Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Deuteronomium 32:39
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 39 Afei monhu sɛ mene Onyankopɔn+

      Na anyame biara nka me ho.+

      Mekum, na megye nkwa.+

      Mepira,+ na mesa,+

      Na obiara rentumi nnye obi mfiri me nsam.+

  • Hiob 14:13
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 13 O, menyae a anka wode me asie Adamena* mu,+

      Anka wode me asie akɔsi sɛ w’abufuo bɛtwam,

      Menyae a, anka woahyɛ me da a wode bɛkae me!+

  • Dwom 30:3
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  3 O Yehowa, woayi me* afiri Adamena* mu;+

      Woama matena nkwa mu; woamma mankɔtɔ amena* mu.+

  • Dwom 49:15
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 15 Nanso Onyankopɔn bɛgye me* afiri Adamena* nsam,+

      Ɛfiri sɛ ɔbɛsɔ me mu. (Sela)

  • Dwom 68:20
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 20 Nokorɛ Nyankopɔn no ne yɛn nkwagyeɛ Nyankopɔn;+

      Awurade Tumfoɔ Yehowa na ɔgye onipa firi owuo mu.+

  • Hosea 13:14
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 14 Mɛgye wɔn afiri Adamena* nsam;

      Mɛyi wɔn afiri owuo mu.+

      Owuo, adeɛ a wode wowɔ no wɔ he?+

      Adamena, deɛ wode sɛe adeɛ no wɔ he?+

      Mmɔborɔhunu bɛyera afiri m’anim.

  • Yohane 11:24
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 24 Marta ka kyerɛɛ no sɛ: “Menim sɛ da a ɛtwa toɔ no, ɔbɛsɔre wɔ owusɔreɛ no mu.”+

  • 1 Korintofoɔ 15:55
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 55 “Owuo, wo nkonimdie wɔ he? Owuo, adeɛ a wode wowɔ no wɔ he?”+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane