Samuel Nwoma a Ɛdi Kan
1 Ná ɔbarima bi wɔ Ramataim-Sofim,*+ Efraim+ mmepɔ mu, na na ne din de Elkana.+ Ná ɔyɛ Efraimni, na na ne papa ne Yeroham a ɔyɛ Elihu ba, Tohu ba, Suf ba. 2 Ná ɔwɔ yerenom mmienu, baako din de Hanah, na baako nso din de Penina. Ná Penina wɔ mma, na Hanah deɛ, na ɔnni ba. 3 Afe biara, na ɔbarima yi firi ne kurom kɔ Silo kɔsom* na ɔkɔbɔ afɔreɛ ma asafo Yehowa.+ Saa berɛ no, na Eli mma mmienu, Hofni ne Finehas,+ yɛ Yehowa asɔfoɔ+ a wɔsom wɔ hɔ.
4 Da bi, Elkana bɔɔ afɔreɛ, na ɔde ne yere Penina ne ne mma mmarima ne ne mma mmaa nyinaa kyɛfa maa wɔn;+ 5 Hanah deɛ, na ne kyɛfa no yɛ soronko, ɛfiri sɛ Hanah na na ne kunu dɔ no paa, nanso na Yehowa mmaa no nwoo mma.* 6 Afei nso, daa na ne kora no bɔ no akutia de teetee no, ɛfiri sɛ na Yehowa mmaa no nwoo mma. 7 Saa na na afe biara ɔyɛ; berɛ biara, sɛ Hanah kɔ Yehowa fie+ a, ne kora no bɔ no akutia ara ma ɛno nti ɔsu, na ɔnnidi. 8 Ɛnna ne kunu Elkana bisaa no sɛ: “Hanah, adɛn nti na woresu na wonnidi? Adɛn nti na woredi awerɛhoɔ saa? Mensom bo mma wo nsene mma mmarima du anaa?”
9 Berɛ a wɔdidi nom wiee wɔ Silo no, Hanah sɔreeɛ. Saa berɛ no, na ɔsɔfoɔ Eli te adwa so wɔ Yehowa asɔrefie*+ no aponnwa ho. 10 Ná Hanah werɛ aho* paa, na ɔbɔɔ Yehowa mpaeɛ,+ na ɔsuu pii. 11 Na ɔkaa ntam sɛ: “O asafo Yehowa, sɛ wohwɛ w’afenaa amanehunu na wokae me, na wo werɛ amfi w’afenaa, na woma w’afenaa ɔbabarima a,+ ɛnneɛ mede no bɛma Yehowa ne nkwa nna nyinaa, na yiwan renka ne ti.”+
12 Ɔbɔɔ mpaeɛ wɔ Yehowa anim kyɛeɛ, na berɛ a ɔgu so nyinaa, na Eli rehwɛ n’ano. 13 Hanah kasaa wɔ n’akoma mu. N’ano kɛkɛ na ɔbesebeseeɛ; kasa no ampue. Enti Eli faa no sɛ waboro nsã. 14 Eli ka kyerɛɛ no sɛ: “Wobɛboro nsã akɔsi da bɛn? Gyae nsã no nom.” 15 Na Hanah buaa sɛ: “Ɛnte saa, me wura! Meyɛ ɔbaa a mabotoɔ;* memfaa bobesa anaa nsã biara nkaa m’ano, na mmom merehwie m’akoma mu asɛm* agu Yehowa so.+ 16 Mmu w’afenaa sɛ ɔbaa huhuni, ɛfiri sɛ mede ahometeɛ ne awerɛhoɔ na akasa abɛsi sɛsɛɛ.” 17 Ɛnna Eli buaa sɛ: “Fa asomdwoeɛ kɔ, na Israel Nyankopɔn mma wo w’abisadeɛ a wode too n’anim no.”+ 18 Na ɔno nso kaa sɛ: “Ma w’afenaa nnya w’anim adom.” Ɛnna ɔsiim kɔeɛ, na ɔkɔdidiiɛ, na n’anim anyɛ mmɔbɔmmɔbɔ bio.
19 Na abusua no sɔree anɔpatutuutu kɔkotoo Yehowa anim, na ɛno akyi no, wɔsan baa wɔn fie wɔ Rama.+ Elkana ne ne yere Hanah daeɛ, na Yehowa kaee no.+ 20 Ɛdii afe no,* na Hanah anyinsɛn awo ɔbabarima, na ɔtoo+ ne din Samuel,* ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ, “Mesrɛɛ no firii Yehowa hɔ.”
21 Akyire yi, Elkana ne ne fiefoɔ nyinaa kɔɔ sɛ ɔrekɔbɔ afɔreɛ ama Yehowa na ɔde ne bɔhyɛ adeɛ ama sɛdeɛ ɔyɛ no afe afe+ no. 22 Na Hanah deɛ, wankɔ bi,+ na mmom ɔka kyerɛɛ ne kunu sɛ: “Sɛ abɔfra no twa nufoɔ ara pɛ a, mede no bɛkɔ, na wakɔpue Yehowa anim, na watena hɔ afebɔɔ.”+ 23 Ɛnna ne kunu Elkana ka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛ deɛ wote nka sɛ ɛyɛ,* na tena fie kɔsi sɛ wobɛtwa no nufoɔ. Yehowa mma deɛ woaka no mmra mu.” Na ɔbaa no tenaa fie hwɛɛ ne ba no kɔsii sɛ ɔtwaa no nufoɔ.
24 Enti berɛ a ɔtwaa no nufoɔ no, ntɛm ara na ɔde no kɔɔ Silo. Ɔrekɔ no, ɔfaa nantwinini a wadi mfeɛ mmiɛnsa, esiam efa* baako, ne bobesa ahina kɛseɛ ma,+ na ɔde abɔfra no baa Yehowa fie wɔ Silo.+ 25 Ɛnna wɔkum nantwinini no, na wɔde abɔfra no kɔmaa Eli. 26 Afei ɔbaa no kaa sɛ: “Me wura, mepa wo kyɛw! Sɛ́ wote ase* yi, me wura, mene ɔbaa a ɔbɛgyinaa wo nkyɛn wɔ ha bɔɔ Yehowa mpaeɛ no.+ 27 Abɔfra yi ho mpaeɛ na mebɔeɛ no, na Yehowa nso ayɛ m’abisadeɛ a mede too n’anim no ama me.+ 28 Na me nso mede no refɛm Yehowa. Ne nna a ɔde bɛtena ase nyinaa, mede no afɛm Yehowa.”
Na ɔkotoo* Yehowa wɔ hɔ.