Rut
4 Afei Boas kɔtenaa kuro no pono ano.+ Ɔnkɔhwɛ a, abusua mu ɔgyefoɔ a ɔkaa ne ho asɛm no+ na ɔretwam yi. Ɛnna Boas frɛɛ no sɛ: “Asomasi ee, bra ha bɛtena ase.” Enti ɔkɔtenaa ase. 2 Ɛnna Boas frɛɛ kuro no mu mpanimfoɔ+ du baeɛ, na ɔkaa sɛ: “Montena ase.” Na wɔtenatenaa ase.
3 Ɛnna Boas ka kyerɛɛ ɔgyefoɔ no+ sɛ: “Ɛho abɛhia sɛ Naomi a ɔfiri Moab asaase so baeɛ no+ tɔn yɛn nua Elimelek+ asaase no. 4 Meyɛɛ sɛ mɛbɔ wo amanneɛ sɛ, ‘Tɔ no kurom hafoɔ ne yɛn mpanimfoɔ yi anim.+ Enti sɛ wobɛgye a, gye; sɛ worennye nso a, ka kyerɛ me na menhunu, ɛfiri sɛ wo na wowɔ tumi sɛ wogye. Wonni hɔ a, me na mewɔ hɔ.’” Ɛnna ɔkaa sɛ: “Mɛgye.”+ 5 Afei Boas kaa sɛ: “Da a wobɛtɔ asaase no afiri Naomi nsam no, hu sɛ woatɔ afiri Moabni Rut a ne kunu awu no nso nsam, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a owufoɔ no din bɛsan aba n’agyapadeɛ so.”+ 6 Ɛnna ɔgyefoɔ no kaa sɛ: “Merennye na mansɛe me ara m’agyapadeɛ. Mama wo kwan, kɔgye, ɛfiri sɛ merentumi nnye.”
7 Saa berɛ no, sɛ wɔregye biribi anaa wɔredane biribi ama obi wɔ Israel a, deɛ na wɔyɛ ma nhyehyɛeɛ no di mu nie: Ná onipa baako yi ne mpaboa+ de ma ne yɔnko. Ɛno na na wɔde yɛ adanseɛ wɔ Israel. 8 Enti berɛ a ɔgyefoɔ no ka kyerɛɛ Boas sɛ: “Tɔ” no, ɔyii ne nan ase mpaboa. 9 Ɛnna Boas ka kyerɛɛ mpanimfoɔ no ne nkurɔfoɔ no nyinaa sɛ: “Ɛnnɛ, moyɛ m’adansefoɔ+ sɛ matɔ biribiara a ɛyɛ Elimelek ne Kilion ne Malon dea afiri Naomi nsam. 10 Moabni Rut a na ɔyɛ Malon yere no nso, merefa no aware no na owufoɔ no din asan aba n’agyapadeɛ so,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a owufoɔ no din renyera mfiri ne nuanom mu ne ne kurom.* Mone adansefoɔ nnɛ.”+
11 Ɛnna nkurɔfoɔ a wɔwɔ kuro no pono ano ne mpanimfoɔ no nyinaa kaa sɛ: “Yɛyɛ adansefoɔ! Yehowa mma ɔbaa a ɔreba wo fie no nyɛ sɛ Rahel ne Lea a wɔn mmienu akyekyere Israel fie no.+ Ɛnsi wo yie wɔ Efrata+ na nya din pa* wɔ Betlehem.+ 12 Asefoɔ a Yehowa de bɛma wo afiri ababaawa yi mu no,+ wɔmma wo fie nyɛ sɛ Tamar ne Yuda ba Peres+ fie.”
13 Enti Boas waree Rut, na ɔne no daeɛ. Yehowa maa no nyinsɛnee na ɔwoo ɔbabarima. 14 Ɛnna mmaa no ka kyerɛɛ Naomi sɛ: “Ayeyie nka Yehowa a wamma ɔgyefoɔ ammɔ wo nnɛ no. Ma wɔmmɔ abɔfra no din wɔ Israel! 15 Ɔno* na wama wo ho asane wo,* na ɔno na ɔbɛhwɛ wo wɔ wo mmerewaberɛ mu, ɛfiri sɛ w’ase a ɔdɔ wo,+ na ɔsene mma mmarima nson no na wawo abɔfra yi.” 16 Ɛnna Naomi faa abɔfra no de no bɔɔ ne bo, na ɔno na na ɔhwɛ no. 17 Na mpɔtamu hɔfoɔ mmaa no too ne din kaa sɛ: “Wɔawo ɔbabarima ama Naomi.” Na wɔfrɛɛ no Obed.+ Ɔno na ɔwoo Dawid papa Yese.+
18 Peres+ asefoɔ* nie: Peres woo Hesron;+ 19 Hesron woo Ram; Ram woo Aminadab;+ 20 Aminadab+ woo Naason; Naason woo Salmon; 21 Salmon woo Boas; Boas woo Obed; 22 Obed woo Yese;+ na Yese woo Dawid.+