbɛduruu ntomadan bi ho no, ɛbɔɔ no dendeenden maa ɛtutu gui.+ Aane, ɛmaa ntomadan no dane butui, na ntomadan no hwee fam birim!” 14 Ɛnna ne yɔnko no kaa sɛ: “Biribiara kyerɛ sɛ ɛyɛ Yoas ba Gideon,+ Israelni no sekan. Onyankopɔn de Midianfoɔ ne asoɛeɛ no nyinaa ahyɛ ne nsa.”+

15 Berɛ a Gideon tee ɔbarima no daeɛ no ne ne nkyerɛaseɛ+ pɛ na ɔbuu nkotodwe som Onyankopɔn. Ɛno akyi no, ɔsan baa Israelfoɔ asoɛeɛ hɔ, na ɔkaa sɛ: “Monsɔre, na Yehowa de Midianfoɔ asoɛeɛ no ahyɛ mo nsa.” 16 Afei ɔkyɛɛ mmarima 300 no mu yɛɛ wɔn akuo mmiɛnsa, na ɔmaa wɔn nyinaa mmɛn+ ne nhina akɛseɛ. Ná tɛnee* hyehyɛ nhina no mu. 17 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monhwɛ me, na deɛ mɛyɛ biara, monyɛ saa pɛpɛɛpɛ. Sɛ meduru asoɛeɛ no nkyɛn a, biribiara a mɛyɛ no, mo nso monyɛ saa ara. 18 Sɛ me ne wɔn a wɔka me ho no nyinaa bɔ abɛn no a, mo nso, mommɔ abɛn no wɔ asoɛeɛ no ho baabiara, na monteateam sɛ, ‘Ɛyɛ Yehowa ne Gideon dea!’”

19 Gideon ne mmarima 100 a wɔka ne ho no baa asoɛeɛ no nkyɛn dasuom,* berɛ a na awɛmfoɔ rehyɛ wɔn adwuma ase no. Wɔbɔɔ abɛn no,+ na wɔbobɔɔ nhina akɛseɛ a wɔkurakura no.+ 20 Enti akuo mmiɛnsa no bɔɔ abɛn no, na wɔbobɔɔ nhina akɛseɛ no. Ná wɔkurakura tɛnee* no wɔ wɔn nsa benkum mu, na wɔbɔɔ abɛn a ɛkurakura wɔn nsa nifa no, na wɔteateaam sɛ: “Yehowa sekan ne Gideon sekan!” 21 Saa berɛ no nyinaa, na mmarima no biara gyina baabi a wɔakyerɛ sɛ ɔnnyina no, na na wɔatwa asoɛeɛ no ho nyinaa ahyia. Ɛnna asraafoɔ no nyinaa dwaneeɛ.+ Wɔrekɔ nyinaa, na wɔreteateam. 22 Mmarima 300 no kɔɔ so bɔɔ wɔn abɛn no. Na Yehowa maa obiara a ɔwɔ asoɛeɛ hɔ twee sekan sii ne yɔnko so.+ Asraafoɔ no dwaneeɛ ara kɔduruu Bet-Sita, na wɔtoaa so kɔduruu Serera, na wɔkɔeɛ ara kɔduruu Abel-Mehola+ hyeɛ so wɔ Tabat ho.

23 Na wɔfrɛfrɛɛ Israel mmarima firii Naftali ne Aser ne Manase+ nyinaa, na wɔkɔtaa Midianfoɔ no. 24 Gideon soma kɔɔ Efraim mmepɔ nyinaa so kɔka kyerɛɛ wɔn a wɔtete hɔ no sɛ: “Monsiane nkɔto nhyɛ Midianfoɔ so, na monkɔsi kwan wɔ baabi a wɔfa twa nsuo no nkɔsi Bet-Bara ne Yordan.” Enti Efraim mmarima nyinaa boaa wɔn ho ano, na wɔkɔsisii kwan wɔ baabi a wɔfa twa nsuo no kɔsii Bet-Bara ne Yordan. 25 Afei nso, wɔkyee Midian aberempɔn mmienu a wɔn din de Oreb ne Seeb. Na wɔkum Oreb wɔ Oreb botan+ so, ɛnna wɔkum Seeb wɔ Seeb amena a wɔkyĩ nsã wom no ho. Wɔkɔɔ so taa Midianfoɔ no,+ na wɔde Oreb ne Seeb tiri brɛɛ Gideon wɔ Yordan mpɔtamu hɔ.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane