5 Mmom baabi a Yehowa mo Nyankopɔn bɛyi de ne din ato ama no ayɛ ne tenabea wɔ mmusuakuo no nyinaa mu no, ɛhɔ na momfa mo ani nkyerɛ, na ɛhɔ na monkɔ.+
10 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ nkɔdi mo aduane papa bi* na monnom adɔkɔdɔkɔdeɛ, na momfa bi+ nkɔma wɔn a wɔnni bi, ɛfiri sɛ ɛnnɛ yɛ da kronkron ma yɛn Awurade. Enti mommma mo werɛ nnho, na Yehowa mu anigyeɛ ne mo abandenden.”*