Ahemfo Nwoma a Ɛdi Kan
2 Berɛ a Dawid rebɛwu no, nsɛm a ɔka kyerɛɛ ne ba Solomon nie: 2 “Merebɛwu,* enti ma wo ho nyɛ den+ na yɛ w’adeɛ sɛ ɔbarima.+ 3 Yɛ wei fa di w’asɛdeɛ so wɔ Yehowa wo Nyankopɔn anim: Nante n’akwan so na di n’ahyɛdeɛ, ne mmara nsɛm, n’atemmusɛm, ne ne nkaesɛm so sɛdeɛ wɔatwerɛ no Mose Mmara no mu no,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a biribiara a wobɛyɛ ne baabiara a wobɛkɔ no, ɛbɛsi wo yie.* 4 Ɛno bɛma Yehowa adi ne bɔhyɛ so. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Sɛ wo mma hwɛ wɔn akwan yie na wɔde wɔn akoma nyinaa ne wɔn kra* nyinaa som me nokorɛ mu+ a, ɛnneɛ daa w’aseni na ɔbɛtena Israel ahennwa so.’+
5 “Seruia ba Yoab nso, wo ara wonim deɛ ɔde yɛɛ me; wonim deɛ ɔde yɛɛ Israel asahene mmienu, Ner ba Abner+ ne Yeter ba Amasa.+ Ɔkum wɔn, na ɔkaa mogya gui+ asomdwoeɛ berɛ mu te sɛ ɛko berɛ. Ɔde ɛko mogya kekaa n’abɔsoɔ ne ne nan ase mpaboa mu. 6 Fa wo nyansa yɛ adwuma, na mma no mmfa ne tiri so dwene nnkɔ Adamena* mu asomdwoeɛ mu.+
7 “Gileadni Basilai+ mma no deɛ, da ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi kyerɛ wɔn, na ma wɔnnidi wo pono so bi, ɛfiri sɛ berɛ a medwane firii wo nua Absalom anim+ no, wɔbɛtaa m’akyi.+
8 “Benyaminni Gera ba Simei a ɔfiri Bahurim no te wo nkyɛn ha yi ara. Da a merekɔ Mahanaim+ no, ɔdomee me yayaaya,+ nanso berɛ a ɔbɛhyiaa me wɔ Yordan ho no, mekaa no ntam wɔ Yehowa din mu sɛ, ‘Merentwe sekan nku wo.’+ 9 Mma no mmfa ne ho nnni.+ Woyɛ ɔbarima nyansafoɔ, na wonim deɛ ɛsɛ sɛ wode yɛ no; mogya mu na ma no mfa ne tiri so dwene nsiane nkɔ Adamena* mu.”+
10 Ɛnna Dawid ne n’agyanom kɔdae, na wɔsiee no wɔ Dawid Kuro+ mu. 11 Mfeɛ* dodoɔ a Dawid de dii Israel so hene no si mfeɛ 40. Ɔtenaa Hebron+ dii adeɛ mfeɛ 7, na ɔtenaa Yerusalem nso dii adeɛ mfeɛ 33.+
12 Ɛnna Solomon tenaa ne papa Dawid ahennwa so, na nkakrankakra, n’ahennie no timiiɛ.+
13 Akyire yi, Hagit ba Adoniya baa Solomon maame Bat-Seba nkyɛn. Ɛnna maame no bisaa no sɛ: “Wobaa no asomdwoeɛ mu anaa?” Na ɔbuaa sɛ: “Mebaa no asomdwoeɛ mu.” 14 Afei ɔtoaa so sɛ: “Mede asɛm bi rebɛto w’anim.” Ɛnna maame no kaa sɛ: “Kasa.” 15 Ɔno nso kaa sɛ: “Wo ara wonim sɛ me na anka ɛsɛ sɛ medi adeɛ, na me na na Israel nyinaa ani da so sɛ mɛyɛ ɔhene;+ nanso ahennie no firii me nsa kɔdii me nua no nsam, na Yehowa na ɔmaa no kɔdii ne nsam.+ 16 Seesei abisadeɛ baako pɛ na mede reto w’anim. Mmɔ m’asɛm no ngu.” Ɛnna maame no ka kyerɛɛ no sɛ: “Kasa.” 17 Afei ɔkaa sɛ: “Mesrɛ wo, kɔka kyerɛ Ɔhene Solomon sɛ ɔmfa Sunemni Abisag+ mma me awareɛ. Menim sɛ ɔremmɔ w’asɛm ngu.” 18 Ɛnna Bat-Seba kaa sɛ: “Asɛmpa! Mɛkɔ na me ne ɔhene akɔkasa ama wo.”
19 Enti Bat-Seba kɔɔ Ɔhene Solomon nkyɛn sɛ ɔde Adoniya asɛm no rekɔto n’anim. Ntɛm ara na ɔhene sɔre kɔhyiaa no, na ɔhene bɔɔ ne mu ase maa no. Afei ɔkɔtenaa n’ahennwa so, na ɔhene maa wɔde akonnwa bɛsii hɔ maa ne maame, na ɔtenaa ne nifa so. 20 Ɛnna ne maame kaa sɛ: “Abisadeɛ ketewa bi na mede rebɛto w’anim. Mmɔ m’asɛm no ngu.” Enti ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: “Me maame, kasa na meremmɔ w’asɛm ngu.” 21 Maame no kaa sɛ: “Fa Sunemni Abisag ma wo nua Adoniya na ɔnware no.” 22 Ɛnna Ɔhene Solomon ka kyerɛɛ ne maame sɛ: “Adɛn nti na worebisa Sunemni Abisag ama Adoniya? Ɛnneɛ bisa ahennie no ka ho ma no ɛ,+ ɛfiri sɛ ɔyɛ me nua panin,+ na ɔsɔfoɔ Abiatar ne Seruia+ ba Yoab+ nso taa n’akyi.”
23 Ɛnna Ɔhene Solomon kaa Yehowa ntam sɛ: “Adeɛ a Adoniya abisa yi, sɛ mamma no amfa ne nkwa* antwa so a, ɛnneɛ Onyankopɔn ntua me ka na ɔnsan mfa bi nka ho. 24 Na sɛ́ Yehowa a wama m’ase atim+ na ɔde me atena me papa Dawid ahennwa so, na wama manya fie*+ sɛdeɛ ɔhyɛɛ bɔ no te ase yi, ɛnnɛ Adoniya bɛwu.”+ 25 Ɛhɔ ara na Ɔhene Solomon somaa Yehoiada ba Benaia+ maa no kɔto hyɛɛ Adoniya so kum no.
26 Ɔhene ka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Abiatar+ sɛ: “Kɔ w’asaase so wɔ Anatot!+ Wofata owuo, nanso ɛnnɛ merenku wo, ɛfiri sɛ wosoaa Awurade Tumfoɔ Yehowa Adaka no wɔ me papa Dawid anim,+ na me papa amanehunu nyinaa mu no, wohunuu amane bi.”+ 27 Enti Solomon pamoo Abiatar na wanyɛ Yehowa sɔfoɔ bio; ɛno maa Yehowa asɛm a ɔka tiaa Eli fie wɔ Silo+ no baa mu.+
28 Berɛ a Yoab tee asɛm no, ɔdwane kɔɔ Yehowa ntomadan+ no adihɔ kɔsɔɔ afɔrebukyia no mmɛn mu dendeenden, ɛfiri sɛ ɛwom sɛ Yoab ankɔ Absalom afã+ deɛ, nanso ɔkɔdii Adoniya akyi.+ 29 Ɛnna wɔbɛka kyerɛɛ Ɔhene Solomon sɛ: “Yoab adwane kɔ Yehowa ntomadan no adihɔ, na ɔwɔ afɔrebukyia no ho.” Enti Solomon somaa Yehoiada ba Benaia, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ, kɔto hyɛ ne so ku no!” 30 Ɛnna Benaia kɔɔ Yehowa ntomadan no adihɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ ɔhene aka nie, ‘Firi adi!’” Nanso ɔbuaa sɛ: “Daabi! Ɛha ara na mɛwu ada.” Ɛnna Benaia bɛbɔɔ ɔhene amanneɛ sɛ: “Deɛ Yoab aka nie, na mmuaeɛ a ɔde maa me nie.” 31 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ ɔkaeɛ no, yɛ no saa ara; to hyɛ ne so ku no, na monsie no na monyi mogya a ɛdi bem a Yoab hwie guiɛ no mfiri me so ne me papa fie so.+ 32 Ɔno ara ne mogya na Yehowa de bɛgu ne tiri so, ɛfiri sɛ ɔfaa me papa Dawid akyi de sekan kum mmarima mmienu a wɔtene na wɔyɛ sene no; ɔkum Israel sahene+ Abner+ a ɔyɛ Ner ba no, ne Yuda sahene+ Amasa+ a ɔyɛ Yeter ba no. 33 Wɔn mogya bɛba Yoab ne n’asefoɔ* tiri so akɔsi daa;+ Dawid ne n’asefoɔ* ne ne fie ne n’ahennwa deɛ, Yehowa bɛma wɔanya asomdwoeɛ daa.” 34 Ɛnna Yehoiada ba Benaia foro kɔeɛ, na ɔkɔto hyɛɛ ne so kuu no, na wɔsiee no wɔ ne fie nkyɛn wɔ serɛ so. 35 Afei ɔhene de Yehoiada ba Benaia+ sii n’ananmu wɔ asraafoɔ no so, na ɔsɔfoɔ Sadok+ nso, ɔhene de no sii Abiatar ananmu.
36 Ɛnna ɔhene soma kɔfrɛɛ Simei+ baeɛ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Si fie wɔ Yerusalem na tena ha. Mfiri ha nkɔ baabiara. 37 Da a wobɛpue akɔtwa Kidron Bɔn+ no, owuo na wobɛwuo. Wo mogya bɛba abɛgu wo ara wo tiri so.” 38 Ɛnna Simei ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Wonkaa bɔne. Sɛdeɛ me wura ɔhene aka no, saa ara na w’akoa bɛyɛ.” Enti Simei tenaa Yerusalem kyɛe.
39 Nanso mfeɛ mmiɛnsa akyi no, Simei nkoa mmienu dwane kɔɔ Maaka ba Akis+ a ɔyɛ Gat hene no nkyɛn. Ɛnna nkurɔfoɔ bɛka kyerɛɛ Simei sɛ: “Hwɛ, wo nkoa no wɔ Gat.” 40 Ntɛm ara na Simei sɔre hyehyɛɛ n’afunumu, na ɔkɔɔ Akis nkyɛn wɔ Gat kɔhuu ne nkoa no, na Simei de ne nkoa no firii Gat baeɛ. 41 Ɛnna wɔkɔka kyerɛɛ Solomon sɛ: “Simei afiri Yerusalem akɔ Gat aba.” 42 Ɛhɔ ara na ɔhene soma kɔfrɛɛ Simei, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mamma woanka Yehowa ntam, na mammɔ wo kɔkɔ sɛ, ‘Ɛda a wobɛfiri ha akɔ baabi foforɔ biara no, owuo na wobɛwuo’? Na wo nso woanka ankyerɛ me sɛ, ‘Asɛm a woaka yi deɛ, wonkaa bɔne; mɛdi so’?+ 43 Adɛn nti na woanni Yehowa ntam ne mmara a mehyɛɛ wo no so?” 44 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Simei sɛ: “Adebɔne a woyɛɛ me papa Dawid no nyinaa, wo ara wonim wɔ w’akoma mu,+ na Yehowa bɛdane wo bɔne no agu wo ara wo tiri so.+ 45 Nanso Ɔhene Solomon deɛ, wɔbɛhyira no,+ na Dawid ahennwa nso bɛtim wɔ Yehowa anim daa.” 46 Ɛnna ɔhene de ahyɛdeɛ maa Yehoiada ba Benaia maa no kɔto hyɛɛ ne so kum no.+
Na ahennie no tim wɔ Solomon nsam.+