Ahemfo Nwoma a Ɛdi Kan
1 Ná Ɔhene Dawid abɔ akɔkoraa+ na wadi nna pii; sɛ wɔde ntoma pii kata ne ho mpo a, na ne ho nyɛ no hye. 2 Enti ne nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: “Ma yɛnhwehwɛ ababaawa bi a ɔyɛ ɔbaabunu mmrɛ yɛn wura ɔhene na ɔmmɛtena ɔhene ho nhwɛ no; ɔbɛda wo nkyɛn na yɛn wura ɔhene ho ayɛ no hye.” 3 Ɛnna wɔkɔkyini hwehwɛɛ Israel asaase nyinaa so sɛ wɔbɛnya ababaawa bi a ne ho yɛ fɛ. Na wɔkɔhuu Sunemni+ Abisag+ de no brɛɛ ɔhene. 4 Ná ababaawa no ho yɛ fɛ papaapa. Ɔbɛtenaa ɔhene ho hwɛɛ no, nanso ɔhene ne no anna.
5 Saa berɛ no nyinaa, na Hagit ba Adoniya+ rehoahoa ne ho sɛ: “Me na mɛdi hene!” Na ɔmaa wɔyɛɛ teaseɛnam maa no, na ɔnyaa nkurɔfoɔ a wɔtete apɔnkɔ so ne mmarima 50 a wɔtu mmirika di n’anim.+ 6 Nanso ne papa anka n’anim* sɛ: “Adɛn nti na woreyɛ saa?” Ne maame woo no wɔ Absalom akyi, na na ɔno nso ho yɛ fɛ paa. 7 Adoniya de Seruia ba Yoab ne ɔsɔfoɔ Abiatar+ yɛɛ ne nkurɔfoɔ a ɔne wɔn fa adwene, na wɔbɛyɛɛ n’akyitaafoɔ a wɔboa no.+ 8 Ɔsɔfoɔ Sadok,+ Yehoiada ba Benaia,+ odiyifoɔ Natan,+ Simei,+ Rei, ne Dawid akatakyie+ no deɛ, wɔankɔdi Adoniya akyi.
9 Afei da bi, Adoniya de nnwan, anantwie, ne mmoa a wɔadɔre sradeɛ bɔɔ afɔreɛ+ wɔ Sohelet botan a ɛbɛn En-Rogel no ho, na ɔfrɛɛ ne nuanom, ahenemma no nyinaa, ne Yuda mmarima a wɔyɛ ɔhene nkoa no nyinaa. 10 Nanso odiyifoɔ Natan, Benaia, ne akatakyie no ne ne nua Solomon deɛ, wamfrɛ wɔn. 11 Ɛnna Natan+ ka kyerɛɛ Solomon maame+ Bat-Seba+ sɛ: “Woate sɛ Hagit ba Adoniya+ abɛyɛ ɔhene berɛ a yɛn wura Dawid nnim ho hwee anaa? 12 Enti bra ma mentu wo fo, na gye wo ho ne wo ba Solomon nkwa.*+ 13 Kɔ Ɔhene Dawid nkyɛn na kɔbisa no sɛ, ‘Me wura ɔhene, ɛnyɛ wo na wokaa w’afenaa ntam? Ɛnyɛ wo na wokaa sɛ: “Wo ba Solomon na ɔbɛdi m’adeɛ ayɛ ɔhene, na ɔno na ɔbɛtena m’ahennwa so”?+ Ɛnneɛ ɛyɛɛ dɛn na Adoniya abɛyɛ ɔhene yi?’ 14 Berɛ a wogu so ne ɔhene rekasa wɔ hɔ no, me nso mɛdi akyire aba na mabɛka bi ato w’asɛm no so.”
15 Enti Bat-Seba kɔɔ ɔhene nkyɛn wɔ pia mu. Ná ɔhene abɔ akɔkoraa posoposo, na Sunemni Abisag+ te ɔhene ho rehwɛ no. 16 Ɛnna Bat-Seba bɔɔ ne mu ase kotoo ɔhene anim, na ɔhene bisaa no sɛ: “Ɛdeɛn na wopɛ sɛ meyɛ ma wo?” 17 Ɔno nso kaa sɛ: “Me wura, wo na wokaa w’afenaa ntam wɔ Yehowa, wo Nyankopɔn din mu sɛ, ‘Wo ba Solomon na ɔbɛdi m’adeɛ ayɛ ɔhene, na ɔno na ɔbɛtena m’ahennwa so.’+ 18 Nanso hwɛ sɛ Adoniya abɛyɛ ɔhene berɛ a me wura ɔhene nnim ho hwee!+ 19 Ɔde anantwinini ne mmoa a wɔadɔre sradeɛ ne nnwan pii abɔ afɔreɛ, na wafrɛfrɛ ahenemma no nyinaa ne ɔsɔfoɔ Abiatar ne ɔsahene Yoab,+ nanso w’akoa Solomon deɛ, wamfrɛ no.+ 20 Me wura ɔhene, wo na Israel nyinaa ani da wo so sɛ wobɛkyerɛ wɔn deɛ ɔbɛdi me wura ɔhene adeɛ na watena n’ahennwa so. 21 Anyɛ saa a, sɛ me wura ɔhene ne n’agyanom kɔda pɛ, wɔbɛbu me ne me ba Solomon sɛ yɛyɛ atuatefoɔ.”*
22 Berɛ a ɔgu so ne ɔhene rekasa no, odiyifoɔ Natan baa hɔ.+ 23 Ɛhɔ ara na wɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Odiyifoɔ Natan aba ha!” Ɔbaa ɔhene anim bɛbɔɔ ne mu ase de n’anim butuu fam wɔ ɔhene anim. 24 Ɛnna Natan kaa sɛ: “Me wura ɔhene, enti wo na wokaa sɛ, ‘Adoniya na ɔbɛdi m’adeɛ ayɛ ɔhene, na ɔno na ɔbɛtena m’ahennwa so’ anaa?+ 25 Ɛnnɛ ɔde anantwinini ne mmoa a wɔadɔre sradeɛ ne nnwan pii rekɔbɔ afɔreɛ.+ Na wafrɛfrɛ ahenemma no nyinaa ne asahene no ne ɔsɔfoɔ Abiatar;+ wɔne no ato nsa redidi na wɔrenom, na deɛ wɔreka ara ne sɛ, ‘Ma Ɔhene Adoniya nnya nkwa tenten!’ 26 Na me, w’akoa, me ne ɔsɔfoɔ Sadok ne Yehoiada ba Benaia+ ne w’akoa Solomon deɛ, wamfrɛ yɛn. 27 Me wura ɔhene, wo na wama kwan saa, ɛnna woamma w’akoa anhunu deɛ ɔbɛtena ahennwa no so adi me wura ɔhene adeɛ?”
28 Afei Ɔhene Dawid kaa sɛ: “Momfrɛ Bat-Seba mma me.” Enti ɔbɛgyinaa ɔhene anim. 29 Ɛnna ɔhene kaa ntam sɛ: “Sɛ́ Yehowa a ɔgyee me* firii ahohia nyinaa mu+ te ase yi, 30 sɛdeɛ mekaa wo ntam wɔ Yehowa, Israel Nyankopɔn din mu sɛ, ‘Wo ba Solomon na ɔbɛdi m’adeɛ ayɛ ɔhene, na ɔno na ɔbɛsi m’anan atena m’ahennwa so!’ no, ɛnnɛ mɛma no aba mu saa.” 31 Ɛnna Bat-Seba bɔɔ ne mu ase de n’anim butuu fam wɔ ɔhene anim kaa sɛ: “Ma me wura Ɔhene Dawid nnya nkwa daa!”
32 Ntɛmpa ara na Ɔhene Dawid kaa sɛ: “Momfrɛ ɔsɔfoɔ Sadok, odiyifoɔ Natan, ne Yehoiada+ ba Benaia+ mma me.” Ɛnna wɔbaa ɔhene anim. 33 Ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momfa mo wura nkoa nka mo ho na momma me ba Solomon ntena m’afunumupɔnkɔ* no so,+ na momfa no nsiane nkɔ Gihon.+ 34 Momma ɔsɔfoɔ Sadok ne odiyifoɔ Natan nsra no ngo+ wɔ hɔ mfa no nsi Israel so hene, na mommɔ abɛn nka sɛ, ‘Ma Ɔhene Solomon nnya nkwa tenten!’+ 35 Monni n’akyi mfa no mmra na ɔmmɛtena m’ahennwa so. Ɔno na ɔbɛdi m’adeɛ ayɛ ɔhene, na ɔno na mɛyɛ no Israel ne Yuda kannifoɔ.” 36 Ɛhɔ ara na Yehoiada ba Benaia ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Amen! Ma me wura ɔhene Nyankopɔn Yehowa nhyɛ mu den. 37 Sɛdeɛ Yehowa dii me wura ɔhene akyi no, saa ara na ɔnni Solomon akyi,+ na ɔmma n’ahennwa nyɛ kɛseɛ nsene me wura Ɔhene Dawid ahennwa.”+
38 Ɛnna ɔsɔfoɔ Sadok, odiyifoɔ Natan, Yehoiada ba Benaia,+ ne Keretifoɔ ne Peletifoɔ+ no siim kɔeɛ; wɔmaa Solomon tenaa Ɔhene Dawid afunumupɔnkɔ no so+ de no kɔɔ Gihon.+ 39 Afei ɔsɔfoɔ Sadok faa abɛn a ngo wom+ no firii ntomadan no mu+ na ɔsraa Solomon ngo,+ na wɔfirii aseɛ bɔɔ abɛn maa ɔman no nyinaa bɔ gyee so sɛ: “Ma Ɔhene Solomon nnya nkwa tenten!” 40 Ɛno akyi no, ɔman no nyinaa tu dii n’akyi, na wɔbɔɔ ntɛntɛbɛn dii ahurisie kɛse paa, na dede no maa asaase wosoe.+
41 Adoniya ne wɔn a ɔfrɛfrɛɛ wɔn no nyinaa teeɛ; saa berɛ no, na wɔadidi awie.+ Berɛ a Yoab tee mmɛn no nnyegyeeɛ no, ɛhɔ ara na ɔbisaa sɛ: “Na gyegyeegye bɛn na ɛrekɔ so wɔ kurom yi?” 42 Ɔgu so rekasa ara na ɔsɔfoɔ Abiatar ba Yonatan+ bɛpuee hɔ. Ɛnna Adoniya kaa sɛ: “Bra mu, na woyɛ onipa pa;* megye di sɛ wode asɛmpa na ɛbaeɛ.” 43 Ɛnna Yonatan buaa Adoniya sɛ: “Daabi o. Yɛn wura Ɔhene Dawid asi Solomon hene. 44 Na ɔhene maa ɔsɔfoɔ Sadok, odiyifoɔ Natan, Yehoiada ba Benaia, ne Keretifoɔ ne Peletifoɔ no kaa ne ho, na wɔmaa no tenaa ɔhene afunumupɔnkɔ no so.+ 45 Afei ɔsɔfoɔ Sadok ne odiyifoɔ Natan sraa no ngo sii no hene wɔ Gihon, na wɔde ahurisie firii hɔ bae, ɛno nti na kuro no mu ayɛ gyegyeegye no. Ɛho dede na moteeɛ no. 46 Afei nso, Solomon atena ahennwa no so. 47 Bio nso, ɔhene nkoa baa hɔ bɛhyiraa yɛn wura Ɔhene Dawid, na wɔkaa sɛ, ‘Wo Nyankopɔn mma Solomon din nyɛ kɛse nsene wo din, na ɔmma n’ahennwa nyɛ kɛse nsene w’ahennwa!’ Ɛnna ɔhene bɔɔ ne mu ase wɔ ne mpa so. 48 Na deɛ ɔhene nso kaeɛ nie, ‘Ayeyie nka Yehowa, Israel Nyankopɔn a ɛnnɛ wayi obi atena m’ahennwa so ama me ara mede m’ani ahunu!’”
49 Ɛnna ehu kaa wɔn a Adoniya afrɛfrɛ wɔn no nyinaa, na obiara sɔre faa ne kwan. 50 Adoniya nso, Solomon nti, ehu kaa no. Enti ɔsɔre kɔe, na ɔkɔsɔɔ afɔrebukyia no mmɛn mu.+ 51 Ɛnna wɔbɛbɔɔ Solomon amanneɛ sɛ: “Ɔhene Solomon ho hu nti, Adoniya akɔsɔ afɔrebukyia no mmɛn mu, na ɔse, ‘Momma Ɔhene Solomon nni kan nka me ntam sɛ ɔremfa sekan nku n’akoa.’” 52 Ɛnna Solomon kaa sɛ: “Sɛ ɔyɛ adepa a, ɛnneɛ ne nwi baako mpo rentɔ fam, nanso sɛ ɔdi bɔne a,+ ɛnneɛ ɔbɛwu.” 53 Enti Ɔhene Solomon soma maa wɔkɔfaa no firii afɔrebukyia no ho baeɛ. Na ɔbɛkotoo Ɔhene Solomon, na Solomon ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɔre, na kɔ wo fie.”