Atemmufoɔ
14 Na Samson kɔɔ* Timna, na berɛ a ɔwɔ Timna no, ɔhuu Filistini baa* bi. 2 Enti ɔkɔka* kyerɛɛ ne papa ne ne maame sɛ: “Mahunu Filistini baa bi wɔ Timna, na mepɛ sɛ mokɔware no ma me.” 3 Nanso ne papa ne ne maame bisaa no sɛ: “Enti worennya ɔbaa biara wɔ w’abusuafoɔ ne yɛn nkurɔfoɔ nyinaa mu?+ Filistifoɔ a wɔntwaa twetia* yi mu na worekɔpɛ yere?” Nanso Samson ka kyerɛɛ ne papa sɛ: “Kɔware no ma me, ɛfiri sɛ ɔno ara na mepɛ no.”* 4 Ná ne papa ne ne maame nnim sɛ Yehowa nsa wom, ɛfiri sɛ na Ɔrehwehwɛ kwan a ɔbɛfa so anya Filistifoɔ no. Saa berɛ no, na Filistifoɔ di Israel so.+
5 Enti Samson ne ne papa ne ne maame kɔɔ* Timna. Berɛ a Samson duruu Timna bobe mfuo* mu no, ɔnkɔhwɛ a, gyata* bi na ɔrebobom ba ne so yi! 6 Ɛnna Yehowa honhom maa no ahoɔden,+ na ɔwaee gyata no mu mmienu sɛdeɛ obi de ne nsa wae apɔnkye ba mu no. Nanso wanka deɛ wayɛ no ankyerɛ ne papa anaa ne maame. 7 Afei ɔtoaa so kɔe, na ɔne ɔbaa no kɔkasae, na Samson huu sɛ ɔno ara ne ɔbaa a ɔpɛ no.+
8 Berɛ bi akyi no, ɔkɔɔ sɛ ɔrekɔfa ɔbaa no aba fie.+ Berɛ a ɔrekɔ no, ɔmane kɔhwɛɛ gyata no funu no, na ɔhuu sɛ nwowa ne ɛwoɔ ahyɛ mu ma. 9 Enti ɔyii ɛwoɔ no bi kuraa ne nsam, na ɔrekɔ nyinaa na ɔredi. Berɛ a ɔkɔtoo ne papa ne ne maame no, ɔmaa wɔn bi dii. Nanso wanka ankyerɛ wɔn sɛ ɔyii ɛwoɔ no firii gyata a wawuo mu.
10 Na ne papa toaa so kɔduruu ɔbaa no nkyɛn, na Samson too pono wɔ hɔ, ɛfiri sɛ saa na na mmeranteɛ no taa yɛ. 11 Berɛ a wɔhuu no no, wɔde mmarima 30 brɛɛ no sɛ ayeforɔkunu nnamfo a wɔbɛka ne ho. 12 Ɛnna Samson ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monim, montie akasabebuo* yi. Sɛ motumi kyerɛ aseɛ ansa na nnanson a yɛde reto pono yi aba awieeɛ a, mɛma mo nwera ntaadeɛ 30 ne ntaadeɛ ngugusoɔ nso 30. 13 Na sɛ moantumi ankyerɛ me aseɛ a, ɛnneɛ mobɛma me nwera ntaadeɛ 30 ne ntaadeɛ ngugusoɔ nso 30.” Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ma yɛntie w’akasabebuo* no.” 14 Enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:
“Odidifoɔ mu na biribi a wɔdie firi baeɛ,
Na ɔhoɔdenfoɔ mu na biribi a ɛyɛ fremfrem firi baeɛ.”+
Na wɔtenaa akasabebuo* no ho nnansa a wɔantumi ankyerɛ aseɛ. 15 Afei da a ɛtɔ so nnan no, wɔka kyerɛɛ Samson yere sɛ: “Daadaa wo kunu+ na ɔnkyerɛ yɛn akasabebuo* no ase. Anyɛ saa a, yɛbɛhye wo ne wo papa fiefoɔ nyinaa. Adɛn, mode yɛn baa ha sɛ morebɛgye yɛn ho nneɛma anaa?” 16 Enti Samson yere su guu ne so sɛ: “Mahu sɛ wotan me; wonnɔ me.+ Woabu me nkurɔfoɔ bɛ,* nanso wonkyerɛɛ me aseɛ.” Ɛnna Samson ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ, me ara me papa ne me maame mpo menkyerɛɛ wɔn aseɛ! Wo na menkyerɛ wo aseɛ anaa?” 17 Na nna a aka ama nnanson apontoɔ no aba awieeɛ no nyinaa, ɔbaa no su guu ne so. Afei da a ɛtɔ so nson no, ɔkyerɛɛ no aseɛ, ɛfiri sɛ na ɔredwan ne ho. Ɛnna ɔbaa no nso kɔkaa akasabebuo* no nkyerɛaseɛ kyerɛɛ ne nkurɔfoɔ no.+ 18 Enti da a ɛtɔ so nson, ansa na awia rekɔtɔ no,* kurom hɔ mmarima ka kyerɛɛ no sɛ:
“Ɛdeɛn na ɛyɛ fremfrem sene ɛwoɔ?
Na ɛdeɛn na ɛwɔ ahoɔden sene gyata?”+
Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:
19 Ɛnna Yehowa honhom maa no ahoɔden,+ na ɔsiane kɔɔ Askelon+ kɔkunkum wɔn mmarima 30, na ɔyii wɔn ntaadeɛ de maa wɔn a wɔkyerɛɛ akasabebuo* no ase no.+ Na ɔde abufuo san kɔɔ* ne papa fie.
20 Na wɔde Samson yere+ no maa mmarima a na wɔka ne ho sɛ ayeforɔkunu nnamfo no baako.+