Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 2 Berɛsosɛm 34
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

2 Berɛsosɛm Mu Nsɛntitire

      • Yuda hene Yosia ahennie (1, 2)

      • Yosia pagyaa Onyankopɔn som (3-13)

      • Wɔhuu Mmara nwoma no (14-21)

      • Hulda hyɛɛ mmusuo ho nkɔm (22-28)

      • Yosia kenkan nwoma no kyerɛɛ ɔman no (29-33)

2 Berɛsosɛm 34:1

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 13:2; Sef 1:1; Mt 1:10
  • +2Ah 22:1, 2

2 Berɛsosɛm 34:3

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

  • *

    Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

  • *

    Anaa “ahoni a wɔaguo.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 15:2
  • +2Ah 23:4, 14
  • +2Be 33:17
  • +2Be 33:21, 22

2 Berɛsosɛm 34:4

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

  • *

    Anaa “dadeɛ a wɔanane de ayɛ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 23:6

2 Berɛsosɛm 34:5

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 13:2; 2Ah 23:16

2 Berɛsosɛm 34:6

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 23:19; 2Be 30:1

2 Berɛsosɛm 34:7

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 17:41
  • +2Be 31:1

2 Berɛsosɛm 34:8

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “efie.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 22:12
  • +2Ah 22:3-6

2 Berɛsosɛm 34:9

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 30:11, 18

2 Berɛsosɛm 34:11

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 12:11, 12

2 Berɛsosɛm 34:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 12:15
  • +1Be 23:6
  • +2Be 20:19
  • +1Be 25:1

2 Berɛsosɛm 34:13

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 8:14

2 Berɛsosɛm 34:14

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “Mose nsa so.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 22:4
  • +De 17:18; 31:24-26; Yos 1:8; 2Ah 22:8
  • +Le 26:46

2 Berɛsosɛm 34:18

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 22:8
  • +De 17:18, 19

2 Berɛsosɛm 34:19

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 22:11-13

2 Berɛsosɛm 34:20

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 25:22; Yer 40:14

2 Berɛsosɛm 34:21

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 30:17, 18; 31:16, 24-26; Yos 1:8

2 Berɛsosɛm 34:22

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 15:20; Ate 4:4; Lu 2:36; Aso 21:8, 9
  • +2Ah 22:14-20

2 Berɛsosɛm 34:24

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yer 35:17
  • +Le 26:16; De 28:15; 30:17, 18; Da 9:11

2 Berɛsosɛm 34:25

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 28:20
  • +2Ah 21:1, 3, 6; 2Be 28:1, 3
  • +De 29:22, 23; Yer 7:20

2 Berɛsosɛm 34:26

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 34:19

2 Berɛsosɛm 34:27

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “womaa w’akoma yɛɛ mmerɛ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 32:26; 33:11, 13

2 Berɛsosɛm 34:28

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Wei yɛ kasakoa, na ɛkyerɛ sɛ obi awu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 21:29; Yes 39:8

2 Berɛsosɛm 34:29

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 23:1

2 Berɛsosɛm 34:30

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “wɔ wɔn nyinaa asom.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 23:2; 2Be 17:3, 9; Ne 8:3

2 Berɛsosɛm 34:31

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “hyɛɛ apam no mu den.”

  • *

    Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Esr 10:3
  • +De 6:5
  • +De 31:24-26; 2Ah 22:8

2 Berɛsosɛm 34:32

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 30:1, 12; 33:1, 16

2 Berɛsosɛm 34:33

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “abosom.”

  • *

    Nt., “Ne nna nyinaa.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 23:5

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

2 Be. 34:11Ah 13:2; Sef 1:1; Mt 1:10
2 Be. 34:12Ah 22:1, 2
2 Be. 34:32Be 15:2
2 Be. 34:32Ah 23:4, 14
2 Be. 34:32Be 33:17
2 Be. 34:32Be 33:21, 22
2 Be. 34:42Ah 23:6
2 Be. 34:51Ah 13:2; 2Ah 23:16
2 Be. 34:62Ah 23:19; 2Be 30:1
2 Be. 34:72Ah 17:41
2 Be. 34:72Be 31:1
2 Be. 34:82Ah 22:12
2 Be. 34:82Ah 22:3-6
2 Be. 34:92Be 30:11, 18
2 Be. 34:112Ah 12:11, 12
2 Be. 34:122Ah 12:15
2 Be. 34:121Be 23:6
2 Be. 34:122Be 20:19
2 Be. 34:121Be 25:1
2 Be. 34:132Be 8:14
2 Be. 34:142Ah 22:4
2 Be. 34:14De 17:18; 31:24-26; Yos 1:8; 2Ah 22:8
2 Be. 34:14Le 26:46
2 Be. 34:182Ah 22:8
2 Be. 34:18De 17:18, 19
2 Be. 34:192Ah 22:11-13
2 Be. 34:202Ah 25:22; Yer 40:14
2 Be. 34:21De 30:17, 18; 31:16, 24-26; Yos 1:8
2 Be. 34:22Ex 15:20; Ate 4:4; Lu 2:36; Aso 21:8, 9
2 Be. 34:222Ah 22:14-20
2 Be. 34:24Yer 35:17
2 Be. 34:24Le 26:16; De 28:15; 30:17, 18; Da 9:11
2 Be. 34:25De 28:20
2 Be. 34:252Ah 21:1, 3, 6; 2Be 28:1, 3
2 Be. 34:25De 29:22, 23; Yer 7:20
2 Be. 34:262Be 34:19
2 Be. 34:272Be 32:26; 33:11, 13
2 Be. 34:281Ah 21:29; Yes 39:8
2 Be. 34:292Ah 23:1
2 Be. 34:302Ah 23:2; 2Be 17:3, 9; Ne 8:3
2 Be. 34:31Esr 10:3
2 Be. 34:31De 6:5
2 Be. 34:31De 31:24-26; 2Ah 22:8
2 Be. 34:322Be 30:1, 12; 33:1, 16
2 Be. 34:332Ah 23:5
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
  • 29
  • 30
  • 31
  • 32
  • 33
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
2 Berɛsosɛm 34:1-33

Berɛsosɛm Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu

34 Yosia+ bɛdii hene no, na wadi mfeɛ nwɔtwe, na ɔdii adeɛ mfeɛ 31 wɔ Yerusalem.+ 2 Ɔyɛɛ deɛ ɛtene wɔ Yehowa ani so, na deɛ ne nana Dawid yɛeɛ no, ɛno ara bi na ɔno nso yɛeɛ; wammane ankɔ nifa anaa benkum.

3 N’ahennie afe a ɛtɔ so 8 mu, berɛ a ɔda so yɛ abɔfra no, ɔfirii aseɛ hwehwɛɛ ne nana Dawid Nyankopɔn,+ na afe a ɛtɔ so 12 mu no, ɔfirii aseɛ tee Yuda ne Yerusalem ho+ yiyii sorɔnsorɔmmea*+ ne abosonnua* ne ahoni a wɔasene+ ne dadeɛ ahoni* no firii hɔ. 4 Bio nso, ɔhwɛ maa wɔbubuu Baal afɔrebukyia no, na nneɛma a wɔde hye aduhwam a ɛsisi so no, ɔtwitwaeɛ. Abosonnua* ne ahoni a wɔasene ne dadeɛ* ahoni no, ɔyam no muhumuhu de petepetee wɔn a na wɔbɔ afɔreɛ wɔ so no adamena so.+ 5 Afei ɔhyee asɔfoɔ no nnompe wɔ wɔn afɔrebukyia no so.+ Ɔyɛɛ saa de tee Yuda ne Yerusalem ho.

6 Na ɔkɔɔ Manase, Efraim,+ ne Simeon nkuro mu; ɔkɔe ara kɔduruu Naftali ne nkuro a adane amamfo mu, 7 na ɔkɔbubuu afɔrebukyia ne abosonnua* no, na ahoni a wɔasene+ no, ɔyam no muhumuhu; nneɛma a wɔde hye aduhwam no nso, ɔtwitwaa ne nyinaa firii Israel asaase so baabiara;+ ɛno akyi no, ɔsan baa Yerusalem.

8 N’ahennie afe a ɛtɔ so 18 mu no, na wate asaase no ne asɔrefie* no ho awie, na ɔsomaa Asalia ba Safan,+ amrado Maaseia, ne ɔhene krakye Yoahas ba Yoa sɛ wɔnkɔsiesie ne Nyankopɔn Yehowa fie hɔ.+ 9 Wɔbaa ɔsɔfo panin Hilkia nkyɛn, na sika a wɔde aba Onyankopɔn fie hɔ a na Lewifoɔ a wɔyɛ apono ano ahwɛfoɔ no aboaboa ano no, wɔde ne nyinaa kɔmaa no. Wɔnya firii Manase, Efraim, ne Israelfoɔ a aka nyinaa,+ ne Yuda, Benyamin, ne Yerusalemfoɔ hɔ. 10 Ɛnna wɔde hyɛɛ wɔn a wɔdeda adwuma no ano wɔ Yehowa fie hɔ no nsa, na adwumayɛfoɔ a wɔwɔ Yehowa fie hɔ no nso de siesiee efie no miamiaa mu. 11 Wɔde maa adwumfoɔ ne adansifoɔ sɛ wɔmfa ntɔ aboɔ a wɔapae ne nnua a wɔde bɛsosɔ dan no mu, na wɔmfa ntaaboɔ nsisi adan a Yuda ahemfo ahwɛ ama no asɛe no.+

12 Na mmarima no yɛɛ adwuma no pɛpɛɛpɛ.+ Lewifoɔ yi na wɔyii wɔn sɛ wɔnhwɛ mma wɔnyɛ adwuma no: Yahat ne Obadia a wɔyɛ Merari asefoɔ,+ ne Sakaria ne Mesulam a wɔyɛ Kohat asefoɔ.+ Lewifoɔ a wɔn nyinaa ho akokwa wɔ nnwom mu+ no, 13 wɔn na wɔhwɛɛ adwumayɛfoɔ a wɔsoasoa nneɛma ne wɔn a wɔyɛ nnwuma hodoɔ nyinaa bi no so. Ná Lewifoɔ no bi nso yɛ atwerɛfoɔ, mpanimfoɔ, ne apono ano ahwɛfoɔ.+

14 Berɛ a wɔreyi sika a wɔde aba Yehowa fie hɔ+ no, ɔsɔfoɔ Hilkia huu Yehowa Mmara nwoma+ a ɔnam Mose so* de maeɛ no.+ 15 Enti Hilkia ka kyerɛɛ ɔtwerɛfoɔ Safan sɛ: “Mmara nwoma no, makɔhu no Yehowa fie hɔ.” Ɛnna Hilkia de nwoma no maa Safan. 16 Na Safan de nwoma no baa ɔhene anim, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ wode ahyɛ wo nkoa nsa nyinaa, wɔreyɛ. 17 Sika a ɛwɔ Yehowa fie hɔ no, wɔahwie de ahyɛ wɔn a wɔdeda adwuma ano ne adwumayɛfoɔ no nsa.” 18 Afei nso, ɔtwerɛfoɔ Safan ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Ɔsɔfoɔ Hilkia de nwoma bi ama me.”+ Ɛnna Safan firii aseɛ kenkan no ɔhene anim.+

19 Berɛ a ɔhene tee Mmara no mu nsɛm ara pɛ, ɔsuan n’ataadeɛ mu.+ 20 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Hilkia, Safan ba Ahikam,+ Mika ba Abdon, ɔtwerɛfoɔ Safan, ne ɔhene akoa Asaia sɛ: 21 “Nwoma a wɔahunu yi mu nsɛm nti, monkɔbisa Yehowa anom asɛm mma me ne Israelfoɔ ne Yudafoɔ a aka nyinaa, na Yehowa abufuo a ɛreba yɛn so no so, ɛfiri sɛ yɛn agyanom anni Yehowa asɛm so anyɛ deɛ wɔatwerɛ no nwoma yi mu no nyinaa.”+

22 Ɛnna Hilkia ne wɔn a ɔhene somaa wɔn no kɔɔ odiyifoɔbaa Hulda nkyɛn.+ Ná ɔyɛ ntaadeɛ sohwɛfoɔ Harhas ba Tikwa ba Salum yere. Saa berɛ no, na odiyifoɔbaa no te Yerusalem Kuro Foforɔ no mu; ɛhɔ na wɔkɔkaa asɛm no kyerɛɛ no.+ 23 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn aka nie, ‘Monkɔka nkyerɛ ɔbarima a ɔsomaa mo me nkyɛn no sɛ: 24 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Mede mmusuo bɛba kuro yi ne wɔn a wɔtete mu so;+ nnome a wɔatwerɛ no nwoma+ a wɔkenkan kyerɛɛ Yuda hene mu no, mede ne nyinaa reba. 25 Ɛsiane sɛ wɔagya me+ akɔhye afɔrebɔdeɛ ama anyame foforɔ, na wɔde wɔn nsa ano adwuma nyinaa ahyɛ me abufuo+ nti, m’abufuo bɛhwie agu kuro yi so, na ɛrennum.’”+ 26 Na Yuda hene a ɔsomaa mo sɛ mommɛbisa Yehowa anom asɛm no, monka nkyerɛ no sɛ, “Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn aka nie: ‘Nsɛm a woteeɛ no,+ 27 ɛsiane sɛ woamma w’akoma anyɛ den* na wobrɛɛ wo ho ase wɔ Onyankopɔn anim berɛ a wotee nsɛm a wɔaka wɔ kuro yi ne wɔn a wɔtete mu ho, na wobrɛɛ wo ho ase m’anim, na wosuan w’ataadeɛ mu suu m’anim nti, me nso matie wo,+ Yehowa asɛm nie. 28 Ɛno nti mɛboaboa wo akɔka w’agyanom ho,* na wobɛkɔ wo damena mu asomdwoeɛ mu, na w’ani renhu mmusuo a mede reba kuro yi ne wɔn a wɔtete mu so no.’”’”+

Ɛnna wɔde mmuaeɛ no kɔmaa ɔhene. 29 Enti ɔhene de nkra kɔe, na wɔfrɛɛ Yuda ne Yerusalem mpanimfoɔ nyinaa baeɛ.+ 30 Afei Yuda mmarima nyinaa, Yerusalemfoɔ, asɔfoɔ, Lewifoɔ no ne ɔman no nyinaa, ɔkɛseɛ oo, kumaa oo, ɔhene ne wɔn kɔɔ Yehowa fie hɔ. Apam nwoma a wɔhuu no Yehowa fie hɔ no, ɔkenkan emu nsɛm no nyinaa kyerɛɛ wɔn.*+ 31 Ɔhene gyinaa ne gyinabea yɛɛ apam*+ wɔ Yehowa anim sɛ ɔbɛdi Yehowa akyi na ɔde n’akoma nyinaa ne ne kra* nyinaa adi ne mmara nsɛm, ne nkaesɛm, ne n’ahyɛdeɛ so,+ na wadi apam no mu nsɛm a wɔatwerɛ no nwoma yi mu no so.+ 32 Afei ɔmaa wɔn a wɔwɔ Yerusalem ne Benyamin nyinaa gye toom sɛ wɔbɛdi so. Na Yerusalemfoɔ yɛɛ sɛdeɛ Onyankopɔn a ɔyɛ wɔn agyanom Nyankopɔn apam no teɛ.+ 33 Afei akyiwadeɛ* a ɛwɔ Israelfoɔ asaase nyinaa so no, Yosia yiyii ne nyinaa+ na ɔmaa wɔn a wɔwɔ Israel nyinaa som wɔn Nyankopɔn Yehowa. Ne nkwa nna nyinaa,* nkurɔfoɔ no annyae wɔn agyanom Nyankopɔn Yehowa akyiri die.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane