Ahemfo Nwoma a Ɛdi Kan
22 Siria ne Israel anko mfeɛ mmiɛnsa. 2 Afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, Yuda hene Yehosafat+ kɔɔ Israel hene nkyɛn.+ 3 Ɛnna Israel hene ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: “Monnim sɛ Ramot-Gilead+ yɛ yɛn dea, ɛnna yɛte hɔ a yɛnkɔgye mfirii Siria hene nsam yi?” 4 Afei ɔbisaa Yehosafat sɛ: “Wo ne me bɛkɔ Ramot-Gilead so ne wɔn akɔko anaa?” Ɛnna Yehosafat ka kyerɛɛ Israel hene sɛ: “Me ne wo nyinaa yɛ nipa baako. Me man ne wo man nso yɛ baako. M’apɔnkɔ ne w’apɔnkɔ yɛ baako.”+
5 Nanso Yehosafat ka kyerɛɛ Israel hene sɛ: “Mesrɛ wo, bisa+ Yehowa anom asɛm ansa.”+ 6 Ɛnna Israel hene boaboaa adiyifoɔ mmarima 400 ano, na ɔbisaa wɔn sɛ: “Me ne Ramot-Gilead nkɔko anaa mennyae?” Na wɔkaa sɛ: “Kɔ, na Yehowa de wɔn bɛhyɛ ɔhene nsa.”
7 Ɛnna Yehosafat bisaa sɛ: “Yehowa diyifoɔ biara nni ha anaa? Yɛmma ɔno nso mmisa mma yɛn.”+ 8 Na Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: “Baako da so wɔ hɔ a yɛbɛtumi ama ɔno nso abisa Yehowa anom asɛm ama yɛn,+ nanso mempɛ n’asɛm koraa+ ɛfiri sɛ ɔnhyɛɛ me ho nkɔm pa biara da; me ho nkɔm bɔne nko ara na ɔhyɛ.+ Ɔno ne Yimla ba Mikaia.” Nanso Yehosafat ka kyerɛɛ no sɛ: “Mma ɔhene nnka saa.”
9 Enti Israel hene frɛɛ ahemfie mpanimfoɔ no baako, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛ ntɛm frɛ Yimla ba Mikaia brɛ me.”+ 10 Saa berɛ no, na Israel hene ne Yuda hene Yehosafat tete wɔn nhennwa so hyehyɛ wɔn ahentaadeɛ wɔ Samaria kuro pono ano ayuporobea hɔ, na adiyifoɔ no nyinaa gyinagyina wɔn anim rehyɛ nkɔm.+ 11 Na Kenaana ba Sedekia de dadeɛ yɛɛ mmɛn, na ɔkaa sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Wei na wode bɛpempem* Siriafoɔ no de akɔsi sɛ wobɛtɔre wɔn ase.’” 12 Adiyifoɔ nkaeɛ no nyinaa nso hyehyɛɛ nkɔm korɔ no ara sɛ: “Kɔ Ramot-Gilead so, na wobɛdi nkonim; Yehowa de wɔn bɛhyɛ ɔhene nsa.”
13 Na deɛ wɔsomaa no sɛ ɔnkɔfrɛ Mikaia mmra no ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ! Adiyifoɔ no nyinaa aka asɛmpa akyerɛ ɔhene, enti mesrɛ wo, ma w’asɛm nyɛ sɛ wɔn deɛ no, na ka asɛmpa.”+ 14 Nanso Mikaia kaa sɛ: “Sɛ́ Yehowa te ase yi, deɛ Yehowa bɛka no, ɛno ara na me nso mɛka.” 15 Berɛ a ɔbɛduruu ɔhene anim no, ɔhene bisaa no sɛ: “Mikaia, yɛne Ramot-Gilead nkɔko anaa yɛnnyae?” Ɛhɔ ara na ɔbuaa ɔhene sɛ: “Monkɔ na mobɛdi nkonim, na Yehowa de wɔn bɛhyɛ ɔhene nsa.” 16 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: “Mprɛ ahe na wopɛ sɛ mema woka ntam sɛ nokorɛ nko ara na wobɛka wɔ Yehowa din mu akyerɛ me?” 17 Ɛnna afei ɔkaa sɛ: “Hwɛ, mehu Israel sɛ wɔn nyinaa ahwete wɔ mmepɔ no so+ sɛ nnwan a wɔnni hwɛfoɔ. Yehowa se: ‘Weinom nni wura. Enti ma obiara nsan nkɔ ne fie asomdwoeɛ mu.’”
18 Ɛnna Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: “Ɛnyɛ asɛm a mekaeɛ no na ɛda hɔ yi, sɛ ‘ɔrenhyɛ me ho nkɔm pa, na mmom nkɔm bɔne’?”+
19 Ɛnna Mikaia kaa sɛ: “Afei tie Yehowa anom asɛm: Mehuu Yehowa sɛ ɔte n’ahennwa so+ a ɔsoro asafodɔm nyinaa gyinagyina ne nifa ne ne benkum.+ 20 Na Yehowa bisaa sɛ, ‘Hwan na ɔbɛkɔ akɔdaadaa Ahab ama no akɔdi nkoguo wɔ Ramot-Gilead?’ Afei wei ka sei, na wei nso aka sei. 21 Ɛnna honhom* bi+ bɛgyinaa Yehowa anim kaa sɛ: ‘Me na mɛkɔ akɔdaadaa no.’ Yehowa bisaa no sɛ, ‘Ɛkwan bɛn na wobɛfa so?’ 22 Ɔno nso buaa sɛ, ‘Mɛkɔ akɔyɛ atorɔ honhom wɔ n’adiyifoɔ nyinaa anom.’+ Ɛnna Onyankopɔn kaa sɛ, ‘Wobɛtumi adaadaa no ampa; deɛ worekɔyɛ no, ɛbɛyɛ yie. Kɔ na kɔyɛ saa.’ 23 Enti hu sɛ Yehowa de atorɔ honhom na ahyɛ w’adiyifoɔ yi nyinaa anom,+ nanso mmusuo na Yehowa aka afa wo ho.”+
24 Ɛnna Kenaana ba Sedekia twe bɛn Mikaia, na ɔbɔɔ no sotorɔ bisaa no sɛ: “Ɛhefa na Yehowa honhom nam sian me ho ne wo bɛkasaeɛ?”+ 25 Mikaia buaa no sɛ: “Ɛda a wobɛwura pia mu akɔhinta no na wobɛhunu baabi a ɛnam baeɛ.” 26 Ɛnna Israel hene kaa sɛ: “Momfa Mikaia nkɔma kuro sohwɛfoɔ Amon ne ɔhene ba Yoas. 27 Monka nkyerɛ wɔn sɛ: ‘Deɛ ɔhene aka nie: “Momfa saa akoa yi nto afiase,+ na monte n’aduane* ne ne nsuo so nkɔsi sɛ mɛsan aba asomdwoeɛ mu.”’” 28 Ɛnna Mikaia kaa sɛ: “Sɛ wosan ba asomdwoeɛ mu paa a, ɛnneɛ na ɛnyɛ Yehowa na ɔne me kasaeɛ.”+ Na ɔka kaa ho sɛ: “Mo nyinaa moate bi.”
29 Enti Israel hene ne Yuda hene Yehosafat kɔɔ Ramot-Gilead so.+ 30 Ɛnna Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: “Mɛsakra me ho akɔ akono, nanso wo deɛ, hyɛ w’ahentaadeɛ.” Enti Israel hene sakraa ne ho+ na ɔkɔɔ akono. 31 Ná Siria hene no ahyɛ ne nteaseɛnam so asahene 32+ no sɛ: “Mo ne kumaa anaa ɔkɛseɛ nnko, momfa mo ani nsi Israel hene nko ara so.” 32 Na berɛ a nteaseɛnam so asahene no huu Yehosafat pɛ, wɔkaa sɛ: “Ampa, Israel hene no nie.” Enti wɔkɔɔ ne so sɛ wɔne no rekɔko. Ɛnna Yehosafat firii aseɛ su hwehwɛɛ ɔgyefoɔ. 33 Berɛ a nteaseɛnam so asahene no huu sɛ ɛnyɛ Israel hene no, ntɛm ara na wɔdanee wɔn ho, na wɔanni n’akyi bio.
34 Na ɔbarima bi too n’agyan, na ɛfom* kɔwɔɔ Israel hene wɔ ne dadeɛ ataadeɛ no mpameeɛ so. Enti ɔhene no ka kyerɛɛ deɛ ɔreka teaseɛnam no sɛ: “Dane wo ho na fa me firi akono ha* kɔ, na wɔapira me pira bɔne.”+ 35 Ɛko no kɔɔ so da mu no nyinaa, na wɔsosɔɔ ɔhene mu gyinaa teaseɛnam no mu de n’ani kyerɛɛ Siriafoɔ no; mogya a ɛrenwunu no no guu teaseɛnam no mu, na ɛduruu anwummerɛ no na wawu.+ 36 Berɛ a awia kɔtɔeɛ no, wɔteaam kaa no asoɛeɛ hɔ nyinaa sɛ: “Obiara nkɔ ne kuro mu! Obiara nkɔ n’asaase so!”+ 37 Enti ɔhene no wui. Wɔde no baa Samaria, na wɔsiee ɔhene no wɔ Samaria. 38 Berɛ a wɔkɔhohoroo teaseɛnam no mu wɔ Samaria abura no ho no, nkraman bɛtaferee ne mogya, na tuutuufoɔ nso bɛdwaree wɔ hɔ,* na ɛno maa asɛm a Yehowa kaeɛ no baa mu.+
39 Ahab ho nsɛm a aka, deɛ ɔyɛeɛ nyinaa ne asonse*+ fie* a ɔsiiɛ, ne nkuro a ɔkyekyeree nyinaa, wɔatwerɛ no Israel ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu. 40 Na Ahab ne n’agyanom kɔdae,+ na ne ba Ahasia+ bɛdii n’adeɛ.
41 Israel hene Ahab ahennie afe a ɛtɔ so nnan mu na Asa ba Yehosafat+ bɛdii Yuda so hene. 42 Yehosafat bɛdii adeɛ no, na wadi mfeɛ 35, na ɔdii hene mfeɛ 25 wɔ Yerusalem. Ne maame din de Asuba, na na ɔyɛ Silhi babaa. 43 Deɛ ɔhene no papa Asa yɛeɛ no,+ ɛno ara bi na ɔno nso yɛeɛ, wammane amfiri ho. Ɔyɛɛ deɛ ɛtene wɔ Yehowa ani so.+ Mmom sorɔnsorɔmmea* no deɛ, ɛkaa hɔ. Ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔreɛ na wɔhyee afɔrebɔdeɛ wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ.+ 44 Yehosafat ne Israel hene tenaa asomdwoeɛ mu.+ 45 Yehosafat ho nsɛm a aka, ne nnwuma akɛseɛ ne ako a ɔdiiɛ no, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ Yuda ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu. 46 Tuutuufoɔ mmarima+ a ne papa Asa berɛ so wɔkaa asɔrefie hɔ nso, ɔtuu wɔn ase firii asaase no so.+
47 Saa berɛ no, na ɔhene biara nni Edom;+ amrado na na ɔdi hene.+
48 Yehosafat yeyɛɛ Tarsis ahyɛn* a anka ɔde bɛkɔ Ofir akɔfa sika kɔkɔɔ,+ nanso antumi ankɔ ɛfiri sɛ ahyɛn no sɛee wɔ Esion-Geber.+ 49 Ɛnna Ahab ba Ahasia ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: “Ma me nkoa mmɛka wo nkoa ho wɔ ahyɛn no mu,” nanso Yehosafat ampene.
50 Na Yehosafat ne n’agyanom kɔdae,+ na wɔsiee no kaa n’agyanom ho wɔ ne nana Dawid Kuro mu, na ne ba Yehoram+ bɛdii n’adeɛ.
51 Yuda hene Yehosafat ahennie afe a ɛtɔ so 17 mu no, Ahab ba Ahasia+ bɛdii Israel so hene wɔ Samaria, na ɔdii Israel so mfeɛ mmienu. 52 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne, na deɛ ne papa+ ne ne maame yɛeɛ no,+ ɛno bi na ɔyɛeɛ; deɛ Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no yɛeɛ no, ɛno ara bi na ɔyɛeɛ.+ 53 Ɔtoaa so som Baal,+ na ɔkotoo no, na ɔkɔɔ so hyɛɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn abufuo+ sɛdeɛ ne papa yɛeɛ no.