15 Ɛyɛ a momfa nnanson nni paanoo a mmɔka nnim.+ Da a ɛdi kan no, monyi mmɔka biara mfiri mo afie mu, ɛfiri sɛ onipa* biara a ɔbɛdi adeɛ a mmɔka wom firi da a ɛdi kan kɔsi da a ɛtɔ so nson no, wɔbɛku* no afiri Israelfoɔ mu.
18 “Monni Paanoo a Mmɔka* Nnim Afahyɛ+ no. Sɛdeɛ meka kyerɛɛ mo no, sɛ berɛ a mahyɛ wɔ bosome Abib*+ mu no duru a, monni paanoo a mmɔka nnim nnanson, ɛfiri sɛ bosome Abib mu na mofiri Egypt baeɛ. Ɛnsɛ sɛ obiara de nsapan ba m’anim.