15 Ɛyɛ a momfa nnanson nni paanoo a mmɔka nnim.+ Da a ɛdi kan no, monyi mmɔka biara mfiri mo afie mu, ɛfiri sɛ onipa* biara a ɔbɛdi adeɛ a mmɔka wom firi da a ɛdi kan kɔsi da a ɛtɔ so nson no, wɔbɛku* no afiri Israelfoɔ mu.
3 Ɛnsɛ sɛ wode biribiara a emu ka ka ho di.+ Nnanson na di paanoo a mmɔka* nnim anaa ahoyera paanoo no, ɛfiri sɛ wode ahoperɛ na ɛfirii Egypt asaase so baeɛ.+ Yɛ saa fa kae da a wofirii Egypt no wo nkwa nna nyinaa.+
21 Enti Israelfoɔ a wɔbaa Yerusalem no de ahurisie kɛse dii Paanoo a Mmɔka Nnim Afahyɛ no nnanson,+ na Lewifoɔ ne asɔfoɔ no bɔɔ dwom dendeenden maa Yehowa da biara de yii Yehowa ayɛ.+