Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 2 Berɛsosɛm 35
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

2 Berɛsosɛm Mu Nsɛntitire

      • Yosia yɛɛ nhyehyɛeɛ maa wɔdii Twam kɛseɛ (1-19)

      • Farao Neko kum Yosia (20-27)

2 Berɛsosɛm 35:1

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 12:3-11; 2Ah 23:21
  • +Ex 12:21
  • +Le 23:5; De 16:1

2 Berɛsosɛm 35:2

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 23:18; 31:2

2 Berɛsosɛm 35:3

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 33:10; 2Be 17:8, 9; Ne 8:7, 8
  • +1Ah 6:38; 2Be 5:7
  • +Nu 4:15; 1Be 23:25, 26

2 Berɛsosɛm 35:4

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 23:6
  • +2Be 8:14

2 Berɛsosɛm 35:5

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “ɔman mma no.”

2 Berɛsosɛm 35:6

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 12:21; 2Be 30:1, 15

2 Berɛsosɛm 35:7

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 30:24

2 Berɛsosɛm 35:8

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 23:4; 2Be 34:14

2 Berɛsosɛm 35:10

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 23:6

2 Berɛsosɛm 35:11

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 12:3, 6
  • +2Be 30:16
  • +2Be 29:34

2 Berɛsosɛm 35:13

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Wɔtotõõ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 12:8; De 16:6, 7

2 Berɛsosɛm 35:15

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 16:37
  • +1Be 23:5
  • +1Be 25:1, 2
  • +1Be 16:41, 42; 25:3
  • +1Be 26:12, 13

2 Berɛsosɛm 35:16

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 23:5
  • +2Ah 23:21

2 Berɛsosɛm 35:17

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma emu ka.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 12:15; Le 23:6; De 16:3; 2Be 30:1, 21

2 Berɛsosɛm 35:18

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 23:22, 23; 2Be 30:5, 26

2 Berɛsosɛm 35:20

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “efie.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yer 46:2
  • +2Ah 23:29

2 Berɛsosɛm 35:22

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 22:30
  • +Ate 1:27; 5:19; Sak 12:11; Adi 16:16

2 Berɛsosɛm 35:24

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 23:30; 2Be 34:28

2 Berɛsosɛm 35:25

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “kwadwom.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yer 1:1
  • +Yer 9:17, 20

2 Berɛsosɛm 35:27

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 23:28

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

2 Be. 35:1Ex 12:3-11; 2Ah 23:21
2 Be. 35:1Ex 12:21
2 Be. 35:1Le 23:5; De 16:1
2 Be. 35:22Be 23:18; 31:2
2 Be. 35:3De 33:10; 2Be 17:8, 9; Ne 8:7, 8
2 Be. 35:31Ah 6:38; 2Be 5:7
2 Be. 35:3Nu 4:15; 1Be 23:25, 26
2 Be. 35:41Be 23:6
2 Be. 35:42Be 8:14
2 Be. 35:6Ex 12:21; 2Be 30:1, 15
2 Be. 35:72Be 30:24
2 Be. 35:82Ah 23:4; 2Be 34:14
2 Be. 35:101Be 23:6
2 Be. 35:11Ex 12:3, 6
2 Be. 35:112Be 30:16
2 Be. 35:112Be 29:34
2 Be. 35:13Ex 12:8; De 16:6, 7
2 Be. 35:151Be 16:37
2 Be. 35:151Be 23:5
2 Be. 35:151Be 25:1, 2
2 Be. 35:151Be 16:41, 42; 25:3
2 Be. 35:151Be 26:12, 13
2 Be. 35:16Le 23:5
2 Be. 35:162Ah 23:21
2 Be. 35:17Ex 12:15; Le 23:6; De 16:3; 2Be 30:1, 21
2 Be. 35:182Ah 23:22, 23; 2Be 30:5, 26
2 Be. 35:20Yer 46:2
2 Be. 35:202Ah 23:29
2 Be. 35:221Ah 22:30
2 Be. 35:22Ate 1:27; 5:19; Sak 12:11; Adi 16:16
2 Be. 35:242Ah 23:30; 2Be 34:28
2 Be. 35:25Yer 1:1
2 Be. 35:25Yer 9:17, 20
2 Be. 35:272Ah 23:28
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
2 Berɛsosɛm 35:1-27

Berɛsosɛm Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu

35 Yosia dii Twam+ maa Yehowa wɔ Yerusalem; wɔkum Twam aboa no+ wɔ bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so 14.+ 2 Ɔde asɔfoɔ no sisii wɔn nnwuma so, na ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnyɛ Yehowa fie adwuma a ɛhyɛ wɔn nsa no.+ 3 Ɛnna ɔka kyerɛɛ Lewifoɔ a wɔyɛ kronkron wɔ Yehowa anim, Israel nyinaa akyerɛkyerɛfoɔ+ no sɛ: “Momfa Adaka kronkron no nkɔsi efie a Dawid ba, Israel hene Solomon siiɛ no mu;+ ɛnhia sɛ mosoa no mo mmati so bio.+ Afei monsom Yehowa mo Nyankopɔn ne ne man Israel. 4 Sɛdeɛ Israel hene Dawid+ ne ne ba Solomon+ twerɛeɛ no, monhyehyɛ mo ho akuakuo sɛdeɛ mo agyanom abusuafie teɛ, na monsiesie mo ho mma adwuma no. 5 Monnyinagyina kronkronbea hɔ sɛdeɛ mo agyanom abusuafie ne mo nkyekyɛmu teɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Lewifoɔ kuo biara bɛsom wɔn nuanom a aka no* abusuafie baako. 6 Monkum Twam aboa no,+ monnwira mo ho, monsiesie mo ho mma mo nuanom, na monyɛ sɛdeɛ Yehowa asɛm a ɔnam Mose so kaeɛ no teɛ.”

7 Yosia de adwennini nkumaa ne mpɔnkye nkumaa baa sɛ wɔmfa mmɔ Twam afɔreɛ mma obiara a ɔwɔ hɔ. Ná ne nyinaa dodoɔ si 30,000, ne anantwie 3,000. Wei nyinaa firi ɔhene agyapadeɛ mu.+ 8 Ne mpanimfoɔ no nso de ayamyɛ afɔrebɔdeɛ baa sɛ wɔmfa mmɔ ayamyɛ afɔreɛ mma ɔman no ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ no. Hilkia,+ Sakaria, ne Yehiel, mpanimfoɔ a wɔwɔ nokorɛ Nyankopɔn no fie hɔ nso de Twam mmoa 2,600, ne anantwie 300 maa asɔfoɔ no sɛ wɔmfa mmɔ afɔreɛ. 9 Konania ne ne nuanom Semaia ne Netanel, ne Hasabia, Yeiel, ne Yosabad a wɔyɛ Lewifoɔ mpanimfoɔ no de Twam mmoa 5,000 ne anantwie 500 baa sɛ wɔmfa mmɔ afɔreɛ mma Lewifoɔ no.

10 Wɔwiee ahoboa no, asɔfoɔ no gyinagyinaa wɔn gyinabea, na Lewifoɔ no biara gyinaa ne kuo mu+ sɛdeɛ ɔhene ahyɛdeɛ teɛ. 11 Wɔkum Twam mmoa no,+ na asɔfoɔ no de mogya a wɔgyeeɛ no petepetee afɔrebukyia no so,+ na Lewifoɔ no nso dwaa mmoa no.+ 12 Afei wɔsiesiee ɔhyeɛ afɔreɛ no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛkyekyɛ ama ɔmanfoɔ no na wɔde akɔ Yehowa anim sɛdeɛ wɔatwerɛ no Mose nwoma mu no; saa na wɔyɛɛ anantwie no nso. Saa berɛ no, na wɔakyekyɛ ɔmanfoɔ no mu sɛdeɛ wɔn agyanom abusuafie teɛ. 13 Wɔnoaa* Twam afɔrebɔdeɛ no wɔ egya so sɛdeɛ ɛho amanneɛ teɛ;+ afɔrebɔdeɛ kronkron no nso wɔnoaa no asɛn ne nkukuo ne nyowa mu, na wɔyɛɛ ntɛm de brɛɛ ɔmanfoɔ no nyinaa. 14 Ɛno akyi no, wɔsiesiee bi maa wɔn ho ne asɔfoɔ no, ɛfiri sɛ asɔfoɔ no, Aaron asefoɔ no bobɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ na wɔhyee sradeɛ no kɔsii anadwo, enti Lewifoɔ no siesiee bi maa wɔn ho ne asɔfoɔ no, Aaron asefoɔ no.

15 Na Asaf mma nnwontofoɔ+ no kɔɔ wɔn nnwuma so sɛdeɛ Dawid,+ Asaf,+ Heman, ne Yedutan+ a na ɔyɛ ɔdehunufoɔ ma ɔhene no hyehyɛ too hɔ no; na apono ano ahwɛfoɔ no gyinagyinaa apono no nyinaa ano.+ Ná ɛho nhia sɛ wɔgyae wɔn nnwuma, ɛfiri sɛ wɔn nuanom Lewifoɔ no siesiee biribi maa wɔn. 16 Wɔsiesiee Yehowa som adwuma ho biribiara saa da no sɛ wɔrebɛdi Twam no+ na wɔabobɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ Yehowa afɔrebukyia no so sɛdeɛ Ɔhene Yosia kaa sɛ wɔnyɛ no.+

17 Israelfoɔ a wɔwɔ hɔ no dii Twam no saa berɛ no, na wɔdii Paanoo a Mmɔka* Nnim Afahyɛ no nso nnanson.+ 18 Ɛfiri odiyifoɔ Samuel berɛ so no, na wɔnnii Twam bi sɛ wei da wɔ Israel, na na Israel hene foforɔ biara nso nnii Twam no sɛdeɛ Yosia,+ asɔfoɔ no, Lewifoɔ no, Yudafoɔ, ne Israelfoɔ a wɔwɔ hɔ nyinaa ne Yerusalemfoɔ diiɛ no. 19 Yosia ahennie afe a ɛtɔ so 18 mu na wɔdii Twam yi.

20 Weinom nyinaa akyi, berɛ a Yosia siesiee asɔrefie* no wieeɛ no, Egypt hene Neko+ bɛdii ako wɔ Karkemis, Eufrate ho. Na Yosia kɔɔ sɛ ɔne no de rekɔsi ani.+ 21 Ɛnna ɔtuu abɔfoɔ kɔɔ ne nkyɛn sɛ: “Ɛdeɛn na me ne wo wɔ yɛ, Yuda hene? Ɛnyɛ wo so na mereba nnɛ, mmom ɔman foforo na me ne wɔn rekɔko, na Onyankopɔn aka akyerɛ me sɛ menyɛ no ntɛm. Wompɛ wo ho asɛm a, hwɛ na wo ne Onyankopɔn a ɔka me ho no anni asie, anyɛ saa a ɔbɛsɛe wo.” 22 Nanso Yosia annyae, na mmom ɔsakraa ne ho+ sɛ ɔne no rekɔko, na wantie Neko asɛm a ɛfiri Onyankopɔn anom no. Enti ɔkɔɔ Megido Asaasetraa so+ ne no kɔkoeɛ.

23 Na agyantofoɔ too agyan wɔɔ Ɔhene Yosia, na ɔhene no ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: “Momfa me mfiri ha nkɔ na mapira pira bɔne.” 24 Enti ne nkoa no yii no firii teaseɛnam no mu de no kɔɔ ne ko teaseɛnam a ɛtɔ so mmienu no mu, na wɔde no baa Yerusalem. Saa na ɛyɛeɛ a ɔwuiɛ, na wɔsiee no wɔ n’agyanom adamena mu.+ Yuda ne Yerusalem nyinaa suu Yosia. 25 Na Yeremia+ twaa Yosia ho awerɛhoɔ nnwom;* ɛnnɛ yi nyinaa, mmarima ne mmaa nnwontofoɔ no nyinaa+ da so bɔ Yosia din wɔ wɔn awerɛhoɔ nnwom mu; wɔhyɛɛ mmara sɛ wɔnto no Israel, na wɔatwerɛ aka wɔn awerɛhoɔ nnwom ho.

26 Yosia ho nsɛm a aka, ɔdɔ a ɛnni huammɔ a ɔdaa no adi sɛdeɛ wɔatwerɛ no Yehowa Mmara mu, 27 deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, ɛfiri mfitiaseɛ kɔsi awieeɛ no, wɔatwerɛ no Israel ne Yuda Ahemfo Nwoma no mu.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane