Samuel Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu
11 Afe no mfitiaseɛ* a ahemfo taa kɔ ɛko no, Dawid somaa Yoab ne ne nkoa ne Israel asraafoɔ nyinaa sɛ wɔnkɔkunkum Ammonfoɔ, na wɔkɔtwaa Raba ho hyiaeɛ.+ Dawid deɛ, ɔtenaa Yerusalem.+
2 Da koro anwummerɛ,* Dawid sɔre firii ne mpa so na ɔkɔnantenantee ahemfie* no atifi. Berɛ a ɔwɔ dan no atifi no, ɔhuu sɛ ɔbaa bi redware, na na ɔbaa no ho yɛ fɛ yie. 3 Dawid somaa obi sɛ ɔnkɔbisa ɔbaa no ase, na ɔbɛkaa sɛ: “Ɔyɛ Eliam*+ ba Bat-Seba,+ na ɔware Hitini+ Uria.”+ 4 Ɛnna Dawid somaa nkurɔfoɔ sɛ wɔnkɔfa no mmra.+ Enti ɔbaa no baa ne nkyɛn, na ɔne no daeɛ.+ (Saa berɛ no, na ɔbaa no ho nte,* enti na ɔredwira ne ho.)+ Ɛno akyi no, ɔsan kɔɔ ne fie.
5 Ɔbaa no nyinsɛnee, na ɔde nkra kɔmaa Dawid sɛ: “Manyinsɛn.” 6 Ɛbaa saa no, Dawid soma kɔɔ Yoab hɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ma Hitini Uria mmra me nkyɛn.” Enti Yoab maa Uria kɔɔ Dawid nkyɛn. 7 Berɛ a Uria duruu Dawid nkyɛn no, ɔbisaa no sɛdeɛ Yoab ne dɔm no ho teɛ, ne sɛdeɛ ɛko no rekɔ. 8 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Uria sɛ: “Kɔ wo fie na kɔhome.”* Berɛ a Uria firii ahemfie hɔ kɔe no, wɔde ɔhene akyɛdeɛ* toaa no. 9 Nanso Uria ankɔ ne fie; ɔne ne wura nkoa a aka no nyinaa kɔdaa ahemfie pono ano. 10 Enti wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Uria ankɔ ne fie.” Ɛnna Dawid bisaa Uria sɛ: “Ɛnyɛ akwantuo mu na wofiri baeɛ? Adɛn nti na woankɔ wo fie?” 11 Uria ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Apata ase na Adaka no+ ne Israelfoɔ ne Yudafoɔ wɔ, na me wura Yoab ne me wura nkoa akɔsoɛ wuram. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mekɔ me fie kɔdidi nom, na me ne me yere da?+ Sɛ́ wote ase na nkwa* wɔ wo mu yi, merenyɛ saa!”
12 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Uria sɛ: “Tena ha nnɛ nso, na ɔkyena mɛgya wo kwan ama woakɔ.” Enti Uria tenaa Yerusalem saa da no ne n’adekyeeɛ. 13 Afei Dawid soma kɔfrɛɛ no maa no bɛdidi nom wɔ n’anim, na ɔmaa no boeɛ. Nanso anwummerɛ no, wankɔ ne fie. Ɔfirii hɔ ne ne wura nkoa kɔdaeɛ. 14 Adeɛ kyee anɔpa no, Dawid twerɛɛ krataa de hyɛɛ Uria nsam sɛ ɔmfa nkɔma Yoab. 15 Ɔtwerɛɛ no krataa no mu sɛ: “Momma Uria nkɔgyina faako a ɛko no mu yɛ den paa, na montwe mo ho mfiri n’akyi, na wɔnku no.”+
16 Saa berɛ no, na Yoab ne n’asraafoɔ atwa kuro no ho ahyia, na ɔmaa Uria kɔgyinaa faako a ɔnim sɛ atamfo no ho yɛ den paa no. 17 Berɛ a kuro no mu mmarima firii adi ne Yoab bɛkoeɛ no, Dawid nkoa no bi wuwuiɛ, na Hitini Uria nso wuiɛ.+ 18 Ɛnna Yoab kɔkaa ɛko no mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ Dawid. 19 Ɔka kyerɛɛ ɔbɔfoɔ a ɔsomaa no no sɛ: “Sɛ woka ɛko no mu nsɛm nyinaa kyerɛ ɔhene wie a, 20 ebia ɔhene bo bɛfu na wabisa wo sɛ, ‘Adɛn nti na mobɛn kuro no saa kɔkoeɛ? Ná monnim sɛ wɔbɛgyina ɔfasuo no so atoto agyan awowɔ mo anaa? 21 Hwan na ɔkum Yerubeset+ ba Abimelek?+ Ɛnyɛ ɔbaa na ɔtoo boɔ a wɔde yam adeɛ firii ɔfasuo no so bɔɔ no kum no wɔ Tebes? Adɛn nti na mobɛn ɔfasuo no saa?’ Ɛba saa a, ka sɛ, ‘W’akoa Uria, Hitini no nso awu.’”
22 Enti ɔbɔfoɔ no kɔkaa asɛm a Yoab de asoma no no nyinaa kyerɛɛ Dawid. 23 Ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Ná mmarima no ho yɛ den sene yɛn. Wɔpue baa yɛn so wɔ wuram hɔ, na yɛn nso yɛde guu wɔn so kɔduruu kuro no pono ano. 24 Wɔn a wɔwɔ ɔfasuo no so no totoo agyan baa wo nkoa so, na ɔhene nkoa no bi wuwuiɛ; w’akoa Uria a ɔyɛ Hitini no nso wuiɛ.”+ 25 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ ɔbɔfoɔ no sɛ: “Kɔka kyerɛ Yoab sɛ, ‘Mma asɛm yi nnha wo, na sekan twa benkum twa nifa. Mia ɛko no mu, na di kuro no so nkonim.’+ Wokɔ a, hyɛ no den.”
26 Berɛ a Uria yere tee sɛ ne kunu Uria awu no, ɔsuu no. 27 Ɔgyam* ne kunu wieeɛ no, ntɛm ara na Dawid soma kɔfaa no baa ne fie, na ɔbɛyɛɛ ne yere.+ Na ɔwoo ɔbabarima maa no. Nanso adeɛ a Dawid yɛeɛ no, Yehowa ani annye ho koraa.+