Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 2 Berɛsosɛm 5
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

2 Berɛsosɛm Mu Nsɛntitire

      • Nhyehyɛeɛ a wɔyɛ de buee asɔrefie no ano (1-14)

        • Wɔde Adaka no baa asɔrefie hɔ (2-10)

2 Berɛsosɛm 5:1

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 6:38
  • +1Be 22:14
  • +1Ah 7:51; 1Be 26:26

2 Berɛsosɛm 5:2

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 6:12; 2Be 1:4
  • +1Ah 8:1, 2; Dw 2:6

2 Berɛsosɛm 5:3

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Kyerɛ sɛ, Apata Afahyɛ.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 23:34; 2Be 7:8

2 Berɛsosɛm 5:4

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 25:14; Nu 4:15; 1Ah 8:3-5; 1Be 15:2, 15

2 Berɛsosɛm 5:5

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “Lewifoɔ a wɔyɛ asɔfoɔ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 40:35; Nu 4:29, 31

2 Berɛsosɛm 5:6

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 6:13

2 Berɛsosɛm 5:7

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 6:20, 23; 8:6-9

2 Berɛsosɛm 5:8

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 25:14

2 Berɛsosɛm 5:10

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 34:1; 40:20
  • +Ex 19:1
  • +Ex 19:5; 24:7

2 Berɛsosɛm 5:11

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 19:10; Nu 8:21
  • +1Be 24:1

2 Berɛsosɛm 5:12

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hebri asɛmfua no kyerɛ nnadeɛ ntraantraa mmienu a wɔde bɔ nnwom. Wɔde bom a, ɛgyegye kyan-kyan.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 15:16
  • +1Be 6:31, 39
  • +1Be 6:31, 33
  • +1Be 16:41; 25:1, 6; 25:3
  • +1Be 15:24

2 Berɛsosɛm 5:13

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 16:34
  • +Ex 40:34, 35; 1Ah 8:10, 11

2 Berɛsosɛm 5:14

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 7:1, 2; Hes 10:4; Adi 21:23

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

2 Be. 5:11Ah 6:38
2 Be. 5:11Be 22:14
2 Be. 5:11Ah 7:51; 1Be 26:26
2 Be. 5:22Sa 6:12; 2Be 1:4
2 Be. 5:21Ah 8:1, 2; Dw 2:6
2 Be. 5:3Le 23:34; 2Be 7:8
2 Be. 5:4Ex 25:14; Nu 4:15; 1Ah 8:3-5; 1Be 15:2, 15
2 Be. 5:5Ex 40:35; Nu 4:29, 31
2 Be. 5:62Sa 6:13
2 Be. 5:71Ah 6:20, 23; 8:6-9
2 Be. 5:8Ex 25:14
2 Be. 5:10Ex 34:1; 40:20
2 Be. 5:10Ex 19:1
2 Be. 5:10Ex 19:5; 24:7
2 Be. 5:11Ex 19:10; Nu 8:21
2 Be. 5:111Be 24:1
2 Be. 5:121Be 15:16
2 Be. 5:121Be 6:31, 39
2 Be. 5:121Be 6:31, 33
2 Be. 5:121Be 16:41; 25:1, 6; 25:3
2 Be. 5:121Be 15:24
2 Be. 5:131Be 16:34
2 Be. 5:13Ex 40:34, 35; 1Ah 8:10, 11
2 Be. 5:142Be 7:1, 2; Hes 10:4; Adi 21:23
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
2 Berɛsosɛm 5:1-14

Berɛsosɛm Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu

5 Solomon wiee Yehowa fie no ho adwuma a ɔyɛeɛ no nyinaa.+ Ɛnna Solomon de nneɛma a ne papa Dawid yɛɛ no kronkron no baa mu;+ ɔde dwetɛ, sika kɔkɔɔ, ne nneɛma a aka no nyinaa bɛguu nokorɛ Nyankopɔn no fie adekora adan no mu.+ 2 Saa berɛ no, Solomon boaboaa Israel mpanimfoɔ ano, mmusuakuo mu atitire, ne Israelfoɔ agyanom abusuafie mpanimfoɔ nyinaa. Wɔbaa Yerusalem sɛ wɔrebɛfa Yehowa apam adaka no afiri Dawid Kuro mu,+ kyerɛ sɛ, Sion.+ 3 Israel mmarima nyinaa boaboaa wɔn ho ano baa ɔhene anim wɔ afahyɛ* a wɔdi no bosome a ɛtɔ so nson mu+ no ase.

4 Enti Israel mpanimfoɔ nyinaa bae, na Lewifoɔ no maa Adaka no so.+ 5 Asɔfoɔ ne Lewifoɔ* no de Adaka no, ahyiaeɛ ntomadan no,+ ne nneɛma kronkron a ɛwɔ ntomadan no mu nyinaa baeɛ. 6 Saa berɛ no, na Ɔhene Solomon ne Israel asafo a ɔfrɛɛ wɔn bae no nyinaa abɔ dwa wɔ Adaka no anim. Wɔde nnwan ne anantwie bɔɔ afɔreɛ,+ na na mmoa no dɔɔso ara ma wɔantumi ankan wɔn ankyerɛ wɔn dodoɔ. 7 Afei asɔfoɔ no de Yehowa apam adaka no baa ne siberɛ, pia mu pia no mu, Kronkron Mu Kronkronbea hɔ, na wɔde sii kerubim no ntaban ase.+ 8 Ná kerubim no atrɛtrɛ wɔn ntaban mu wɔ Adaka no so. Enti kerubim no ntaban kataa Adaka no ne nnua a ɛhyehyɛ ho no so.+ 9 Ná ɛho nnua no woware, enti sɛ obi wɔ Kronkronbea hɔ wɔ pia mu pia no anim a, ɔhu nnua no ti, nanso sɛ ɔwɔ abɔnten a, ɔnhunu; ɛhɔ na ɛwɔ de bɛsi nnɛ. 10 Ná hwee nni Adaka no mu, gye abopono mmienu a Mose de guu mu wɔ Horeb no;+ ɔde guu mu berɛ a Israelfoɔ firi Egypt reba+ a Yehowa ne wɔn yɛɛ apam no.+

11 Berɛ a asɔfoɔ no pue firii kronkronbea hɔ no (ná asɔfoɔ a wɔwɔ hɔ nyinaa adwira wɔn ho,+ ɛmfa ho kuo a wɔfiri mu),+ 12 Lewifoɔ nnwontofoɔ+ a wɔfiri Asaf,+ Heman,+ ne Yedutan mu+ ne wɔn mma ne wɔn nuanom nyinaa hyehyɛɛ nwera pa, na wɔmemaa nnawuro* ne asankuo ne asankuten so bɛgyinagyinaa afɔrebukyia no nifa so; ná asɔfoɔ 120 a wɔrehyɛn ntotorobɛnto ka wɔn ho.+ 13 Mmɛnhyɛnfoɔ ne nnwontofoɔ no de nne baako maa nnwom so de yii Yehowa ayɛ daa no ase; wɔbɔɔ abɛn, na wɔbobɔɔ nnawuro ne nnwontoɔ nneɛma foforɔ de daa Yehowa ase sɛ, “ɔyɛ na ne dɔ nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa.”+ Ɛhɔ ara na mununkum bɛhyɛɛ efie no, Yehowa fie no ma.+ 14 Mununkum no nti, asɔfoɔ no antumi annyina hɔ ansom, ɛfiri sɛ Yehowa animuonyam hyɛɛ nokorɛ Nyankopɔn no fie hɔ ma.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane