Samuel Nwoma a Ɛdi Kan
2 Ɛnna Hanah bɔɔ mpaeɛ sɛ:
Matumi abue m’ano akasa akyerɛ m’atamfo,
Ɛfiri sɛ wo nkwagyeɛ mu na medi ahurisie.
2 Obiara nni hɔ a ɔyɛ kronkron sɛ Yehowa;
Obiara nte sɛ wo,+
Na ɔbotan biara nni hɔ sɛ yɛn Nyankopɔn.+
3 Mommfa ahomasoɔ nnkasa bio,
Mommma asɛm a obuo nnim biara mmpue mmfiri mo anom,
Ɛfiri sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn nimdefoɔ,+
Na nneyɛɛ nyinaa, ɔno na ɔtumi kari no yie.
5 Deɛ na aduane abu ne so no, ɔbɛyɛ ɔpaani ansa na wanya aduane* adi,
Nanso deɛ na ɔdi kɔm no, ɛkɔm renne no bio.+
6 Yehowa na ɔkum, na ɔno na ɔkora nkwa so,*
Ɔno na ɔma nnipa siane kɔ Adamena* mu, na ɔno na ɔma wɔn so firi hɔ.+
8 Ɔma ɔbrɛfoɔ so firi mfuturo mu,
Na ɔma ohiani so firi sumina* so;+
Ɔde no tena adehyeɛ mu,
Na ɔhyɛ no animuonyam.
Yehowa na asaase nnyinasoɔ wɔ no,+
Na ɔde asaase asi so.
11 Afei Elkana kɔɔ ne fie wɔ Rama. Abɔfra no deɛ, ɔbɛyɛɛ Yehowa somfoɔ+ wɔ ɔsɔfoɔ Eli anim.
12 Saa berɛ no, na Eli mma no yɛ nnipabɔnefoɔ,+ na na wɔmmu Yehowa koraa. 13 Asɔfoɔ kyɛfa a ɔman no de ma wɔn no,+ deɛ na wɔyɛ wɔn deɛ nie: Sɛ obi bɛbɔ afɔreɛ na sɛ wɔrenoa nam no a, asɔfoɔ no asomfoɔ de adinam a ano yɛ mmiɛnsa ba, 14 na wɔde bɛbɔ ɛsɛn, kwansɛn, dadesɛn anaa kukuo no mu. Deɛ adinam no bɛyi aba biara, asɔfoɔ no fa. Israelfoɔ a wɔbaa Silo nyinaa, saa na wɔde yɛɛ wɔn. 15 Bio nso, berɛ a wɔnnya nhyee sradeɛ+ no, asɔfoɔ no asomfoɔ ba, na wɔbɛka kyerɛ deɛ ɔrebɔ afɔreɛ no sɛ: “Ma me nam na wɔntoto mma ɔsɔfoɔ; ɔmpɛ nam a wɔanoa, nammono mmom na ɔpɛ.” 16 Nanso sɛ onii no ka kyerɛ no sɛ: “Ma yɛnni kan nhye sradeɛ+ no ansa, na ɛno akyi no wobɛtumi afa deɛ wopɛ* biara” a, ɔka sɛ: “Daabi, fa ma me seesei ara; anyɛ saa a, me ara mɛfa!” 17 Enti, na wɔn* bɔne so paa wɔ Yehowa ani so,+ ɛfiri sɛ mmarima no buu Yehowa afɔrebɔdeɛ animtia.
18 Saa berɛ no nyinaa na Samuel hyɛ efɔd* a wɔde nwera ayɛ+ resom+ wɔ Yehowa anim, ɛmfa ho sɛ na ɔyɛ abɔfra no. 19 Afei nso, na ne maame taa pam nwera ataadeɛ nsasini ketewa bi ma no, na afe biara sɛ ɔne ne kunu rebɛbɔ afe afe afɔreɛ no+ a, na ɔde abrɛ no. 20 Eli hyiraa Elkana ne ne yere sɛ: “Yehowa mma wonnya asefoɔ mfiri ɔbaa yi mu mfa nhyɛ deɛ wode no afɛm Yehowa no ananmu.”+ Afei wɔsiim kɔɔ wɔn kurom. 21 Yehowa twaa n’ani bɛhwɛɛ Hanah, na ɔnyinsɛneeɛ,+ na ɔwoo mma mmarima mmiɛnsa ne mma mmaa mmienu kaa ho. Na abɔfra Samuel nyinii wɔ Yehowa anim.+
22 Ná Eli abɔ akɔkoraa posoposo, nanso deɛ na ne mma mmarima no de yɛ Israelfoɔ nyinaa no, na wate ho asɛm.+ Afei nso, na wate sɛ mmaa a wɔsom wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ano no, ne mma no ne wɔn da.+ 23 Deɛ na daa ɔka kyerɛ wɔn ne sɛ: “Adɛn nti na moyɛ saa? Mo ho nsɛm a mete firi ɔmanfoɔ no nyinaa hɔ nyɛ. 24 Daabi, me mma, mo ho nsɛm a meretete wɔ Yehowa man mu no nyɛ. 25 Sɛ onipa yɛ ne yɔnko nipa bɔne a, obi bɛtumi asrɛ Yehowa ama no, nanso sɛ onipa yɛ Yehowa bɔne+ a, hwan na ɔbɛtumi abɔ mpaeɛ ama no?” Ne nyinaa akyi no, wɔantie wɔn papa, ɛfiri sɛ na Yehowa ayɛ n’adwene sɛ ɔbɛkunkum wɔn.+ 26 Saa berɛ no nyinaa na abɔfra Samuel gu so renyini, na na Yehowa ne nnipa nyinaa pɛ n’asɛm.+
27 Onyankopɔn nipa bi baa Eli nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Berɛ a wo papa fiefoɔ wɔ Egypt a wɔyɛ nkoa wɔ Farao fie no, manyi me ho adi ankyerɛ wɔn anaa?+ 28 Meyii wo nana firii Israel mmusuakuo nyinaa mu+ sɛ ɔnsom sɛ me sɔfoɔ na ɔmforo m’afɔrebukyia+ nkɔbɔ afɔreɛ, ɔnhye aduhwam,* na ɔnhyɛ efɔd wɔ m’anim; mede deɛ Israelfoɔ* de bɔ afɔreɛ wɔ gya so nyinaa maa wo nana fiefoɔ.+ 29 M’afɔrebɔdeɛ ne m’ayɛyɛdeɛ a maka sɛ momfa mmra me tenabea hɔ+ no, adɛn nti na mobu no animtia?* Adɛn nti na wodi wo mma no ni sene me? Afɔrebɔdeɛ a me man Israel de ba no, adɛn na moadi papa a ɛwom no ayeyɛ akɛseɛ?+
30 “‘Ɛno nti, Yehowa, Israel Nyankopɔn asɛm nie: “Me ara na mekaa sɛ, wo fie ne wo nana fie deɛ, wɔbɛsom me akɔsi daa.”+ Nanso seesei deɛ, deɛ Yehowa aka nie: “Ɛmpare me sɛ mɛyɛ saa, ɛfiri sɛ wɔn a wɔdi me ni no, me nso mɛdi wɔn ni,+ na wɔn a wɔbu me animtia no, meremfa wɔn nyɛ hwee.” 31 Hwɛ! Nna bi reba a mɛma tumi* abɔ wo ne wo papa fie, na obiara rennyini nkyɛ wɔ wo fie.+ 32 Nneɛma pa na wɔbɛyɛ ama Israel, nanso wo deɛ, ɔtamfo na wobɛhu no wɔ me tenabea hɔ,+ na akɔkoraa deɛ, ebi renka wo fie bio. 33 Mɛma wo ho nipa bi akɔ so asom wɔ m’afɔrebukyia ho, na ne nti w’ani bɛsɛe na woadi awerɛhoɔ;* na nnipa de sekan bɛkunkum wo fiefoɔ dodoɔ no ara.+ 34 Deɛ ɛbɛto wo mma mmarima mmienu, Hofni ne Finehas no, ɛno na ɛbɛyɛ sɛnkyerɛnne ama wo: Da koro na wɔn mmienu nyinaa bɛwuwu.+ 35 Afei mɛma ɔsɔfoɔ nokwafoɔ bi aba.+ Deɛ ɛda m’akoma so na ɔbɛyɛ;* na mɛkyekye efie ama no daa, na ɔbɛdi sɔfo ama deɛ masra no no. 36 Obiara a ɔbɛka wɔ wo fie no bɛba abɛkoto no apɛ adwuma de agye akatua ne paanoo, na ɔbɛka sɛ: “Mesrɛ wo, ma me asɔfodwuma no bi nyɛ na manya paanoo sini bi adi.”’”+